Memeneda, October 18
Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.—Luka 11:9.
Wuhia abotare pii anaa? Sɛ saa a, ɛnde bɔ mpae hwehwɛ bi. Abotare ka honhom aba no ho. (Gal. 5:22, 23) Enti yebetumi abɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron, na yɛasrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yennya honhom no aba no. Sɛ yehyia tebea bi a ɛma ɛyɛ den sɛ yebenya abotare a, ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so bisa’ Yehowa sɛ ɔmfa honhom kronkron mmoa yɛn mma yennya abotare. (Luka 11:13) Yebetumi nso asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenhu nneɛma sɛnea ohu no no. Afei yɛbɔ mpae wie a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebenya abotare da biara. Sɛ yɛkɔ so bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya abotare, na yɛn ankasa nso yere yɛn ho a, nkakrankakra abotare bɛba abɛyɛ yɛn suban. Yedwinnwen Bible mu nhwɛso ahorow nso ho a, ɛboa. Nnipa a na wɔwɔ abotare no, wɔn mu pii ho asɛm wɔ Bible mu. Sɛ yedwinnwen saa nkurɔfo no nhwɛso ho a, ebetumi ama yɛahu nea yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ abotare. w23.08 22-23 ¶10-11
Kwasida, October 19
Mungu mo asau no mfa nyi nam. —Luka 5:4.
Yesu maa ɔsomafo Petro nyaa awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa no. Bere a Yesu nyan fii awufo mu no, ɔyɛɛ anwanwade foforo maa Petro ne asomafo a aka no san yii mpataa bebree. (Yoh. 21:4-6) Ɛda adi sɛ, saa anwanwade yi maa Petro nyaa awerɛhyem sɛ, nneɛma a ohia wɔ n’asetenam no, ɛnyɛ den koraa sɛ Yehowa betumi ama ne nsa aka. Ɛbɛyɛ sɛ wei maa Petro kaee Yesu asɛm a ɛne sɛ, wɔn a wɔkɔ ‘so hwehwɛ Ahenni no kan’ no, Yehowa bɛma wɔn nsa aka nea wɔhia. (Mat. 6:33) Wei nti, Petro de asɛnka adwuma no na edii kan wɔ n’asetenam, na ɛnyɛ mpataayi adwuma no. Pentekoste afe 33 Y.B. no, ɔde akokoduru dii adanse, na ɛboaa nnipa mpempem ma wɔtiee asɛmpa no. (Aso. 2:14, 37-41) Ɛno akyi no, ɔboaa Samariafo ne nnipa a wɔnyɛ Yudafo ma wɔbedii Kristo akyi. (Aso. 8:14-17; 10:44-48) Wei ma yehu sɛ Yehowa de Petro dii dwuma paa; ɔboaa nnipa ahorow nyinaa bi ma wɔbaa asafo no mu. w23.09 20 ¶1; 23 ¶11
Dwoda, October 20
Sɛ moanka ɔdae no ankyerɛ me, na moankyerɛ ase a, wobetwitwa mo mu asinasin.—Dan. 2:5.
Babilonfo sɛee Yerusalem no, ɛbɛyɛ sɛ mfe mmienu akyi no, Babilon hene Nebukadnesar soo dae huhuuhu bi a ɛfa ohoni kɛse bi ho. Ɔka kyerɛɛ n’anyansafo nyinaa a Daniel nso ka ho sɛ, sɛ wɔantumi anka dae a ɔsoe no ankyerɛ no, na wɔankyerɛ ase a, obekunkum wɔn nyinaa. (Dan. 2:3-5) Ná ɛsɛ sɛ Daniel yɛ ho biribi ntɛm, anyɛ saa a na nkurɔfo bewu. Ɔkɔɔ “ɔhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere na ɔmmɛkyerɛ ase nkyerɛ ɔhene.” (Dan. 2:16) Wei kyerɛ sɛ na Daniel wɔ akokoduru ne gyidi. Biribiara nni hɔ a na ɛkyerɛ sɛ Daniel akyerɛ dae ase pɛn. Ɔka kyerɛɛ ne nnamfo no sɛ, “wɔmmɔ ɔsoro Nyankopɔn no mpae na onhu wɔn mmɔbɔ wɔ ahintasɛm yi ho.” (Dan. 2:18) Yehowa tiee saa mpaebɔ no. Onyankopɔn boaa Daniel ma otumi kyerɛɛ Nebukadnesar dae no ase. Ɛno nti, Daniel ne ne nnamfo no anhwere wɔn nkwa. w23.08 2 ¶4