Ase Hɔ Asɛm
b NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Ahobrɛase. Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase ne afoforo di no ayamye so, na sɛ afoforo hyɛ wɔn abufuw mpo a, wɔnyɛ basabasa. Afei nso nnipa a wɔwɔ ahobrɛase nyɛ ahantan anaa ahomaso; wobu afoforo sɛ wɔkyɛn wɔn. Sɛ yɛka sɛ Yehowa brɛ ne ho ase a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔne nkurɔfo a ɔkorɔn kyɛn wɔn koraa di no ɔdɔ ne mmɔborɔhunu so.