Ase Hɔ Asɛm
a Yesu too nsa frɛɛ mpataayifo bi sɛ wɔmmɛyɛ n’asuafo. Wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, na wɔwɔ ahobrɛase, na na wɔpɛ adwuma. Ɛnnɛ, Yesu da so ara reto nsa frɛ nkurɔfo a wɔte saa sɛ wɔmmɛyɛ nnipa yifo. Bible asuafo bi wɔ hɔ a, wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobetie asɛm a Yesu kae sɛ yɛmmɛyɛ nnipa yifo no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔatumi adi Yesu asɛm no so.