Ase Hɔ Asɛm
a Hokwan a yɛanya de bɔ Yehowa mpae no, ɛsom bo ma yɛn paa. Yɛpɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ sɛ aduhuam na ɛsɔ Yehowa ani. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma a ɛfata a yebetumi abɔ ho mpae no bi. Afei nso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yedi anim bɔ mpae a, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a ɛsɛ sɛ yɛkae.