Ase Hɔ Asɛm
a Dɛn ne mũdi? Adɛn nti na sɛ Yehowa asomfo da saa su yi adi a, n’ani sɔ? Adɛn nti na ehia sɛ yɛn mu biara kura ne mũdi mu? Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae a efi Bible mu. Afei nso, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu ɔkwan pa a yɛbɛfa so ahyɛ yɛn ho den na ama yɛatumi akura yɛn mũdi mu da biara da. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya nhyira pii.