Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ nkurɔfo tie asɛmpa no a ɛma yɛn ani gye, na sɛ wɔantie a etumi yɛ yɛn yaw. Ebia na wo ne obi resua Bible, nanso onnya nkɔso biara. Ebi nso a, w’ankasa wommoaa obiara ma ɔmmɔɔ asu da. So wei kyerɛ sɛ wo mmɔdenbɔ nsɔ Yehowa ani anaa? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea ɛkyerɛ sɛ obi som adwuma rekɔ yiye. Afei nso yebehu sɛ, sɛ nkurɔfo tie yɛn oo, sɛ wɔantie yɛn oo, yɛn ani betumi agye.