Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ woboa obi ma ɔsesa “sɛnea osusuw nneɛma ho, sɛnea ɔte nka ne sɛnea ɔyɛ n’ade a,” ɛno na ɛkyerɛ sɛ wakyerɛkyerɛ no. Afe 2020 afe asɛm a ɛwɔ Mateo 28:19 no kae yɛn sɛ, ehia paa sɛ yɛne afoforo sua Bible na yɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔbɔ asu bɛyɛ Yesu Kristo asuafo. Sɛnea saa adwuma no ho hia nti, adesua yi ne nea edi hɔ mu no, yebesua sɛnea yebetumi ayɛ no yiye.