Beresosɛm Nhoma a Edi Kan
26 Apon ano ahwɛfo+ mu nkyekyɛm ni: Kora asefo mu, Asaf aseni Kore ba Meselemia.+ 2 Meselemia mma ni: Sakaria ne abakan, Yediael to so abien, Sebadia to so abiɛsa, Yatniel to so anan, 3 Elam to so anum, Yehohanan to so asia, Elieho-Enai to so ason. 4 Obed-Edom mma ni: Semaia ne abakan, Yehosabad to so abien, Yoa to so abiɛsa, Sakar to so anan, Netanel to so anum, 5 Amiel to so asia, Isakar to so ason, Peuletai to so awotwe; mma yi na Onyankopɔn de hyiraa no.
6 Na ne ba Semaia nso, ɔwoo mma mmarima, na wodii wɔn agyanom abusuafi so, efisɛ na wɔyɛ mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden. 7 Semaia mma ni: Otni, Refael, Obed, ne Elsabad; ɔne ne nuanom Elihu ne Semakia; wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden. 8 Eyinom nyinaa yɛ Obed-Edom asefo; wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom yɛ Obed-Edom fifo, mmarima mmɔdenbɔfo 62 a wobetumi ayɛ adwuma no. 9 Meselemia+ mma ne ne nuanom yɛ mmarima mmɔdenbɔfo 18. 10 Hosa a ofi Merari asefo mu mma ni: Simri na na ɔyɛ wɔn so panyin; ná ɔnyɛ abakan nanso ne papa de no yɛɛ wɔn so panyin; 11 Hilkia to so abien, Tebalia to so abiɛsa, Sakaria to so anan. Hosa mma ne ne nuanom nyinaa yɛ 13.
12 Apon ano ahwɛfo a wɔakyekyɛ wɔn mu yi, mpanyimfo no ne wɔn nuanom nyinaa yɛɛ adwuma koro; wɔsomee wɔ Yehowa fi. 13 Enti sɛnea wɔn agyanom abusuafi te no, akumaa oo, ɔkɛse oo, wɔhwɛɛ ho bɔɔ ntonto+ kyekyɛɛ apon ano hwɛ adwuma no maa wɔn. 14 Bere a wɔbɔɔ ntonto no, apuei fam de no kodii Selemia nsam. Atifi fam de no nso, wɔbɔɔ ntonto ma ekodii ne ba Sakaria, ɔfotufo a ɔwɔ nhumu no nsam. 15 Obed-Edom nyaa anaafo fam de no, na ne mma+ no nso nyaa adekora adan no. 16 Supim ne Hosa+ nyaa atɔe fam, faako a ɛbɛn Saleket Pon a ɛda ɔkwantempɔn a ɛforo kɔ kurow no mu no; awɛmfo kuw baako gyina ha a, na awɛmfo kuw baako nso gyina ha; 17 Ná Lewifo baasia wɔ apuei fam; atifi fam ne anaafo fam nso, da biara na baanan wɔ hɔ. Adekora adan no+ ho nso, awɛmfo baanu wɔ ha a, na baanu wɔ ha; 18 atɔe abrannaa no fam nso, baanan wɔ ɔkwantempɔn+ no so, na baanu wɔ abrannaa no so. 19 Saa na wɔkyekyɛɛ apon ano ahwɛfo a wɔyɛ Kora asefo ne Merari asefo no mu.
20 Lewifo mu no, Ahiya na na ɔhwɛ nokware Nyankopɔn no fi akorade ne akorade a wɔayɛ no kronkron*+ no so. 21 Ladan asefo, kyerɛ sɛ, Gerson asefo a wofi Ladan mu, agyanom abusuafi mpanyimfo a wofi Gersonni Ladan mu ne Yehieli+ 22 ne Yehieli mma Setam ne ne nua Yoel. Wɔn na wɔhwɛɛ Yehowa fi akorade so.+ 23 Amramfo, Yisarfo, Hebronfo, ne Usielfo+ mu no, 24 na Mose ba Gersom ba Sebuel na ɔda adekora adan so ahwɛfo no ano. 25 Ne nuanom mu no, ne nua Elieser+ ba ne Rehabia,+ ɔno nso ba ne Yesia, ɔno nso ba ne Yoram, ɔno nso ba ne Sikri, ɔno nso ba ne Selomot. 26 Selomot yi ne ne nuanom na wɔhwɛɛ akorade a wɔayɛ no kronkron no nyinaa so,+ nea Ɔhene Dawid+ ne agyanom abusuafi mpanyimfo,+ ne apem apem ne ɔhaha so ahwɛfo, ne asahene no yɛɛ no kronkron no. 27 Ɔko mu+ nneɛma a wonyae no,+ wɔyɛɛ no kronkron sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fi. 28 Biribiara a ɔdehwɛfo Samuel+ ne Kis ba Saul ne Ner ba Abner+ ne Seruia+ ba Yoab+ yɛɛ no kronkron nso ka ho. Biribiara a obiara yɛɛ no kronkron no, wɔde hyɛɛ Selomit ne ne nuanom nsa.
29 Yisarfo+ mu no, Kenania ne ne mma yɛɛ wɔn nnwuma wɔ abɔnten; ná wɔyɛ mpanyimfo ne atemmufo+ wɔ Israel.
30 Hebronfo+ mu no, Hasabia ne ne nuanom, mmarima mmɔdenbɔfo 1,700 na na wɔdeda Yehowa adwuma ne ɔhene som adwuma nyinaa ano wɔ Israel nkurow a ɛwɔ Yordan atɔe fam no mu. 31 Hebronfo mu no, Yeriya+ na na ɔyɛ Hebronfo awo ntoatoaso ne agyanom abusuafi panyin. Dawid ahenni afe a ɛto so 40 mu no,+ wɔhwehwɛɛ Hebronfo no mu, na wonyaa mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Yaser+ a ɛwɔ Gilead. 32 Ná ne nuanom yɛ mmarima mmɔdenbɔfo 2,700 a wɔyɛ agyanom abusuafi mpanyimfo. Enti Ɔhene Dawid de wɔn totoo Rubenfo, Gadfo, ne Manase abusuakuw fã no ano sɛ biribiara a ɛfa nokware Nyankopɔn som ne ɔhene ho no, wɔnhwɛ so.