Ase Hɔ Asɛm
b Hesekiel 37:1-14 ne Adiyisɛm 11:7-12 nyinaa ka biribi a esii afe 1919 ho asɛm. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 37:1-14 no fa Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa a wɔsan baa nokware som mu afe 1919 no ho. Ná wɔakɔyɛ nkoa bere tenteenten. Nanso, Adiyisɛm 11:7-12 ka anuanom bi a wɔsɔre gyinaa wɔn nan so afe 1919 ho asɛm. Ɛyɛ anuanom kuw ketewaa bi a wɔasra wɔn a wodi Onyankopɔn nkurɔfo anim. Ɛyɛɛ sɛnea wɔabubu saa anuanom no aprɛ; wɔantumi anyɛ hwee kosii bere bi.