Ase Hɔ Asɛm
c Asafo mu mpanyimfo nni ho kwan sɛ wɔhyehyɛ mmara fa anigyede ho. Mmom, sɛ Kristoni biara repɛ nea ɔbɛkenkan, nea ɔbɛhwɛ, anaa agorɔ a obedi a, ɛsɛ sɛ ɔde n’ahonim a ɔde Bible atete no no yɛ adwuma. Mmusua ti a wɔn ani da hɔ ma Bible nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan bere a wɔrepaw nneɛma a wɔn abusua de begyigye wɔn ani no.—Kɔ jw.org® na hwɛ asɛm a wɔato din “Sini ne Nhoma ne Nnwom Bi Wɔ Hɔ a Mobara Anaa?” wɔ YƐN HO NSƐM > NSƐM A NKURƆFO TAA BISA.