Ase Hɔ Asɛm
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi abɔ Yehowa mpae fi ne mmofraase tɔnn. Ɔyɛ abofra koraa na n’awofo kyerɛɛ no sɛnea ɔbɛbɔ mpae. Bere a ɔyɛ ababaa no, ofii ase yɛɛ akwampae adwuma, na na ɔtaa bɔ Yehowa mpae sɛ onhyira asɛnka adwuma a ɔreyɛ no so. Mfe pii akyi, ne kunu yaree paa na ɔsrɛɛ Yehowa denneennen sɛ ɔnhyɛ no den na ontumi nnyina sɔhwɛ no ano. Ɛnnɛ, ɔyɛ okunafo na ɔda so ara bɔ mpae, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ n’Agya a ɔwɔ soro no bebua ne mpae sɛnea wayɛ ama no wɔ n’asetena nyinaa mu no.