Ase Hɔ Asɛm
a Ebia woate pɛn sɛ obi a ɔde mfe pii asom Yehowa reka sɛ, ‘Manhwɛ kwan da sɛ wiase bɔne yi bɛtena hɔ abesi saa bere yi.’ Esiane sɛ mmere a yɛte mu yi mu yɛ den nti, ɛkaa yɛn nko a anka Yehowa de awiei no aba. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya abotare. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ntoboase atwɛn Yehowa. Afei nso, nneɛma a ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn ma Yehowa yɛ ho biribi no, yebesusuw emu mmienu ho. Nea etwa to no, yɛbɛhwɛ nhyira a wɔn a wɔbɛtɔ wɔn bo ase atwɛn Yehowa no benya.