-
Nteɛso Afa He?Nyan!—2015 | April
-
-
ASƐM A ƐDA SO
Nteɛso Afa He?
Aburokyire aman bi so no, abusua asetena asesa koraa. Kane no awofo bɔ wɔn ani kyerɛ wɔn mma a, ntɛm ara na wɔate aseɛ; nanso seesei wokɔ mmusua pii mu a, mmofra mmom na wɔkyerɛ awofo nea wɔnyɛ. Wo deɛ, yɛnyɛ nhwɛso mfa nkyerɛkyerɛ asɛm yi mu.
Maame bi ne ne ba a wadi mfe nnan wɔ sotɔɔ bi mu. Abofra no akɔfa kar ba bi, na ɔpɛ sɛ ne maame tɔ ma no. Nanso ne maame ka kyerɛ no sɛ: “Oh, sɛ́ wowɔ bebree wɔ fie, anaa meboa?” Maame no hu sɛ wammisa koraa a anka ɛyɛ, efisɛ ɛnyɛ nea ɔreka na abofra no repɛ atie. Ɔka kyerɛ ne maame sɛ: “Mese mepɛ!” Maame no nim ne ba no; sɛ wantɔ a, ɔbɛkekam ayɛ dede. Enti ɔtɔ ma no.
Papa bi ne n’adamfo rebɔ nkɔmmɔ. Ɛhɔ ara ne ba abaayewa a wadi mfe nnum ka kyerɛ no sɛ: “Me deɛ m’abrɛ, yɛnkɔ fie!” Ne papa twa nkɔmmɔ no so, na ɔbɔ ne mu ase ka sɛ: “Kaakyire, yɛbɛkɔ seesei yi ara wae?”
James adi mfe 12 na ne tikya abɛbɔ ne papa amanneɛ sɛ ɔrekasa a na abofra no reteɛteɛm gu ne so. James papa no tee saa no, ne bo fuwii, na ɔka kyerɛɛ ne ba no sɛ: “Tikya yi mpɛ w’asɛm; daa ɔnya wo ho asɛm ka. Mede asɛm no bɛkɔ akɔto sukuu mpanyimfo anim!”
Nsɛm a yɛaka yi nyɛ nea ɛsii ankasa, nanso tebea a ɛtete saa rekɔ so. Sɛ awofo anteɛ wɔn mma so, na wɔyɛ nea mmofra no pɛ biara ma wɔn, anaa biribiara na wɔakɔgyina wɔn akyi a, ɛnneɛ tebea a yɛaka ho asɛm yi ara na yɛbɛhu. Nwoma bi a wɔato din The Narcissism Epidemic ka sɛ: “Ɛnnɛ, awofo bebree de wɔn tumi ama wɔn mma nkumaa. Nnansa yi ara, na mmofra nim sɛ wɔn awofo na ɛdi tumi wɔ fie, na ɛnyɛ wɔn.”
Wei nkyerɛ sɛ awofo nyinaa agyae ma wɔn mma yɛ nea wɔpɛ. Awofo pii yɛ nhwɛso pa ma mmofra no sua, na sɛ ɛhia sɛ wɔde wɔn nan si fam teɛ wɔn mma a, wɔyɛ saa. Nanso nwoma no kaa sɛ, “awofo a wɔte saa no bere atwam.”
Ɛyɛɛ dɛn na nneɛma gyee nsam saa? Ɛhe na nteɛso afa?
Awofo Ntumi Mfa Wɔn Nan Nsi Fam Bio
Ebinom ka sɛ ɛfi 1960 na abahyɛbɔne fii ase, efisɛ saa bere no na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho animdefo hyɛɛ awofo sɛ wɔnyɛ wɔn mma brɛbrɛ. Wɔkaa sɛ awofo mfa wɔn mma nnamfo, na wɔnnni wɔn so tumi. Wɔde toaa so sɛ: ‘Nkamfo yɛ sen nteɛso.’ ‘Sɛ wo ba yɛ bɔne a nka, na mmom sɛ ɔyɛ adepa a na woakamfo no.’ Ɛsɛ sɛ anka animdefo yi boa awofo ma wɔhu bere a ɛfata sɛ wɔkamfo wɔn mma ne bere a ɛsɛ sɛ wɔteɛ wɔn so. Nanso wɔanyɛ saa; mmom nea wɔka ara ne sɛ nkaanim nyɛ mma mmofra, efisɛ ɛbɛtumi adi wɔn awu, na akyiri yi wɔbɛsɔre atia awofo no.
Ankyɛ koraa na animdefo yi san de bɛtoo gua sɛ mmofra hia nidi. Na ɛte sɛ nea wɔahu ɔkwampa a awofo bɛfa so atete wɔn mma. Nea wɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ: Ma wo mma nhu sɛ wɔn ho hia. Ɛwom, ɛyɛ ne kwan so sɛ wobɛma wo mma ahu sɛ wɔn ho hia. Nanso animdefo yi yɛɛ nneɛma traa so. Nokwasɛm ne sɛ wɔka kyerɛɛ awofo sɛ ‘nsɛmfua dabi anaa ɛnyɛ deɛ, ɛnsɛ sɛ ɛpue fi wɔn ano.’ Wɔtuu awofo fo sɛ: ‘Daa ka kyerɛ wo mma sɛ wɔda wo koma so na nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ biara wɔbɛtumi ayɛ.’ Nea wɔreka yi deɛ, akɔyɛ sɛ sɛ abofra bi suban nyɛ, na woma ne tirim yɛ no dɛ a, ɛyɛ.
Animdefo ama mmofra tirim ayɛ wɔn dɛ, enti wɔsusu sɛ wiase yɛ wɔn dea
Afei deɛ nea ebinom ka ne sɛ animdefo yi ama mmofra tirim ayɛ wɔn dɛ aboro so ma wɔte nka sɛ wiase yɛ wɔn dea. Nwoma bi a wɔfrɛ no Generation Me kaa sɛ, “Wei nti mmofra pii nyin a, wɔmpɛ sɛ obi ka wɔn asɛm, na sɛ nneɛma nkɔ yie nso a wɔnhu nea wɔnyɛ.” Agya bi kaa wɔ nwoma no mu sɛ, “Worentumi nkɔdi tirimdɛ wɔ adwumam. . . . Sɛ w’adwumawura ka sɛ kyerɛw biribi na woankyerɛw no yie a, ɔbɛka; ɔrenkrɔkrɔ wo nka sɛ, ‘Krataa a wokyerɛw so no yɛ fɛ, enti yɛmfa no saa ara.’ Wei nti sɛ yɛgyegye mmofra so tra so a, ɛbɛdi wɔn awu daakye.”
Wɔn Adwene Nsi Pi
Nea nnipa ka wɔ abatete ho na awofo bi gyina so tete wɔn mma. Nwomanimfo bi a ɔde Ronald G. Morrish kyerɛw sɛ: “Bere a nneɛma resesa no, na adwene a nnipa kura wɔ nteɛso ho nso resesa.”a Enti ɛnyɛ den koraa sɛ awofo bɛma ‘nkyerɛkyerɛ mframa biara awoso wɔn biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn adi akɔneaba.’—Efesofoɔ 4:14.
Ɛda adi sɛ awofo nteɛ wɔn mma so sɛnea ɛsɛ, na wei de nsunsuanso bɔne na aba. Seesei awofo nni wɔn mma so tumi, na mmofra no nnya akwankyerɛ a ɛbɛma wɔasi gyinae pa na wɔanya ahotoso wɔ asetenam.
Enti ɔkwampa bi wɔ hɔ?
a Yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua; asɛm no fi Secrets of Discipline: 12 Keys for Raising Responsible Children mu.
-
-
Nteɛso a Mmofra HiaNyan!—2015 | April
-
-
ASƐM A ƐDA SO | NTEƐSO AFA HE?
Nteɛso a Mmofra Hia
AMPA, abatete nna fam. Nanso sɛ ɔwofo bi de nteɛso kame ne ba a, na ɔredi no awu. Adɛn ntia? Asɛm no ara ne sɛ, sɛ nteɛso nni hɔ a, (1) mmofra bɛkɔ so adi nsɛnhunu, na ɛbɛma awofo abrɛ. (2) Ɛbɛkyerɛ sɛ awofo nsi pi, na wei bɛma mmofra no adwene atu afra.
Nanso sɛ awofo de nteɛso a ɛfata ma wɔn mma a, ɛbɛma wɔn adwenem abue na wɔanya suban pa. Bio, wɔbɛnyin abɛyɛ mpanyimfo a wɔn ani da hɔ. Ɛnneɛ, dɛn na ɛbɛboa wo ma woateɛ wo mma so sɛnea ɛfata?
Akwankyerɛ a Bible de Ma
Yehowa Adansefo gye tom sɛ Bible yɛ ma “nkyerɛkyerɛ, ntɛnyie, nneɛma atenetene, tenenee mu ntenesoɔ.” (2 Timoteo 3:16) Bible boa awofo ma wɔtumi tete wɔn mma, na ɛde akwankyerɛ a ɛfata ma mmusua. Wo deɛ, ma yɛnhwɛ emu bi.
BIBLE KA SƐ: “Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho.”—Mmebusɛm 22:15.
Ampa nkwadaa ho yɛ anika, na mpo wɔdwene nnipa ho, nanso ɛtɔ da a wɔn nneyɛe bi mfa kwan mu. Enti mmofra hia nteɛso. (Mmebusɛm 13:24) Sɛ awofo gye nokwasɛm yi tom a, ɛbɛboa ma wɔn ani aku wɔn mma ho.
BIBLE KA SƐ: “Mfa ntenesoɔ nkame abɔfra.”—Mmebusɛm 23:13.
Nsuro sɛ woteɛ wo ba a, ɛbɛpira no anaa ɛbɛsɛe wo ne no ntam daakye. Woteɛ wo mma so sɛnea ɛfata a, ɛma mmofra no sua ahobrɛase na wɔgye wɔn mfomso tom. Su a ɛte saa bɛboa wɔn daakye.—Hebrifoɔ 12:11.
BIBLE KA SƐ: “Deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa.”—Galatifoɔ 6:7.
Ɔwofo biara pɛ sɛ ɔbɔ ne mma ho ban, na ɛyɛ ne kwan so. Nanso sɛnea yɛadi kan aka no, ɛsɛ sɛ wɔkari pɛ. Sɛ wo mma yɛ bɔne na “wotwitwa” gye wɔn a, ɛremmoa wɔn. Bio nso sɛ wɔda subammɔne bi adi na wɔn tikya anaa ɔpanyin bi yi wo asoti na wogye wɔn ti a, na woredi wɔn awu. Mmom hu sɛ wɔyɛ nnipa a wɔreboa wo. Woyɛ saa a, na worekyerɛ mmofra no sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu mpanyimfo. Ɛba saa a, wo nso wɔbɛbu wo.—Kolosefoɔ 3:20.
BIBLE KA SƐ: “Ɔba a wɔato no asaworam hyɛ ne maame aniwuo.”—Mmebusɛm 29:15.
Da ɔdɔ ne ntease adi, na si pi
Ɛwom, ɛnsɛ sɛ awofo yɛ wɔn mma ayayade, nanso wei nkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ abahyɛbɔne agyaa wɔn ma wɔayɛ nea wɔpɛ. Nwoma bi a wɔfrɛ no The Price of Privilege ka sɛ: “Sɛ awofo ma wɔn mma di bakoma a, mmofra no renhu sɛ panyin bi wɔ fie.” Sɛ woyɛ ɔwofo na woamfa wo nan ansi fam a, abofra no bɛsusu sɛ ɔno ara ne “agyeman” wɔ fie hɔ. Ɛbɛwie ase no na wakɔyɛ nea yɛnyɛ de animguase aba ma ebi aka wo.—Mmebusɛm 17:25; 29:21.
BIBLE KA SƐ: ‘Ɔbarima bɛfam ne yere ho, na wɔn mmienu no ayɛ ɔhonam korɔ.’—Mateo 19:5.
Bible kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbaa ware ansa na wɔawo mma. Mmofra bɛnyin afi fie, nanso aware no deɛ ɛbɛkɔ so atena hɔ. (Mateo 19:5, 6) Hyɛ no nsow sɛ modii kan waree ansa na morebɛyɛ awofo. Enti sɛ moma abofra no gye mo adwene nyinaa a, ‘ɔbɛbu ne ho atra so.’ (Romafoɔ 12:3) Sɛ awarefo gyegye wɔn mma so dodo a, ɛbɛtumi ama wɔn aware no mpo agyigya.
Nea Ɛbɛboa Awofo
Sɛ wode Bible mu nsɛm a ɛdidi so yi yɛ adwuma a, ɛbɛtumi aboa ma wode nteɛso a ɛfata ama wo mma.
Da ɔdɔ adi. “Monnhyɛ mo mma abufuo na wɔn abam ammu.”—Kolosefoɔ 3:21.
Si pi. “Momma mo Aane nyɛ aane, na mo Dabi nyɛ dabi.”—Mateo 5:37.
Da ntease adi. “Mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata.”—Yeremia 30:11.a
a Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, kɔ jw.org/tw. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > AWAREFO NE AWOFO. Wokɔ hɔ a, wobɛhu nsɛm te sɛ “Nyɛ Abahyɛbɔne,” “Sɛnea Wubegyina Osũ ne Nteɛteɛm Ano,” ne “Sɛnea Wobɛtete Wo Babun.”
-