Ase Hɔ Asɛm
a Awofo a wɔyɛ Kristofo pɛ sɛ wɔn mma nyin a, wɔsom Yehowa na wɔn ani gye. Gyinae bɛn na awofo sisi a, ebetumi aboa wɔn mma ama wɔasom Yehowa? Gyinae bɛn na ehia sɛ mmabun a wɔyɛ Kristofo sisi na ama asi wɔn yiye wɔ asetena mu? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu.