Ase Hɔ Asɛm
a Nnipa bebree fam no, ɛyɛ den sɛ wobenya anigye a edi mu, efisɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ no no, ɛnyɛ hɔ na wɔhwɛ. Mmom wosusuw sɛ anigyede, sika, anuonyam, anaa tumi na ɛbɛma wɔn ani agye. Nanso Yesu wɔ asaase so no, ɔkyerɛɛ nea nnipa yɛ a ɛbɛma wɔn ani agye. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛbɛboa yɛn ama yɛanya anigye a edi mu.