Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ oo, sɛ yɛbaa mu nkyɛe oo, yɛn nyinaa betumi ayere yɛn ho akɔ yɛn anim. Adesua yi bɛma yɛahu ɔkwan titiriw a yebetumi afa so ayɛ saa. Ɛne sɛ, yɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne afoforo no akɔ so anyin. Sɛ woresua adesua asɛm yi a, hwɛ nkɔso a woanya dedaw, na hwɛ nea wubetumi ayɛ na ama wo dɔ no akɔ so anyin.