Ase Hɔ Asɛm
b ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Yehowa de biribi duaa yɛn mu a ɛma yetumi pɛɛpɛɛ yɛn nsusuwii, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne yɛn nneyɛe mu, na afei yebu yɛn ho atɛn. Saa ade a Yehowa de duaa yɛn mu no, ɛno na Bible frɛ no ahonim. (Rom. 2:15; 9:1) Ahonim a yɛde Bible atete no no, ɛyɛ ahonim a ɛde Yehowa gyinapɛn a ɛwɔ Bible mu yɛ adwuma de pɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ sɛ yɛn nsusuwii, nea yɛyɛ, anaa nea yɛka yɛ papa anaa bɔne.