Ase Hɔ Asɛm
a Ɔbenfo Robert L. Thomas nso kyerɛw biribi faa nɔma 144,000 a ɛwɔ Adiyisɛm 7:4 no ho. Ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ nɔma a egyina hɔ ma nnipa dodow pɔtee bi, ɛnna 7:9 no nso ka nnipa bi a wɔn dodow nni ano ho asɛm. Sɛ yɛka sɛ nɔma 144,000 no gyina hɔ ma biribi a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ nɔma biara a ɛwɔ nhoma no mu nso gyina hɔ ma biribi.”—Revelation 1-7: An Exegetical Commentary, kratafa 474.