Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ wiase yi tetew pansam sɛ dɛn mpo a, yebetumi anya ahotoso sɛ mmere pa da yɛn anim. Bible nkɔmhyɛ na ɛma yenya saa ahotoso no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yesua Bible nkɔmhyɛ. Afei nso, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no, yebesusuw mmienu ho tiawa. Bio nso, sɛ yɛte saa nkɔmhyɛ no ase a, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛbɛboa yɛn.