Ase Hɔ Asɛm
a Yɛdɔ Yehowa paa, na yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani. Yehowa yɛ kronkron, na ɔpɛ sɛ n’asomfo nso yɛ kronkron. So nnipa a bɔne wɔ wɔn ho betumi ayɛ kronkron ama ayɛ yiye? Yiw, wobetumi. Afotu a ɔsomafo Petro de maa ne mfɛfo gyidifo ne Yehowa akwankyerɛ a ɔde maa tete Israel no, sɛ yɛtɔ yɛn bo ase pɛɛpɛɛ mu a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ kronkron wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu.