Ase Hɔ Asɛm
a Yɛn mu biara nni hɔ a onni haw. Emu bebree wɔ hɔ a ano aduru nni hɔ. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebemia yɛn ani agyina ano. Nanso, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛrefa ɔhaw a ɛtete saa mu. Nea Yehowa nso refa mu nyɛ ade ketewa. Adesua yi mu no, yɛbɛka emu nkron ho asɛm. Afei nso, sɛnea Yehowa agyina ɔhaw a ɛtete saa ano no, yɛbɛhwɛ nea afi mu aba ne sɛnea yebesuasua no.