Ase Hɔ Asɛm
a Wɔamfa ahobrɛase anwo yɛn mu biara. Ɛsɛ sɛ yesua ahobrɛase. Ebia yebehu sɛ, sɛ yɛne nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe reyɛ ade a, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase, nanso sɛ yɛne wɔn a wɔyɛ ahantan reyɛ ade a, ebia yebehu sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nsɛnnennen bi a ebehia sɛ yedi so ansa na yɛatumi anya suban pa a ɛne ahobrɛase.