Ase Hɔ Asɛm
a Mmarima, mmea, ne mmofra ɔpepem pii de nsi ne ahokeka reka asɛmpa no nnɛ. Woka wɔn ho anaa? Sɛ saa a, ɛnde na woreyɛ adwuma wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo akwankyerɛ ase. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ, asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nnɛ no, Yesu na ɔrehwɛ so. Sɛ yedwinnwen saa asɛm yi ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so asom Yehowa wɔ Kristo akwankyerɛ ase.