Ase Hɔ Asɛm
f Afei nso, ahyehyɛde ahorow te sɛ mmabun akuw anaa anigyebea a atoro som ahyehyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Ebi ne YMCA (Kristofo Mmerante Fekuw) ne YWCA (Kristofo Mmabaa Fekuw). Ɛwom, ebia YMCA anaa YWCA fekuw ahorow a ɛwɔ baabi a wowɔ no bɛka sɛ wɔn dwumadi no mfa nyamesom ho ankasa, nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ ahyehyɛde a ɛhyɛ atoro som nkyerɛkyerɛ ne atoro som botae ahorow ho nkuran.