Memeneda, November 8
[Ɔdɔ te] sɛ ogya a ɛredɛw brambrambram, Yah gyaframa. Nsu a ɛrebu fa so rentumi nnum ɔdɔ, na nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.—Nmd. 8:6, 7.
Ɔdɔ kann ho nkyerɛkyerɛmu yi yɛ dɛ paa! Saa asɛm no ma awarefo nya awerɛhyem sɛ wɔbetumi adodɔ wɔn ho afebɔɔ. Sɛ awarefo bi bɛdɔ wɔn ho afebɔɔ a, egyina wɔn so. Yɛmfa anyina a yɛde asɔ gya nyɛ nhwɛso. Sɛ ogya no betumi adɛw bere nyinaa a, ɛwɔ hɔ ara a ɛsɛ sɛ yɛde anyina no bi hyehyɛ mu. Sɛ yɛanyɛ saa a, nkakrankakra ogya no bedum. Ɔdɔ a ɛwɔ okunu ne ɔyere ntam nso, saa ara na ɛte. Sɛ emu betumi ayɛ den afebɔɔ a, gye sɛ wɔyɛ ho adwuma. Ɛtɔ da a, awarefo bi betumi ate nka sɛ wɔn dɔ ano redwo, ɛnkanka bere a wɔn sikasɛm nkɔ yiye, yare reteetee wɔn anaa wɔrehyia abatete mu haw. Enti sɛ “Yah gyaframa” no bɛkɔ so adɛw wɔ aware bi mu a, ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara yere ne ho fa Yehowa adamfo denneennen. w23.05 20-21 ¶1-3
Kwasida, November 9
Nsuro.—Dan. 10:19.
Sɛ yebenya akokoduru a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ? Yɛn awofo betumi ahyɛ yɛn nkuran sɛ yennya akokoduru, nanso akokoduru nte sɛ abusua agyapade bi a wɔde gyaw nkyirimma. Akokoduru a obi benya no te sɛ nea ɔresua biribi foforo afi ɔkyerɛkyerɛfo bi hɔ. Ɔkwan baako a obetumi afa so asua no yiye ne sɛ, ɔbɛto ne bo ase ahwɛ onii a ɔrekyerɛ no no, na wasuasua no. Saa pɛpɛɛpɛ na akokoduru a yebenya no nso te; ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase hwɛ sɛnea afoforo da akokoduru adi na yesuasua wɔn. Sɛnea Daniel yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yesua Onyankopɔn Asɛm no yiye. Ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa fa adamfo denneennen, kyerɛ sɛ, yɛbɛbɔ no mpae daa, na yɛaka sɛnea yɛte nka akyerɛ no. Afei nso, ɛsɛ sɛ yegye Yehowa di, na yenya awerɛhyem sɛ ɔtaa yɛn akyi. Ɛba saa na yehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ a, yebenya akokoduru. Nnipa a wɔwɔ akokoduru no, ɛyɛ a nkurɔfo bu wɔn. Afei nso, wɔn akokoduru no tumi twetwe komapafo ba Yehowa nkyɛn. Ampa, yɛda akokoduru adi a, mfaso wɔ so paa. w23.08 2 ¶2; 4 ¶8-9
Dwoda, November 10
Monhwehwɛ nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa.—1 Tes. 5:21.
Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘monhwehwɛ mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware’ no, na wɔde ka sɛnea wɔsɔ nneɛma bi te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ hwɛ ho asɛm. Enti, sɛ yɛte asɛm bi anaa yɛkan asɛm bi a, ehia sɛ yɛhwehwɛ mu hwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa. Bere a ahohiahia kɛse no rebobɔ ba no, ebehia paa sɛ yɛyɛ saa. Sɛ́ anka yebegye biribiara a afoforo bɛka adi no, ɛsɛ sɛ yɛde nhumu yɛ adwuma; nea yɛte anaa yɛkenkan no, ɛsɛ sɛ yɛde toto nea Bible ne Yehowa ahyehyɛde no ka ho hwɛ. Yɛyɛ saa a, atosɛm a efi ahonhommɔne hɔ biara rennaadaa yɛn. (Mmeb. 14:15; 1 Tim. 4:1) Yenim sɛ Onyankopɔn asomfo benya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu. Nanso, yɛn mu biara nnim nea ebesi ɔkyena. (Yak. 4:14) Ne nyinaa mu no, sɛ yɛde yɛn ani kann betwa ahohiahia kɛse no oo, sɛ yebewu ansa na aba oo, sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, ɔbɛma yɛn daa nkwa. Momma yɛn nyinaa mfa yɛn ani nsi yɛn anidaso a enni huammɔ no so, na yensiesie yɛn ho mma Yehowa da no! w23.06 13 ¶15-16