Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Suro Yehowa, Mpaebɔ Tiefo No
    Ɔwɛn-Aban—1990 | May 15
    • So Wokae?

      ◻ Hena na ɛsɛ sɛ yɛfa no so kɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu, na dɛn ntia?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ yɛ hokwan a ɛnyɛ obiara na onya?

      ◻ Sɛ́ ‘wɔbɔ mpae wɔ honhom kronkron mu’ no kyerɛ dɛn?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi afi Kyerɛwnsɛm no mu akyerɛ sɛ wotie Yehowa Adansefo anokwafo a wɔabɔ wɔn asu no mpaebɔ?

  • Nsɛm No Mu Nhumu
    Ɔwɛn-Aban—1990 | May 15
    • Nsɛm No Mu Nhumu

      So ne Bere Atwam?

      Sɛnea Anglikan sɔfo bi a ɔwɔ Adelaide, Australia, no kyerɛ no, obi nipadua a ɔkanyan no ɔkwan a ebetumi ama wabɔ aguaman anaasɛ wasɛe aware so ho kɔkɔbɔ no yɛ nea ne bere atwam na emfi Kristofo fibea. Nnansa yi ara nhwehwɛmu bi a ɔyɛe faa mmarima ne mmea nna ho mu no, ɔkyerɛ sɛ sɛ nnipa baanu a wɔaka sɛ wɔbɛware ne wɔn ho da ansa na wɔaware a, wɔnyɛɛ bɔne titiriw biara. Nhwehwɛmu no kyerɛ nso sɛ wobetumi apene mmarima a wɔne wɔn ho da so wɔ nsɛm no bi mu. Sɛnea Brisbane Courier Mail kyerɛ no, Uniting Church a ɛwɔ Australia no kasamafo bi “gyee amanneɛbɔ no nnyinasosɛm atitiriw no toom.”

      Nanso, Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ obiara ‘bɛtwe ne ho afi aguamammɔ mu’ ne sɛ “nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni.”(1 Tesalonikafo 4:3, 4; 1 Korintofo 6:9, 10) Ampa, wɔn a wogye Bible no tom sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no nim sɛ adwene a ekura wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no fi Ɔbɔadeɛ a onim nyansa sen obiara no hɔ. Tumi a Bible gyinapɛn ahorow nya wɔ wɔn a wɔde di dwuma so no kyerɛ sɛ abrabɔ ho nnyinasosɛm ahorow a wose ne bere atwam yi yɛ nea ɛda so ara boa ma abusua gyina na ɛma wonya nea wɔde bɔ wɔn ho ban fi nkate mu yaw ne yare bɔne a efi ɔbrasɛe mu ba no ho.

      Anosiw a Ɛsen Biara

      Nnuru a wɔmmfa nni dwuma ɔkwampa so da so ara yɛ ɔhaw a anibere wom. Enti, dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a wobetumi afa so abɔ mmofra ho ban afi nnubɔne nom ho? Nsɛm bi a wobisabisaa Franseni ɔbenfo ne adwene ho ɔdenimfo Claude Olievenstein na wotintimii wɔ Brazilfo atesɛm krataa O Estado de S. Paulo mu mu no, osii hia a ɛho hia sɛ wɔma akwankyerɛ ne mmoa a efi ɔdɔ mu no so dua. Ɔkae sɛ: “Sɛ nkurɔfo ka nnuru ho asɛm nnɛ a, afã a polisifo, asennibea, ne sukuu wɔ no na wosi so dua. Nanso, nea ɛho hia kɛse ne abusua no [nnuru a wɔde di dwuma] a wobesiw ano. . . .Mmofra pii nnim nea agya tumi kyerɛ. Agya nni hɔ; ɛda adi sɛ wagyae adwumayɛ.

      Ɔbenfo Olievenstein rekyerɛkyerɛ nea enti a ɛho hia sɛ wosiw nnubɔne nom ano wɔ abusua mu no mu no, ɔde kaa ho sɛ: “Yɛte adesamma abusua a wɔpɛ mfaso na nkurɔfo ani wu abrabɔ pa ho mu. Sɛ nnubɔne nti yɛn mma fi ase yi su bi adi a, ɛkyerɛ sɛ yɛnkyerɛ abrabɔ pa bio. Yɛn adesamma abusua no ayɛ den, ennim nyansa, na ɛpɛ nnwuma akɛse. Nkurɔfo susuw sɛnea wɔbɛko atra ase nkutoo ho.”

      Sɛnea nsɛmma nhoma Superinteressante kyerɛ no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. no si hia a awofo tumi ho hia no so dua. Krataa no se: “Mmofra a wonnii mfe 20 a wɔbɔ mmɔden yiye wɔ sukuu sɔhwɛ mu na wɔyɛ pintinn wɔ nkate mu kɛse no fi mmusua a awofo de wɔn tumi dii dwuma de abrabɔ ho mmara a emu da hɔ sisii hɔ na wɔmaa ahofadi kosii anohyeto ahorow a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye mu no mu. Saa ara nso na mmofra a wonnii mfe 20 a wontumi nnyae nnubɔne ne nsa nom no dodow ba fam koraa wɔ mmusua a ɛtete saa no mu.”

      Ntease pa nti na Bible no tu awofo fo sɛ: “Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika.” (Mmebusɛm 29:17) Yiw, ateɛteɛ a egyina Bible so betumi aboa awofo ma wɔasiw nnubɔne nom ano na wɔama abusua mũ no asetra ayɛ yiye.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—1990 | May 15
    • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

      ◼ So ɛfata sɛ Kristoni bɛkɔ ahayɔ anaa obeyi mpataa?

      Nkate a emu yɛ den taa ba ahayɔ ho adeyɛ a ɛsonsonoe no mu. Enti eye sen biara sɛ Kristofo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho sɛnea ɛwɔ Bible mu no ase na wɔde adi dwuma.

      Onyankopɔn maa adesamma ‘wuram mmoa’ ne ‘afieboa’ nyinaa so tumi. Mfiase no, Ɔbɔadeɛ no amma adesamma kwan sɛ wonkum mmoa nni, anaasɛ na wonni honam fam ahiade biara a enti ɛsɛ sɛ wodi nam. (Genesis 1:24, 29, 30) Nsuyiri no akyi nkutoo na Onyankopɔn maa adesamma hokwan sɛ wonni aboa a wɔahwie”ne kra, ɛne sɛ ne mogya” agu sɛnea ɛfata no nam. (Genesis 9:3, 4) Na ebetumi ayɛ afieboa anaasɛ wuram aboa nam.

      Na Israelfo no yɛn mmoa, te sɛ nguan ne anantwi, a na sɛ wɔn kɔn dɔ nam a wobetumi akum bi adi. Wɔyɛɛ ha na woyii mpataa nso de nyaa aduan. (Deuteronomium 12:20-24; 14:4-20) Eyi ne nea Onyankopɔn kae sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ‘ɔbɛma wɔakɔfa apofofo pii aba na wɔakoyi ne nkurɔfo ne abɔmmɔfo pii aba na wɔakɔtwee wɔn’ no hyia. (Yeremia 16:16) Akyiri yi, Yesu de apofofo kaa n’asomafo no ho na ɔkyerɛɛ mpataayi ankasa ho akwan.​—Mateo 4:18-22; 17:27; Luka 5:2-6: Yohane 21:4-7.

      Bere a agya panyin Isak kae sɛ wɔnyɛ akɔnnɔduan mma no no, ne ba Yakob nyaa ɔpɛ sɛ obekum mmirekyi mma abien de ayɛ aduan ama no. Nanso, Esau kɔyɛɛ ha nyaa hanam brɛɛ n’agya. Hyɛ no nsow sɛ na afieboa nam wɔ hɔ de, nanso Isak bisaa hanam. Hyɛ no nsow nso sɛ mma baanu no nyinaa kum mmoa a wɔde bɛyɛ aduan, ɛnyɛ wɔn ankasa de, na mmom obi foforo de.​—Genesis 27:1-19.

      Wobetumi akum mmoa a ebia ɛnyɛ wɔn nam nti. Wobetumi de wɔn nhoma ayɛ ntade. (2 Ahene 1:8; Marko 1:6; Hebrifo 11:37) Ná wɔde mmoa nhoma yɛ nkataho a wɔde bɔ wɔn ho ban ne nnwinne nso, a na mmoa a wɔn ho ntew mma aduan a na Israelfo nni no mpo de ka ho.​—Exodus 39:3, 34: Numeri 24:7; Atemmufo 4:19; Dwom 56:8.

      Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ahwehwɛde a ɛne sɛ wonhwie mmoa a wɔakum wɔn mogya ngu no kae abɔmmɔfo sɛ ne nkyɛn na mmoa nkwa fi na enti ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma na mmom wɔnnsɛe no kwa. (Leviticus 17:13) Ɛda adi sɛ Nimrod kunkum mmoa na ebia ɔhoahoaa ne ho wɔ sɛnea otumi yɛ ha, mmoa dodow a wakum wɔn, anaasɛ asade a ebia onya fii mu no ho, Na ɔyɛ ‘ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi a ɔsɔre tiaa Yehowa.’​—Genesis 10:9.

      Ahayɔ anaa mmoa kunkum anaa mpataayi ho anigye a ɛte saa no betumi asɔre Kristoni mu. Abɔmmɔfo ne apofofo pii a wɔapɛɛpɛe wɔn komam ahu sɛ ‘kum a wobekum ho anigye’ no kaa wɔn. Anigye a ɛte saa no ne mmoa nkwa a wɔsɛe no kwa na ɛnam. Enti bere a ɛnyɛ mfomso sɛ obi bɛyɛ ha anaa sɛ obeyi mpataa (bere a wobedi aboa a wokum no anaasɛ wɔkyere no no nam anaasɛ wɔde bedi atirimpɔw foforo bi a ɛfata ho dwuma) no, ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ Kristoni bɛyɛ saa, sɛ ɔwɔ Nimrod honhom no bi a. Nanso mmoa no a wɔbɛtaa wɔn, wobekum wɔn, anaa asade no mu anigye a wobenya akyi no, asiane wom.

      July 15, 1983 Watchtower no kaa nea enti a nokware Kristofo nkura atuo anaasɛ wɔmmfa bi nsie wɔn ho na wɔde adi dwuma atia nnipa anaasɛ wɔde abɔ wɔn ho ban no ho asɛm. (Nkratafa 23-6) Saa afotu no a Adansefo binom dwenee ho kɔɔ akyiri no ama wɔasan asusuw tuo a wɔde yɛ ha mpo a wobenya bi no ho bio. Pii apaw sɛ wobeyi wɔn atuo afi wɔn ho koraa anaasɛ wɔakwati sɛ wɔde bɛkyerɛ na ayɛ nea wɔn nsa bɛka no ntɛm ara. Saa kwan no so no, Kristofo yi remma ɛnyɛ sɛ wɔde akode hoahoa wɔn ho anaasɛ wɔwɔ mu ahotoso. Bio nso, sɛ obi nni tuo a wɔde yɛ ha, anaa ɛnyɛ nea nsa betumi aka no ntɛm ara a, ebetumi ama wɔakwati asiane. Mmofra nsa renka akode a edi awu yi na ebia wɔde apira obi anaasɛ wɔakum no a wɔanhyɛ da, na saa ara nso na sɛ obi bɔ hu kɛse a, ne nsa renka tuo.​—Fa toto Mmebusɛm 22:3 ho.

      Ebia na Kristofo bi kɔn dɔ hanam anaasɛ apataa bi, na ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so anya aduan a ɛte saa ne sɛ wɔbɛyɛ ha anaa wɔbɛkɔ po. Afoforo nso ani gye mframa ne apɔw mu teɛteɛ a ɛwɔ kwae mu ahayɔ mu no ho, anaasɛ mmere a wɔde yi mpataa komm no ma wonya ɔhome. Bible nkasa ntia eyi, enti ɛho nhia sɛ wobu afoforo atɛn sɛ wɔn ani gye nneɛma a ɛte saa ho anaasɛ dabi. Na Isak ne ne mma no nhwɛso no kyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ wɔtwe onii a obedi hanam no anaasɛ apataa no ho asɛm tenten.​—Mateo 7:1-5: Romafo 14:4.

      Ɛda adi yiye sɛ na ɔsomafo Petro ani gye mpataayi ho kɛse. Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no de mpataa bi a egu wɔn nkyɛn dii dwuma de boaa no ma ɔhwehwɛɛ n’ankasa nkate wɔ mpataa ne mpataayi adwuma ho no mu.

      Yesu bisae sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom?”​—Yohane 21:1-3, 9-15; hwɛ Watchtower, November 1, 1988, kratafa 31.

      Ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔde ahonim pa paw sɛ ɔbɛkɔ ahayɔ anaasɛ mpataayi no hu nneɛma a ɛho hia no no yiye. Sɛ nhwɛso no, sɛ bere a wɔde kɔ asafo nhyiam horow na wɔma kwan sɛ wɔnkɔ ahayɔ anaasɛ wonkoyi mpataa a, dɛn na ɔbɛyɛ? Anaasɛ so ne nkɔmmɔbɔ kyerɛ sɛ ɔde sɛnea otumi yɛ ha anaasɛ oyi mpataa no hoahoa ne ho? Sɛ Kristoni a ne ho akokwaw a ɔpaw nnakoro nnakoro bi sɛ ɔbɛkɔ ahayɔ anaasɛ obeyi mpataa no tumi de gyidi ka eyi a, eye dɛn ara: “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo [sen eyinom akyidi].”​—Yohane 21:16.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena