Ase Hɔ Asɛm
a Yesu kaa sɛ, dɔ a n’akyidifo bɛdodɔ wɔn ho no na ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ wɔyɛ n’asuafo. Yɛn nyinaa rebɔ mmɔden sɛ yɛde saa asɛm no bɛyɛ adwuma. Sɛ yebetumi ahyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma anuanom no mu den a, ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yɛpɛ wɔn asɛm paa. Ɛno kyerɛ sɛ, sɛnea yɛdɔ yɛn abusuafo a wɔbɛn yɛn paa no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛapɛ yɛn nuanom Kristofo asɛm paa.