Dwoda, October 20
Sɛ moanka ɔdae no ankyerɛ me, na moankyerɛ ase a, wobetwitwa mo mu asinasin.—Dan. 2:5.
Babilonfo sɛee Yerusalem no, ɛbɛyɛ sɛ mfe mmienu akyi no, Babilon hene Nebukadnesar soo dae huhuuhu bi a ɛfa ohoni kɛse bi ho. Ɔka kyerɛɛ n’anyansafo nyinaa a Daniel nso ka ho sɛ, sɛ wɔantumi anka dae a ɔsoe no ankyerɛ no, na wɔankyerɛ ase a, obekunkum wɔn nyinaa. (Dan. 2:3-5) Ná ɛsɛ sɛ Daniel yɛ ho biribi ntɛm, anyɛ saa a na nkurɔfo bewu. Ɔkɔɔ “ɔhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere na ɔmmɛkyerɛ ase nkyerɛ ɔhene.” (Dan. 2:16) Wei kyerɛ sɛ na Daniel wɔ akokoduru ne gyidi. Biribiara nni hɔ a na ɛkyerɛ sɛ Daniel akyerɛ dae ase pɛn. Ɔka kyerɛɛ ne nnamfo no sɛ, “wɔmmɔ ɔsoro Nyankopɔn no mpae na onhu wɔn mmɔbɔ wɔ ahintasɛm yi ho.” (Dan. 2:18) Yehowa tiee saa mpaebɔ no. Onyankopɔn boaa Daniel ma otumi kyerɛɛ Nebukadnesar dae no ase. Ɛno nti, Daniel ne ne nnamfo no anhwere wɔn nkwa. w23.08 2 ¶4
Benada, October 21
Nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.—Mat. 24:13.
Sɛ yenya abotare a, nhyira a yenya no, dwinnwen ho. Sɛ yɛwɔ abotare a, yɛn ani gye paa na yɛn koma tɔ yɛn yam. Enti sɛ yɛwɔ abotare a, ebetumi ama yɛanya apɔwmuden. Sɛ yenya afoforo ho abotare nso a, ɛma yɛne wɔn ntam yɛ kama. Ɛma baakoyɛ nso tena yɛn asafo mu. Sɛ obi gyigye yɛn, na yɛamma yɛn bo amfuw ntɛm a, ebetumi adwudwo asɛm no ano na anyɛ kɛse. (Dw. 37:8, ase hɔ asɛm; Mmeb. 14:29) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua yɛn soro Agya no, na ɛma yɛbɛn no paa. Anokwa, abotare yɛ suban a ɛyɛ fɛ paa, na ɛso wɔ mfaso! Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya abotare, nanso Yehowa mmoa so nti, yebetumi akɔ so anya abotare. Afei nso, bere a yɛanya abotare retwɛn sɛ wiase foforo no bɛba no, yebetumi anya ahotoso sɛ “Yehowa hwɛ wɔn a wosuro no no so; wɔn a wɔtwɛn ne dɔ a enni huammɔ no, ɔhwɛ wɔn so.” (Dw. 33:18) Momma yɛn nyinaa nsi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so de abotare ayɛ ataade ahyɛ. w23.08 22 ¶7; 25 ¶16-17
Wukuda, October 22
‘Gyidi nso, sɛ nnwuma nka ho a, na awu.’—Yak. 2:17.
Yakobo kyerɛɛ mu sɛ, ebia ɔbarima bi bɛka sɛ ɔwɔ gyidi, nanso nnwuma a ɛka ho no wɔ he? (Yak. 2:1-5, 9) Afei nso, Yakobo kaa sɛ, obi huu ‘onuabarima anaa onuabea bi a onni ataade a ɔbɛhyɛ ne aduan,’ nanso wammoa no. Sɛ saa nipa no ka sɛ ɔwɔ gyidi mpo a, yehu sɛ nnwuma nka ho, enti ɛnyɛ gyidi papa. (Yak. 2:14-16) Yakobo kaa sɛ, Rahab de nnwuma kaa ne gyidi ho. (Yak. 2:25, 26) Ná wate Yehowa ho asɛm, na ogye dii sɛ ɔtaa Israelfo no akyi. (Yos. 2:9-11) Ɔde nnwuma kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi—bere a na Israelfo akwansrafo mmienu bi nkwa da asiane mu no, ɔbɔɔ wɔn ho ban. Wei nti, Yehowa buu Rahab a na bɔne wɔ ne ho no sɛ ɔtreneeni, sɛnea obuu Abraham ɔtreneeni no. Rahab nhwɛso no si so dua sɛ, sɛ yɛwɔ gyidi a, ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka ho. w23.12 5-6 ¶12-13