Ase Hɔ Asɛm
a Greek nkyerɛwde no, emu ketewa paa ne iota, na ɛne Hebri nkyerɛwde י (yod) sɛ. Wodii kan kyerɛw Mose Mmara no wɔ Hebri kasa mu. Wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no nso, wɔkyerɛw no Hebri mu. Enti ebetumi aba sɛ nea na Yesu reka ho asɛm no yɛ Hebri nkyerɛwde no.