Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wiase no mu Akwahosan—Nsonsonoe a Ɛreyɛ Kɛse
    Nyan!—1995 | April 8
    • Wiase no mu Akwahosan—Nsonsonoe a Ɛreyɛ Kɛse

      EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRAZIL HƆ

      BERE a mpete yɛɛ Ali Maow Maalin wɔ Somalia wɔ 1977 mu no, ɛma wɔde no kɔtoo ayaresabea, na ne din puei wɔ atesɛm nkrataa nso mu. Bere a wɔsaa no yare na ne ho tɔɔ no akyi no, WHO (Wiase Akwahosan Ahyehyɛde) bɔɔ amanneɛ wɔ 1980 mu sɛ wɔatu mpete ase—afi asase so—bere a akunkum nnipa ɔpepem pii mfehaha pii akyi no. Wɔkae sɛ Ali na otwa to a ebi yɛɛ no.

      Wɔ 1992 mu no, WHO bɔɔ akwahosan sohwɛ mu nkɔso afoforo ho amanneɛ: Wɔ 1980 mfe no mu no, aman a afei na ɛrenya nkɔso mu nnipa pii nyaa nsu pa a wɔnom ne nneɛma a ɛma ahotew. Bio nso, aman a wonnyaa nkɔso pii mu nnipa bebree nyaa ayaresabea wɔ baabi a wɔte no. Esiane eyi nti, nkokoaa awuwuawuwu so tewee wɔ mmeae bi wɔ mfe du a atwam no mu.

      Nokwasɛm Ahorow a Ɛyɛ Hu

      Nanso, nkogudi ma nkɔso yi yɛ ɔkwa na ahude a ɛresisi no bunkam so. Susuw nokwasɛm ahorow a ɛyɛ hu no kakra ho.

      HIV/AIDS—Nnipa bɛboro 17,000,000 na wɔanya HIV, ɔyare aboawa a ɔde AIDS ba no bi wɔ wiase nyinaa. Nnipa bɛyɛ 3,000,000 nyaa bi nnansa yi wɔ afe biako mu, bɛyɛ nnipa 8,000 da koro. Mmofra bɛboro ɔpepem biako anya HIV. Ebia ɛrenkyɛ na AIDS a ekunkum mmofra no ama nkɔso biara a wɔanya wɔ mmofra a wɔma wotumi tra nkwa mu wɔ nnansa yi mfe du du mu no ayɛ ɔkwa. Seesei, ɔyare no afi ase retrɛw mpofirim ntɛmntɛm wɔ mmeae pii, te sɛ Asia. Aids and Development ka sɛ wɔn a wɔanya HIV no nyinaa mu bɛboro ɔha biara mu 80 te aman a afei na ɛrenya nkɔso no mu.

      Nsamanwaw (TB)—Ɛwom sɛ wɔabu ani agu so kɛse wɔ mfe aduonu a atwam no mu de, nanso TB haw wiase no bio kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa afe biara, na ɛma ɛyɛ wiase no mu nsanyare a ekunkum nnipa sen biara. Saa nnipa dodow a ekunkum wɔn no mu bɛboro ɔha biara mu 98 te aman a afei na ɛrenya nkɔso no mu. Nea ama tebea no asɛe koraa ne sɛ TB ɔyare aboawa no ne HIV ayɛ biako na wɔredi awu kɛse ma nea efi mu ba no yɛ hu yiye. Wɔhwɛ kwan sɛ ebedu afe 2000 no, na TB kunkum nnipa a wɔanya HIV no mu ɔpepem biako afe biara.

      Kokoram—Wɔn a wɔyare kokoram wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso mu no dɔɔso sen wɔn a wɔwɔ aman a anya nkɔso no mu seesei.

      Komayare—WHO Duruyɛfo Ivan Gyarfas bɔ kɔkɔ sɛ: “Yɛrebɛn komayare ho asiane a ɛbɛba wiase nyinaa ho.” Ɛnyɛ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔso nkutoo na komayare haw wɔn bio. Sɛ nhwɛso no, nnipa a komayare bekunkum wɔn wɔ Latin Amerika no bɛdɔɔso asen wɔn a nsanyare bekunkum wɔn no mmɔho abien kosi abiɛsa. Wɔ mfe kakraa bi ntam no, komam nyarewa ne ɔyare a ɛma obi fã dwudwo bekunkum nnipa asen ɔyare biara wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso no nyinaa mu.

      Nsase a Osu Tɔ na Owia Bɔ Kɛse wɔ Hɔ so Nyarewa—WHO bɔ kɔkɔ sɛ: “Nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ so nyarewa atrɛw ntɛmntɛm, na kɔlera retrɛw kɔ Amerika aman mu . . . , atiridii a wɔfrɛ no yellow fever ne nsanyare a wɔfrɛ no dengue reyɛ nnipa pii, na atiridii retrɛw.” Time nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wɔadi nkogu dedaw wɔ nsanyare a wɔko tia wɔ wiase aman a wodi hia no mu.” Nnipa a seesei atiridii nkutoo kunkum wɔn afe biara no bɛyɛ ɔpepem abien—ade a wosusuwii sɛ wɔreyɛ atu ase awie wɔ bɛyɛ mfe 40 a atwam ni mu no.

      Nyarewa a Ɛma Ayamtu—Mmofra a ekunkum wɔn wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso mu no dodow yɛ hu. Mmofra bɛyɛ 40,000 wuwu da biara da esiane nyarewa ne aduan pa a wonnya nni nti; nyarewa a ɛma ayamtu nkutoo kum abofra biako wɔ anibu awotwe biara mu.

      Akwahosan ne Ohia—Ɛwɔ Abusuabɔ

      Dɛn na akwahosan tebea yi ka kyerɛ yɛn? Akwahosan ho nimdefo bi ka sɛ: “Aman a afei na ɛrenya nkɔso no hyia ɔhaw ahorow abien. Seesei nnɛyi nyarewa a enni sabea a ɛreda adi no nyinaa haw wɔn, nanso nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ no so nyarewa da so ara wɔ hɔ.” Dɛn na afi mu aba? Achieving Health for All by the Year 2000 nhoma no ka sɛ “aman ntam nsonsonoe” bi a ɛhaw adwene abɛda adi. Enti, akwahosan sohwɛ wɔ Afrika ne Asia aman bɛyɛ 40 mu no “nyɛ papa te sɛ wiase aman a aka no mu de.” Akwahosan mu nsonsonoe no yɛ kɛse—na ɛrenya nkɔanim.

      World Health nsɛmma nhoma no ka sɛ ɛwom sɛ ntease ahorow pii nti na nsonsonoe yi reyɛ kɛse de, nanso ade titiriw biako a enti wonni akwahosan pa “ne ohia.” (Fa toto Mmebusɛm 10:15 ho.) Mpɛn pii no ohia mma nkurɔfo nnya dabere a ɛfata a ɛhɔ tew, wonnya nsu pa a ɛdɔɔso, na ɛma wɔtra baabi a nnipa ne nneɛma akyere so. Ɛnyɛ akwahosan nko na nneɛma abiɛsa yi mma wonnya, na mmom ɛde nyarewa ba ankasa. Sɛ wode aduan pa a wonnya nni, a ɛmma nipadua no ntumi nko ntia nyarewa yiye ka eyi ho a, wubetumi ahu nea enti a ohia sɛe akwahosan te sɛ nea mfɔte sɛe nnua no.

      Sɛ nyarewa a ɛyɛ hu ba fie, ebubu nnipa, na ekunkum mmofra a, ahiafo na wohu amane kɛse. Susuw nhwɛso ahorow bi ho. Wɔn a wɔbɔ nsamanwaw wɔ ahiafo atrae a ɛwowɔ South Africa no dɔɔso sen wɔn a wɔbɔ bi wɔ ɔman koro no ara mu adefo atrae no mpɛn ɔha. Nnipa a mpafe ne influensa kunkum wɔn wɔ ahiafo atrae wɔ Brazil no dɔɔso sen wɔn a wɔte adefo atrae a ɛbemmɛn hɔ no mpɛn asia. Na India ahiafo mmusua mu nkokoaa a wowuwu no dɔɔso sen wɔn a wowuwu wɔ India adefo akɛse mmusua mu mpɛn du. Awerɛhosɛm no da adi pefee: ‘Ohia yɛ asiane ma w’akwahosan!’

      Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa bɛboro ɔpepepem biako a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔtete ahiafo atrae no hyia abasamtu. Wontumi nyɛ nneɛma atitiriw a ɛma wodi hia no ho hwee, na nyarewa a ɛde ba no abunkam wɔn asetra so. Sɛ ohia rema wuhu amane a, ebia wo nso abasamtu bɛma woate nka sɛ woka wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no ho. Nanso, sɛ́ ebia woyɛ ohiani anaa wonyɛ no, nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de abɔ wo ne wo mma akwahosan ho ban. Dɛn ne saa nneɛma no? Asɛm a edi hɔ no de nyansahyɛ ahorow bi ma.

  • Nea Ɛkyerɛ Sɛnea W’akwahosan Bɛyɛ—Nea Wubetumi Ayɛ
    Nyan!—1995 | April 8
    • Nea Ɛkyerɛ Sɛnea W’akwahosan Bɛyɛ—Nea Wubetumi Ayɛ

      ESIANE sɛ akwahosan nte sɛ ɛmo anaa esiam nti, odwumayɛni a ɔboa wɔn a asiane ato wɔn ntumi mfa mma. Enni bag mu efisɛ ɛnyɛ aguade na mmom ɛyɛ tebea. WHO (Wiase Akwahosan Ahyehyɛde) kyerɛkyerɛ “akwahosan” ase sɛ “honam, adwene ne asetra mu yiyedi a edi mu.” Nanso dɛn na ɛma wohu sɛnea saa yiyedi no kɛse te?

      Ebia wɔde ntaboo, nnadewa, ne nkankyee besi ɔdan korokorowa bi, nanso wɔtaa de adum a wɔde asisi ne ntwea anan so na ekura n’afa horow no mu. Saa ara nso na nkɛntɛnso ahorow pii na ɛkyerɛ sɛnea yɛn akwahosan bɛyɛ, nanso ne nyinaa gyina “ntwea” a ɛyɛ nkɛntɛnso anan so. Ɛne (1) suban, (2) nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, (3 ) akwahosan sohwɛ ne (4) awosu. Sɛnea wubetumi ama wo fie anya ahoɔden denam adum no a wobɛma ayɛ papa so no, saa ara nso na wubetumi ama w’akwahosan ayɛ papa denam nneɛma a enya so nkɛntɛnso yi so. Asɛm no ne sɛ, Wobɛyɛ dɛn atumi de nneɛma kakraa bi ayɛ saa?

      Wo Suban ne W’akwahosan

      Wɔ nneɛma anan no mu no, nea wubetumi ayɛ ho biribi asen biara ne wo suban. Ma a wobɛma ayɛ papa no betumi aboa. Ɛwom, ohia ntumi mma wonyɛ nsakrae a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ w’aduandi ne wo suban no pii ho no, nanso sɛ wode nneɛma a ɛwɔ hɔ a wubetumi apaw no di dwuma a, wubetumi ayɛ nsakrae pii. Hyɛ nhwɛso a edi so yi nsow.

      Mpɛn pii no ɛna betumi apaw sɛ ɔbɛma ne ba nufu anaa toa mu aduan. Amanaman Nkabom no Mmofra Foto no ka sɛ nufuma ne “nea eye sen biara wɔ honam ne sika fam nyinaa a ɛsɛ sɛ wɔpaw.” Abenfo ka sɛ ɛna nufusu ne “aduan a ɛma ahoɔden sen biara,” na ɛma akokoaa no nya “aduannuru a ɛne protein, srade, lactose, vitamin, mineral ne nnuru nketenkete a ehia na wanyin yiye no dodow pɛpɛɛpɛ.” Afei nso nufusu de protein anaa nneɛma a ɛko tia ɔyare mmoawa fi ɛna no mu ma akokoaa no, na ɛma akokoaa no nya nhyɛase pa a ɔde bɛko atia nyarewa.

      Nufuma ye sen biara wɔ nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ a ahotew nni hɔ kɛse no so titiriw. Esiane sɛ ɛna nufusu nte sɛ toa mu nufusu nti, wontumi mfra mu dodo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔmmɔ ka pii, wontumi nni mfomso wɔ ne yɛ mu, na bere nyinaa nea efi mu ba no mu tew. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Synergy, Canada Amanaman Ntam Akwahosan Fekuw no atesɛm krataa no ka sɛ “tumi a nyarewa a ɛma ayamtu betumi akum abofra a wɔma no toa mu aduan a ɔte ahiafo atrae no sen abofra a wɔma no nufu nkutoo no bɛyɛ mmɔho 15, na mpafe bɛyɛ mmɔho anan.”

      Afei sika fam mfaso nso wɔ hɔ. Nufusu a ɛte sɛ pawda bo yɛ den wɔ aman a ɛrenya nkɔso no mu. Sɛ nhwɛso no, toa mu aduan a wɔde ma abofra wɔ Brazil no betumi agye ahiafo abusua ɔsram biako akatua mu nkyem anum mu biako. Wobetumi de sika a nufuma ma wɔkora so no atɔ nnuan a ahoɔden wom kɛse ama abusua no nyinaa—a ɛna no ka ho.

      Mfaso horow yi nyinaa nti, wobɛhwɛ kwan sɛ anka nufuma benya nkɔso. Nanso, akwahosan ho adwumayɛfo a wɔwɔ Philippines bɔ amanneɛ sɛ “wɔreyɛ agyae nufuma koraa” wɔ hɔ, na nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Brazil no daa no adi sɛ nneɛma atitiriw a ɛma ɔhome nkwaadɔm mu nyarewa kunkum mmofra mu biako ne “nufu a wɔmma.” Nanso, wo ba betumi akwati saa ɔhaw no. Wubetumi ayɛ ho biribi.

      Nanso, abusua no mufo afoforo suban a ɛmfata taa sɛe mmɔden a ɛna no bɔ sɛ ɔbɛbɔ akokoaa akwahosan ho ban no. Fa ɛna bi a ɔwɔ Nepal no sɛ nhwɛso. Ɔne ne kunu ne ne babea a wadi mfe abiɛsa na ɛda ɔdan a wisiw gyina mu mu. Wɔkyerɛw wɔ Panoscope nsɛmma nhoma no mu sɛ mukaase nneɛma ne tawa wusiw ahyɛ ɔdan ketewa no mu ma. Abofra no anya ɔhome nkwaadɔm mu yare bi. Ɛna no nwiinwii sɛ: “Mintumi mma me kunu nnyae sigaretnom. Seesei metɔ sigaret ma me kunu na metɔ aduru nso ma me ba.”

      Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɔhaw a ohyia no retrɛw kɛse bere a aman a ɛrenya nkɔso no mu nnipa pii sɛe akatua a wohia no kɛse no denam sigaret a wosua nom so no. Nokwarem no, sɛ onipa biako gyae sigaretnom wɔ Europa anaasɛ United States a, nnipa baanu fi ase nom wɔ Latin Amerika anaasɛ Afrika. Netherlands kasa mu nhoma Roken Welbeschouwd ka sɛ ɛho dawurubɔ a ɛyɛ nnaadaa no titiriw na ama aba saa. Ɛho dawurubɔ nsɛm te sɛ “Varsity: ɛma adwene no mu bue yiye” ne “Gold Leaf: sigaret a ɛsom bo ma nnipa a wɔsom bo” no ma ahiafo gye di sɛ sigaretnom de nkɔso ne yiyedi ba. Nanso ɛnte saa. Ɛhye wo sika na ɛsɛe w’akwahosan.

      Susuw eyi ho. Bere biara a obi nom sigaret no, ɔtew ne nkwa nna so simma du, na ɛma komayare ne ne nipadua afã horow a ebedwudwo, ne ahurututu, menewam ne anom kokoram ne nyarewa afoforo a obetumi anya no yɛ kɛse. UN Chronicle nsɛmma nhoma ka sɛ: “Tawanom ne ade biako a ɛma nnipa patuw wu na edi wɔn dɛm a wobetumi asiw ano a ɛsen biara wɔ wiase.” Yɛsrɛ sɛ hyɛ no nsow sɛ ɛka sɛ “wobetumi asiw ano.” Wubetumi agyae sigaretnom.

      Nokwarem no, suban pii wɔ hɔ a wubetumi apaw a enya w’akwahosan so nkɛntɛnso. Adaka a ɛwɔ asɛm yi kratafa 11 no bobɔ nhoma ahorow bi a wubetumi akenkan wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so nhomakorabea din. Ɛwom, egye mmɔdenbɔ na woakyerɛkyerɛ wo ho. Nanso, WHO panyin bi ka sɛ: “Wuntumi nkwati nnipa a wɔn ani abue a wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔn akwahosan te’ na wɔayɛ nnipa a wɔwɔ akwahosan.” Enti yɛ ade a ɛma akwahosan yɛ papa a wuntua hwee yi: Kyerɛkyerɛ wo ho.

      Akwahosan ne Fie Tebea

      Nhoma The Poor Die Young ka sɛ tebea a enya w’akwahosan so nkɛntɛnso sen biara ne wo fie ne wo mpɔtam. Nsu nti nneɛma a atwa wo ho ahyia no betumi de w’akwahosan ato asiane mu. Nsu a ɛnnɔɔso ne nsufi de ɔyare mmoawa, honam ani nyarewa, ayamtu, kɔlera, konkorowa, ne atiridii a wɔfrɛ no typhoid ne nyarewa afoforo ba.

      Bere a nea wo nsa a wobɛhohoro no hi a ara ne sɛ wubekyim biribi kɛkɛ de abue nsu no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubehu bere tenten a nnipa a wonni dorobɛn mu nsu wɔ wɔn afie mu no sɛe na wɔanya nsu da biara. Mpɛn pii no nnipa bɛboro 500 na wobu dorobɛn mu nsu wɔ faako. Ɛno hwehwɛ sɛ wɔtwɛn. Nanso nnipa a wɔn akatua sua de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma, na nhoma Environmental Problems in Third World Cities ka sɛ twɛn a wɔtwɛn no “gye bere a wɔde bɛyɛ adwuma anya sika no bi.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nea ɛbɛyɛ na abusua a emufo yɛ baasia ansɛe bere no, wɔtaa kɔsaw nsu a ennu bokiti 30 a abusua a ne kɛse te saa no hia da biara no ba fie. Nanso nsu kakraa bi na wonya de hohoro nnuan ho, nkankyee mu de si ntade na wɔde bi aguare ahohoro wɔn nsa. Eyi ma tebea horow a ɛno nso de dwiw ne nwansena ba, na ɛde abusua no akwahosan to asiane mu ba.

      Susuw tebea yi ho. Sɛ wode sakre na ɛkɔ w’adwuma a ɛwɔ akyirikyiri a, wubesusuw sɛ ɛyɛ bere sɛe sɛ dapɛn biara wubegye bere bi de afiri mu ngo agugu ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, asiesie ne breke, anaasɛ wode ne nan no mu nnade foforo bɛhyehyɛ mu? Dabi, efisɛ wunim sɛ sɛ woansiesie na wunya nnɔnhwerew kakra mpo nnɛ a, ebia akyiri yi wuntumi nkɔ adwuma da mũ nyinaa bere a wo sakre no sɛe no. Saa ara nso na sɛ woankɔ nsu a ɛdɔɔso amfa ansiesie w’akwahosan a, wubetumi anya nnɔnhwerew bi ne sika kakra dapɛn biara de, nanso akyiri yi wubetumi ahwere nna ne sika pii bere a w’akwahosan so a woanhwɛ no yiye nti ɛsɛe no.

      Mubetumi de nsu a ɛdɔɔso a mobɛkɔ no ayɛ abusua no adwuma. Ɛwom sɛ ebia mpɔtam hɔ amammerɛ kyerɛ sɛ ɛna ne mmofra na ɛsɛ sɛ wɔkɔ nsu de, nanso agya a odwen nneɛma ho no rempow sɛ ɔde n’ahoɔden bɛkɔ akɔsaw nsu.

      Nanso, sɛ nsu no du fie a, ɔhaw a ɛto so abien sɔre—nea ɛbɛyɛ a efĩ remma mu. Akwahosan ho abenfo tu fo sɛ: Mfa nsu a mobɛnom ne nsu a mode bɛyɛ nneɛma foforo no ngu ade biako mu. Fa mmuaso a etumi kata ankorɛ no ano yiye kata so. Ma nsu no nnyen. Mma wo nsateaa nnka nsu no bere a woresesaw no, na mmom fa kuruwa a emu tew a ne nsa ware saw. Fa nnuru a wɔde yi nkekae hohoro ankorɛ no mu daa, na wuwie a fa nsu a efĩ nni mu hohoro mu. Na nyankonsu nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛso wɔ mfaso (sɛ osu tɔ nkutoo a!), na sɛ efĩ anka nyankonsu no ho ankɔ ankorɛ no mu, na wɔbɔ ankorɛ no ho ban ma nkoekoemmoa ne nkura ne mmoa foforo nkɔ mu a, entumi mma nyarewa.

      Sɛ wuntumi nhu sɛ ebia nsu no ye a, WHO hyɛ nyansa sɛ fa aduru a chlorine wom te sɛ sodium hypochlorite anaasɛ calcium hypochlorite gu mu. Ɛyɛ nnam na ne bo nyɛ den. Sɛ nhwɛso no, sika a eyi ma abusua a wonni sika pii sɛe wɔ Peru afe biara no nnu dɔla abien.

      Akwahosan ne Akwahosan Sohwɛ

      Mpɛn pii no ahiafo nim akwahosan sohwɛ ahorow abien pɛ: (1) nea ɛwɔ hɔ nanso wontumi ntua ho ka ne (2) nea wobetumi atua ho ka nanso enni hɔ. Donna Maria, nnipa bɛyɛ 650,000 a wɔtete Sao Paulo ahiafo atrae no mu biako, kyerɛkyerɛ nea edi kan no mu sɛ: “Yɛn de, akwahosan a wɔhwɛ so yiye te sɛ ade a wɔde asiw aguadidan a afɛfɛde wom mfɛnsere ano. Yetumi hwɛ, nanso yentumi ntɔ.” (Vandaar nsɛmma nhoma) Nokwarem no, Donna Maria te kurow a ɛhɔnom ayaresabea yɛ koma oprehyɛn, wɔsesa nipadua nkwaa a asɛe, wɔwɔ CAT mfiri a wɔde twa nipadua nkwaa mfonini, ne nnuru afoforo a wɔnam mfiridwuma mu nkɔanim so yɛ mu. Nanso, wɔ ne fam no, ontumi ntua nneɛma yi ho ka.

      Sɛ akwahosan sohwɛ a wontumi ntua ho ka te sɛ aguadidan mu afɛfɛde a, ɛnde na akwahosan sohwɛ a wobetumi atua ho ka te sɛ ade a ne bo nyɛ den a adetɔfo ɔhaha pii resunsum wɔn ho akɔtɔ wɔ bere koro mu. Nsɛm ho amanneɛbɔ bi a wɔde mae wɔ Amerika Kesee Fam ɔman bi mu kae sɛ: ‘Ayarefo ato santen nnanu pɛ sɛ wokohu oduruyɛfo bi. Ɛhɔ ayɛ ma. Ɔmanfo ayaresabea nni sika, nnuru ne nnuan. Akwahosan sohwɛ nhyehyɛe no asɛe.’

      Nea ɛbɛyɛ na WHO ama mpapahwekwa no akwahosan sohwɛ a ɛresɛe no ayɛ papa no, asakra n’adwuma a ɛne ayaresa no nkakrankakra ayɛ no akwahosan a wɔma ɛyɛ papa denam nyarewa anosiw ne ayaresa ho nsɛm a wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo no so. UN Chronicle kyerɛw sɛ dwumadi ahorow a ɛma akwahosan sohwɛ titiriw, te sɛ aduan pa, nsu pa, ne ahotew nya nkɔso no ama “akwahosan ayɛ papa kɛse wɔ wiase nyinaa.” Wunya dwumadi ahorow yi so mfaso? Ebia wunya biako so mfaso. Nea ɛwɔ he? EPI (Nnuru Tete Dwumadi a Wɔatrɛw Mu).

      EPI ho amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Nea ɔtete nkurɔfo nnuru no abesi nea ɔde amanade kɔma wɔn wuranom no ananmu sɛ nea ɔkɔ afie ne asese mu sen biara.” Wɔtetee nkurɔfo fii Amazon kosii Himalayas wɔ mfe du a atwam no mu, na WHO bɔɔ amanneɛ sɛ eduu 1990 no, na wɔatete wiase no mu nkokoaa mu ɔha biara mu 80 wɔ nyarewa asia a ekum wɔn no ho.a EPI regye mmofra bɛboro ɔpepem abiɛsa nkwa afe biara. Afoforo 450,000 a anka wɔbɛyɛ mmubuafo no tumi nantew, wotu mmirika, na wodi agoru. Enti, nea ɛbɛyɛ na wɔakwati nyarewa no, awofo pii ankasa si gyinae sɛ wɔbɛtete wɔn mma.

      Ɛtɔ mmere bi a, wuntumi nsiw ɔyare bi ano, nanso ne nyinaa akyi no wubetumi ayɛ ho biribi. World Health nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wɔabu akontaa sɛ obi ankasa na ɔhwɛ ne ho anaasɛ abusua no na ɛhwɛ no wɔ akwahosan sohwɛ nyinaa mu nea ɛboro fã mu.” Nea obi ankasa na ɔhwɛ ne ho no biako ne ne nkyene, asikre ne nsu a efi̇̃ nnim a wɔde fra a ne yɛ ne ne bo nyɛ den a wɔfrɛ no oral rehydration solution (ORS) no.

      Nnuruyɛfo pii bu nsu nkyenenkyene a asikre fra mu ayaresa a ORS a wɔde di dwuma ka ho sɛ aduru a ɛyɛ nnam sen biara a wɔde sa obi a ayamtu ama ne ho nsu asa yare. Sɛ wɔde ORS esiam kotoku ketewaa a ne bo yɛ sɛnt du pɛ no di dwuma wɔ wiase nyinaa de sa aman a ɛrenya nkɔso no mu nnipa ɔpepem 1.5 a wonya ayamtu afe biara no yare a, anka ebetumi agye mmofra ɔpepem 3.2 a nyarewa a ɛma ayamtu kunkum wɔn afe biara no mu pii nkwa.

      WHO atesɛm krataa Essential Drugs Monitor ka sɛ anka ebetumi aba saa, nanso wɔda so ara de nnuru foforo a wɔde sa ayamtu di dwuma “pii sen ORS” wɔ aman bi mu. Sɛ nhwɛso no, wɔde nnuru foforo sa ayamtu sen ORS mpɛn abiɛsa wɔ aman a ɛrenya nkɔso bi mu. Atesɛm krataa no ka sɛ: “Nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛho nhia so saa no sɛe sika dodo.” Eyi nti, ebia ɛsɛ sɛ mmusua a wodi hia tɔn nnuan mpo. Afei nso, ɛka sɛ wonni adanse a ɛkyerɛ sɛ nnuru a wɔde sa ayamtu no yɛ nnam, na asiane bi wɔ mu. “Ɛnsɛ sɛ nnuruyɛfo kyerɛw saa nnuru no ma nkurɔfo, . . . na ɛnsɛ sɛ mmusua tɔ.”

      Sɛ́ anka WHO bɛkamfo nnuru akyerɛ no, ɛde nea edidi so yi ma wɔ ayamtu a wɔsa ho. (1) Ma abofra aduan a ɛyɛ nsunsu te sɛ rice water anaa tii pii na amma ne ho nsu ansa. (2) Sɛ abofra no ho nsu sa ara a, kohu oduruyɛfo ma ɔmmɛhwɛ sɛnea ne tebea te, na ɔmfa ORS nsa abofra no yare. (3) Ma abofra no aduan sɛnea woyɛ daa no bere a ne yam tu ne bere a agyae no. (4) Sɛ abofra no ho nsu asa pii a, ɛsɛ sɛ wɔde bi fa ne ntini mu ma no.b

      Sɛ wuntumi nnya ORS a wɔayɛ dedaw a, fa ahwɛyiye di ɔkwan tiawa a wɔfa so yɛ bi yi akyi: Fa nkyene atere ketewa biako, asikre atere nketewa awotwe ne nsu lita biako (nkuruwa anum a ebiara tumi fa mililita 200) a efĩ nnim fra. Ma no kuruwa biako wɔ tiafi biara a ɔbɛkɔ no akyi, fa emu fã ma mmofra nkumaa. Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 10 no na woanya asɛm yi ho nsɛm pii.

      Na ade a ɛto so anan, yɛn awosu nso ɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ayɛ ho biribi? Asɛm a edi hɔ no ka saa asemmisa no ho asɛm.

      [Ase hɔ nsɛm]

      a Asia no ne menasekuru, ntoburo, mmubui, asinsen, nsamanwaw, ne nkɔnkɔn. WHO kamfo kyerɛ sɛ wɔmfa mmerɛbo mu yare a ɛnnɛ ekunkum nnipa pii sen AIDS no nso nka ntetee no dwumadi no ho.

      b Fa wo nsa wɔw abofra no yafunu so. Sɛ were no di boro anibu abien ansa na aba soro a, ebetumi aba sɛ abofra no ho nsu asa kɛse.

      [Adaka wɔ kratafa 8, 9]

      AKWAHOSAN SOHWƐ TITIRIW—ƐYƐ ADWUMA DƐN?

      Nea ɛbɛyɛ na Nyan! anya asemmisa yi ho mmuae no, wɔne Oduruyɛfo Michael O’Carroll, WHO nanmusifo a ɔwɔ South America no bɔɔ nkɔmmɔ. Emu nsɛm no bi na edidi so yi.

      ‘YƐBƐTOO akwahosan sohwɛ nhyehyɛe a egyina adwene a ɛne sɛ ayaresa ne ade a ɛho hia titiriw so. Sɛ woyare a, wukohu oduruyɛfo. Wunnwen ho sɛ wonom whiskey ntumpan abien. Wunnwen ho sɛ wonteɛteɛɛ w’apɔw mu da. Wuhu oduruyɛfo no na woka sɛ: “Oduruyɛfo, sa me yare.” Afei oduruyɛfo no de biribi hyɛ w’anom, de biribi wɔ wo nsa ho, otwa biribi fi wo ho, anaasɛ ɔde biribi hyɛ wo mu. Mprempren, meka asɛm no pen sɛnea wobɛte ase, sɛnea ɛbɛma woahu asɛm no ani so kɛkɛ, nanso ayaresa adwene yi na atra hɔ. Yɛabu adesamma haw ahorow wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ aduruyɛ mu nsɛnnennen. Ahodɔmdi, aduan pa a wonnya nni, ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so abɛyɛ aduruyɛ mu nsɛnnennen. Nanso ɛnte saa. Ɛnyɛ akwahosan ho nsɛnnennen mpo. Ɛyɛ asetra mu ɔhaw ahorow a ɛde akwahosan ne aduruyɛ mu nsɛnnennen ba.

      ‘Afei, wɔ mfe 20 a atwam no mu no, nkurɔfo kae sɛ, “Hwɛ, montwɛn. Yɛreyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Ɛho hia sɛ yɛsakra yɛn adwene wɔ dekode a akwahosan yɛ no ho.” Yenyaa nnyinasosɛm ahorow bi a ɔkwan titiriw a ɛsɛ sɛ yɛfa so hwɛ akwahosan so no gyina so a ebi ne sɛ:

      ‘Awiei koraa no, ɛkyerɛ ayamhyehye kɛse na yɛnsɛe sika pii sɛ yebesiw nyarewa ano sen sɛ yɛbɛsa. Sɛ nhwɛso no, ayaresabea a wobɛyɛ koma oprehyɛn wɔ hɔ a wubesi bere a wonyɛ nea ɛde ba no ho hwee no bu nnyinasosɛm yi so. Ɛno nkyerɛ sɛ sɛ nyarewa ba a, wonsa. Nokwarem no, wosa. Sɛ amoa bi wɔ ɔkwan no so a ɛma akwanhyia si da biara da wɔ dapɛn no mu a, wobɛsa mmɔboroni bi a ɔtɔ mu bu ne nan mu no yare, nanso nea wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wowɔ ayamhyehye kɛse a wonsɛe sika pii ne sɛ: Siw amoa no.

      ‘Nnyinasosɛm foforo ne sɛ wode nneɛma a wode hwɛ w’akwahosan so no bedi dwuma yiye. Ebu nnyinasosɛm yi so sɛ wode obi bɛkɔ ayaresabea ketewa bi wɔ ɔyare bi a wubetumi adi ho dwuma wɔ fie ho. Anaasɛ wode obi bɛkɔ ayaresabea kɛse bi wɔ ɔyare bi a anka wobetumi adi ho dwuma wɔ ayaresabea ketewaa bi mu no bu nnyinasosɛm yi so. Anaasɛ wode oduruyɛfo bi a wɔde mfe du atete no wɔ sukuupɔn mu bɛkɔ baabi sɛ ɔnkɔtete nkurɔfo nnuru bere a obi a wɔde asram asia atete no betumi ayɛ adwuma koro no ara bu nnyinasosɛm yi so. Sɛ wohia saa oduruyɛfo no ma wabɛyɛ adwuma a wɔatete no wɔ ho a, ɛsɛ sɛ ɔba bɛyɛ. Nea akwahosan sohwɛ titiriw ka kyerɛ yɛn ne sɛ: Kyerɛkyerɛ nnipa no, siw nyarewa ano, na fa nneɛma a wode hwɛ w’akwahosan so no di dwuma nyansam.’

      [Kratafa 10 adaka]

      ORS FOFORO MA KƆLERA

      Mprempren WHO kamfo kyerɛ sɛ wɔmfa ORS (oral rehydration solution) a wɔde ɛmo ayɛ mmom nsa wɔn a wɔyare kɔlera yare, ɛnyɛ ORS a wɔde glucose yɛ a ɛwɔ hɔ dedaw no. Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ tiafi a wɔn a wɔyare kɔlera a wɔde ORS a wɔde ɛmo ayɛ saa wɔn yare kɔe no so tewee ɔha biara mu 33, na wɔn yam antu ntɛmntɛm te sɛ wɔn a wɔyare kɔlera a wɔmaa wɔn ORS dedaw no. Wɔyɛ ORS a wɔde ɛmo yɛ lita biako denam ɛmo a wɔayam no muhumuhu gram 50-80 a wɔde si asikre gram 20 ananmu no so.—Essential Drugs Monitor.

      [Kratafa 11 adaka]

      NSƐM AFOFORO A WUBETUMI AKENKAN . . .

      Suban: “Akwahosan Pa—Dɛn na Wubetumi Ayɛ Wɔ Ho?” (Engiresi Nyan!, December 8, 1989) “Tawa ne W’akwahosan—Ɛwɔ Abusuabɔ Ankasa?” (Nyan!, July 8, 1990) “Mmofra a Wɔbɛboa Wɔn ma Wɔanya Nkwa!” (Nyan!, January 8, 1989) “Nea Mmosa Yɛ Wo Nipadua”—Engiresi Nyan!, March 8, 1980.

      Nea Atwa Yɛn Ho Ahyia: “Ahotew Ho Asɛnnennen no Ho Dwuma a Wobedi” (Nyan!, January 8, 1989) “Ma Wo Ho Ntew, Nya Akwahosan Pa!”—Engiresi Nyan!, September 22, 1977.

      Akwahosan sohwɛ: “Nneɛma Afoforo a Egye Nkwa” (Engiresi Nyan!, September 22, 1988) “Nsu a Ɛyɛ Nkyenkyene a Egye Nkwa!”—January 8, 1986 Nyan!

      [Kratafa 7 mfonini]

      Nsukɔ hwehwɛ sɛ wɔtwɛn, na ɛyɛ adwuma

      [Asɛm Fibea]

      Mark Peters/Sipa Press

      [Kratafa 9 mfonini]

      Nsu pa a ɛdɔɔso—ehia ma akwahosan pa

      [Asɛm Fibea]

      Mark Peters/Sipa Press

  • Akwahosan a Edi Mu Ma Obiara
    Nyan!—1995 | April 8
    • Akwahosan a Edi Mu Ma Obiara

      TE SƐ suban, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne akwahosan sohwɛ no, yɛn awosu nso ka yɛn akwahosan. Nneɛma a wɔde wo yɛn ne nyarewa a ebia yenya akyiri yi esiane sɛ yɛn awosu ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya nti no ka saa nipasu no.

      Oduruyɛfo bi ka sɛ: “Awosu a wode baa wiase no na ɛtaa kyerɛ sɛ ebia wubenya asetra pa, wobɛtra ase akyɛ, anaasɛ wobɛtra ase mpo a.”

      Ɔkwan biara a yɛfa so nya tipae, yɛyɛ sisirii, yɛhaw, yenya nnompe a ɛnkyɛ bu, komayare, ne nyarewa afoforo no, ɛkae yɛn da biara sɛ nipadua ne adwene a atɔ kyima no sɛe yɛn akwahosan. Dɛn titiriw na ɛde nyarewa a ɛtrɛw yi ba?

      Ade Titiriw a Ɛde Ba

      Oduruyɛfo bi a wɔfrɛ no Luka a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no bua asɛm yi wɔ Yesu Kristo asetra mu nsɛm a ɔnam honhom so kyerɛwee no mu. Luka kyerɛw sɛ da bi wɔde ɔbarima bubuafo bi brɛɛ Yesu a na wɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛsa no yare. Yesu ka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo.” Afei, nea ɛbɛyɛ na Yesu akyerɛ sɛ ɔwɔ tumi ankasa sɛ ɔde bɔne firi no, ɔhyɛɛ ɔbarima no sɛ: “Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi!” Ɔbarima no yɛɛ saa! Nea efii mu bae ne sɛ “ɛyɛɛ wɔn” a wohuu ayaresa no “nyinaa ahodwiriw” na “wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.”—Luka 5:17-26.

      Bɔne bɛn na Yesu kaa ho asɛm no? Mmuae no boa yɛn ma yehu nea enti a yɛyare, yenyin, na yewuwu. Esiane sɛ wɔama yɛn awerɛhyem sɛ “kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu” nti, yebetumi anya saa mmuae no afi Bible no mu. (2 Timoteo 3:16; 2 Petro 1:21) Ɛka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɔɔ onipa a odi kan a ɔne Adam a na ɔwɔ akwahosan a edi mu. Onyaa akwahosan pa bere tenten a ɔyɛɛ osetie maa ne Bɔfo no.

      Nanso, Adam pawee sɛ obebu Onyankopɔn mmara so. Esiane sɛ ɔyɛɛ asoɔden na ɔhyɛɛ da tew atua tiaa ne Bɔfo nti, na ɔreyɛ bɔne. Ne saa nti, ɔbɛyɛɛ obi a ɔtɔ sin, otumi yare, na bere bi akyi no owui. Enti, bɔne na ɛmaa Adam yare wui.

      Sɛnea awofo de nyarewa bi ma wɔn mma esiane awosu ho mmara dwumadi nti no, saa ara na Adam de sintɔ ne nyarewa a efii mu bae no maa n’asefo, adesamma abusua no. Enti, bɔne a Adam yɛe mfiase no na ɛde nyarewa nyinaa aba. (Genesis 2:17; 3:1-19; Romafo 5:12) Ano aduru wɔ hɔ?

      Ano Aduru No

      Nea ɛmaa akwahosan a edi mu no dan bɛyɛɛ akwahosan a enni mu ne bɔne—atua a Adam tew wɔ Onyankopɔn mmara ho. Akwahosan a enni mu betumi adan ayɛ akwahosan a edi mu denam bɔne a wobeyi afi hɔ nkutoo so. (Romafo 5:18, 19) Ɔkwan bɛn so? Ná ɛsɛ sɛ onipa foforo a ɔyɛ pɛ, a ɔte sɛ Adam pɛpɛɛpɛ bere a na ɔyɛ pɛ no de ne nkwa bɔ afɔre sɛ agyede. Onyankopɔn mmara ne sɛ “ɔkra nsi ɔkra ananmu,” kyerɛ sɛ nkwa nsi nkwa ananmu.—Deuteronomium 19:21.

      Nanso, na Adam asefo abɔnefo no mu biara ntumi mfa saa agyede no mma. Enti, Yehowa ankasa fi ɔdɔ mu de ne Ba a ɔne Yesu mae sɛ onipa a ɔyɛ pɛ sɛ ɔmfa ne nkwa nyɛ ‘agyede mma nnipa pii’ na ama ‘yɛafa no so anya nkwa.’—Mateo 20:28; 1 Yohane 4:9; Dwom 49:7.

      Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛe sɛ n’Agya, Yehowa, ama no tumi sɛ onyi bɔne mfi hɔ bere a ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ “wɔde wo bɔne afiri wo” na ɔbarima a ɔsaa no yare no nantew kɔɔ fie no. Yesu de tumi a efi Onyankopɔn hɔ yi dii dwuma mpɛn pii de saa anifuraefo, asotifo, ne afoforo pii a wɔwɔ nyarewa ahorow yare ntɛm ara.

      Bible no ka saa nyarewa a Yesu saa wɔ anwonwakwan so yi ho asɛm sɛ: “Na nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase. Na ɔsaa wɔn yare ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade.” (Mateo 15:30, 31) Nea ɛyɛ nwonwa sen saa mpo ne sɛ Yesu tumi nyanee awufo baa nkwa mu bio. Bible no ka saa owusɔre yi pii ho asɛm.—Luka 7:11-16; 8:49-56; Yohane 11:14, 38-44.

      Anwonwakwan so ayaresa yi ma yenya awerɛhyem sɛ ɔyare biara nni hɔ a Yesu ntumi nsa. Ɔbɛsan de saa tumi a Onyankopɔn de ama no yi adi dwuma bio? Yebetumi anya mu mfaso?

      Yebenya Akwahosan a Edi Mu Ɔkwan Biara So

      Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ sɛ Yesu redi tumi wɔ ɔsoro dedaw sɛ Onyankopɔn soro nniso no so Hene. Onyankopɔn ama no tumi sɛ onyi nnipa nniso horow a ɛwɔ hɔ nnɛ no nyinaa mfi hɔ na onni asase nyinaa so tumi. (Dwom 110:1, 2; Daniel 2:44) Mpaebɔ a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no bɛbam: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Wɔ saa ɔsoro Ahenni no nniso ase no, Onyankopɔn apɛde ma asase yi fã ne sɛ ɔbɛma adesamma abusua no akwahosan ayɛ papa.

      Afei wɔ honam ne honhom fam nyinaa no, “afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” “Na ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24, NW; 35:5, 6.

      Wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no ase no, akwahosan a edi mu bɛkyerɛ sɛ ɛho renhia sɛ nnipa wu sɛnea yewu nnɛ no. Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ: “Obiara a ogye no di no [benya] daa nkwa.” “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Yohane 3:16; Romafo 6:23) Yiw, dwom a wɔnam honhom so kyerɛwee no hyɛɛ bɔ teteete sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Afei Yesu benyan awufo sɛnea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no, na wama wɔn hokwan ma wɔde anya akwahosan a edi mu so mfaso. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.

      Asase no ankasa bedi yiye wɔ Ahenni nniso ase ma enti ɔkɔm a ɛmma yennya akwahosan pa no remma bio. Bible nkɔmhyɛ ahorow ka kyerɛ yɛn sɛ: “Petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so.” (Hesekiel 34:27) “Asase [bɛbɔ] n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.” (Dwom 67:6) “Asase no so aburofuw [bɛdɔɔso].” (Dwom 72:16) “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.

      Bible nhoma a etwa to a nkɔmhyɛ wom reka Onyankopɔn wiase foforo no mu tebea ho asɛm tiawa no, ɛkae sɛ: “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.

      Woka sɛ, ‘Ɛyɛ den sɛ megye adi’? Ɛnde susuw eyi ho. Ansa na Adam rebɛyɛ ɔbɔnefo no, na ɔwɔ akwahosan a edi mu. Fa no sɛ obi tumi ne no bɔɔ nkɔmmɔ saa bere no na ɔka kyerɛɛ no sɛ da bi bɛba a nnipa a ɛyaw, ɔyare ne mpanyinyɛ haw wɔn bɛhyɛ asase no so ma. Wunsusuw sɛ anka ɛbɛyɛ den ama Adam sɛ obegye ɛno adi? Nanso, ɛte saa nnɛ.

      Nea ɛne eyi bɔ abira no, yebenya akwahosan a edi mu wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Yehowa Asɛm ma yenya awerɛhyem sɛ: “Nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.” (Adiyisɛm 21:5) Nea Onyankopɔn ka sɛ ɛbɛba no bɛbam efisɛ ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’—Hebrifo 6:18.

      Seesei dɛn na wubetumi ayɛ na ama woanya awerɛhyem sɛ wubenya saa nhyira horow a ɛreba yi bi? Nea Yesu kae wɔ mpae a ɔbɔɔ n’Agya a edi so yi mu no kyerɛɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya akwahosan a edi mu ne daa nkwa pefee: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

      Ka kyerɛ Yehowa Adansefo sɛ wɔne wo mmɛyɛ Bible adesua a wuntua hwee wɔ wo fie. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woasua Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho ade pii. Ɛbɛyɛ ade a edi kan a woyɛ wɔ akwahosan a edi mu a wohwehwɛ no mu!

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena