Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ obi a wodɔ no gyae Yehowa som a, anhwɛ a wo koma bɛtew! Adesua yi mu no, yebehu sɛnea Onyankopɔn te nka bere a asɛm a ɛte saa asi no. Ɛbɛma yɛahu nneɛma bi a abusuafo a aka no betumi ayɛ de agyina yaw no ano, ne nea wobetumi ayɛ de ahyɛ wɔn gyidi den. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea asafo no mufo nyinaa betumi ayɛ de akyekye abusuafo no werɛ, na wɔaboa wɔn.