Ase Hɔ Asɛm
a Nnipa pii nnim sɛ asɛm a ɛwɔ Yohane 7:53–8:11 a ɛwɔ Bible ahorow bi mu no, ɛnka mfitiase nkyerɛwee a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee no ho, na mmom nkurɔfo na ɛde aka ho. Ebinom kenkan saa asɛm no a, wɔkyerɛ sɛ obi a ɔnyɛɛ bɔne da nkutoo na obetumi abu obi fɔ sɛ wasɛe aware. Nanso mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no kae sɛ: “Sɛ wohu sɛ ɔbarima bi ne obi yere ada a, ɛsɛ sɛ wɔn baanu wu.”—Deut. 22:22.