Ase Hɔ Asɛm
b “Kitawala” yɛ Swahili kasa a ɛkyerɛ “sɛ́ wobɛhyɛ obi so, wobɛma no akwankyerɛ, anaa wubedi no so tumi.” Ná wɔde saa kuw no yɛ amanyɔsɛm; na wɔpɛ sɛ wonya fahodi fi Belgium nsam. Kitawala akuw no nsa kaa Yehowa Adansefo nhoma, wosuae, na wɔkyekyɛɛ bi. Adwene a na wokura wɔ amanyɔsɛm ho, wɔn amammerɛ a na egyina gyidihunu so, ne ɔbrasɛe ho adwene a na wɔwɔ no, wokyinkyim Bible nkyerɛkyerɛ de foaa so.