Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ yɛhwɛ Adiyisɛm nhoma no mu a, wɔde Babilon Kɛse anaa “tuutuuni kɛse” no gyina hɔ ma atorosom. (Adiyisɛm 17:1, 5) Aboa kɔkɔɔ a ɔbɛsɛe Babilon Kɛse no, ogyina hɔ ma ahyehyɛde bi. Saa ahyehyɛde no, ne botae ne sɛ ɛbɛka aman a ɛwɔ wiase no abom na ayɛ kasamafo ama wɔn. Kan no, na wɔfrɛ no Amanaman Apam, na seesei de wɔfrɛ no Amanaman Nkabom.