-
Dadwene Abu So wɔ Baabiara!Ɔwɛn-Aban—2015 | July 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WOBƐDI DADWENE SO
Dadwene Abu So Wɔ Baabiara!
“Mekɔɔ sotɔɔ sɛ merekɔtɔ aduane nanso bisket nko ara na menyae, na na ne boɔ no deɛ yɛnka; ná abu abɔ ho bɛyɛ mpɛn 10,000! Ade kyee no, na aduane nni sotɔɔ biara mu.”—Paul, Zimbabwe.
“Me kunu frɛɛ me, na ɔde too m’anim sɛ ɔregyaw yɛn hɔ akɔ. Mɛyɛ dɛn atumi agyina saa asɛm yi ano? Me mma no nso bɛyɛ dɛn?”—Janet, United States.
“Bere a wɔbɔɔ abɛn denneennen no, medwane kɔhintawee, na medaa fam bere a na wɔretoto atuo no. Nnɔnhwerew pii akyi mpo no na me nsa da so ara repopo.”—Alona, Israel.
Yɛte mmere a dadwene ahyɛ mu mã mu. Bible ka sɛ ɛyɛ “mmerɛ a emu yɛ den.” (2 Timoteo 3:1) Sikasɛm mu ahokyere, mmusua a emu apaapae, akokoakoko, yarebɔne a atu atese, ne atoyerɛnkyɛm a ɛresisi no ama nnipa pii abɔ nnyennyan; wɔnhu nea wɔnyɛ. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne ɔhaw ahorow a yɛn ankasa hyia. Yɛtumi bisa yɛn ho sɛ: ‘Nea ahono wɔ me nipaduam no, ɛyɛ kansa anaa?’ ‘Me nananom bɛnyin no, na wiase te sɛn?’
Ɛnyɛ dadwene nyinaa na ɛyɛ bɔne. Sɛ yɛrekɔyɛ sɔhwɛ bi, anaa badwam dwumadi bi, anaa sɛ yɛrekɔpɛ adwuma a, yɛn yam taa hyehye yɛn. Sɛ yɛsuro sɛ asiane bi bɛto yɛn a, ɛboa ma yɛhwɛ yɛn ho yie na yɛampira. Nanso sɛ yɛma ehu, anaa dadwene hyɛ yɛn so bere nyinaa a ɛbɛtumi apira yɛn. Nnansa yi wɔyɛɛ nnipa bɛboro 68,000 ho nhwehwɛmu, na ɛbɛdaa adi sɛ adwendwene kakraa bi mpo bɛtumi ate obi nkwa nna so. Enti ntease wom sɛ Yesu bisaa sɛ: “Mo mu hwan na sɛ ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa baako aka ne nkwa nna ho?” Nokwarem no, adwendwene ntumi nto obi nkwa nna so. Ɛno nti Yesu de afotu mae sɛ: “Monnyae sɛ modwendwene.” (Mateo 6:25, 27) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi agyae adwendwene?
Mmuaeɛ no ara ne sɛ yɛbɛda nyansa adi, anya Onyankopɔn mu gyidi, na afei yɛanya daakye ho anidaso a ɛyɛ papa. Sɛ seesei yɛnhyia tebea a emu yɛ den mpo a, yɛbɛtumi ahyia bi daakye. Enti momma yɛnhwɛ sɛnea saa nyansahyɛ yi atumi aboa Paul, Janet, ne Alona ma wɔatumi agyina wɔn dadwene ano.
-
-
Sikasɛm Ho DadweneƆwɛn-Aban—2015 | July 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WOBƐDI DADWENE SO
Sikasɛm Ho Dadwene
Paul yɛ okunu ne agya a ɔwɔ mma mmienu, na asɛm a ɔkae ne sɛ: “Bere a nneɛma boɔ huri kɔɔ soro wɔ yɛn man mu no, aduane boɔ yɛɛ den na na wonnya bi mpo ntɔ. Sɛ yɛrekɔtɔ aduane a, na yɛtumi de nnɔnhwerew pii di santen mu, nanso mpɛn pii no, ansa na ɛbɛdu yɛn nso no na aduane no asa. Ɔkɔm no maa nnipa dodow no ara fomfɔnee yie, na ebinom mpo twa hwee mmɔnten so. Nneɛma nketenkete boɔ kɔɔ soro paa ma enti na sika mpempem pii mpo ntumi ntɔ hwee. Awiei koraa no, ɔman no sika bɛyɛɛ sɛ nwura bi. Me sika a ɛwɔ sikakorabea, me nsiakyibaa, ne me pɛnhyen sika nyinaa hyewee.”
Paul
Ná Paul nim sɛ, sɛ n’abusua bɛtumi atena ase a, na ɛsɛ sɛ ɔde “nyansa” yɛ n’ade. (Mmebusɛm 3:21) Ɔkaa sɛ: “Ná meyɛ anyinam ahoɔden ho adwuma, nanso adwuma biara me nsa bɛsɔ mu no na meyɛ, ɛmfa ho sɛ akatua no sua no. Ebinom de nnuane anaa nneɛma foforo na na etua me ka. Sɛ wɔde samina nnan tua me ka a, mefa mmienu na matɔn mmienu. Nkakrankakra menyaa nkokɔ mma 40. Bere a wɔnyinii no, metɔn wɔn de tɔɔ nkokɔ mma 300. Akyiri yi mede nkokɔ 50 kɔgyee aburo mmɔtɔ mmienu. Metumi de saa aburo no hwɛɛ m’abusua ne mmusua foforo bere tenteenten.”
Ná Paul nim nso sɛ ade a nyansa wom a ɛsɛ sɛ obi yɛ ne sɛ ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so. Sɛ yɛdi Onyankopɔn ahyɛde so a, ɔboa yɛn. Ɛdefa asetenam nneɛma a yɛhia ho no, Yesu kaa sɛ: “Monnnwennwene nnha mo ho ɛfiri sɛ . . . mo Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi.”—Luka 12:29-31.
Awerɛhosɛm ne sɛ, Satan, Onyankopɔn tamfo kɛse no, adaadaa wiase mu nnipa pii ma wɔde wɔn adwene nyinaa asi honam fam nneɛma so. Ebinom haw wɔn ho dodo wɔ nneɛma a wɔhia ne nea wɔsusu sɛ wɔbɛhia ho, na wɔyɛ nea wɔbɛtumi biara sɛ wɔn nsa bɛka nneɛma a wɔnhia ankasa mpo. Ebinom soa ɛka pii gu wɔn ho so, na sɛ ɛkɔ wɔn ani a, wɔhu sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware: “Deɛ ɔgye obi hɔ bosea no yɛ akoa ma deɛ ɔbɔ no bosea no.”—Mmebusɛm 22:7.
Afoforo nso sisi gyinae a ɛnyɛ koraa. Paul kaa sɛ: “Nnipa a yɛne wɔn te mpɔtam gyaa wɔn mmusua ne wɔn nnamfonom hɔ kɔhwehwɛɛ ‘asetena pa’ wɔ obi man so. Ebinom kɔe a na wɔnni tumi krataa, enti wɔannya adwuma anyɛ. Mpɛn pii no, na wɔde wɔn ho sie polisifo, na mpo wɔda abɔnten. Saa nkurɔfo no amfa wɔn ho anto Onyankopɔn so. Nanso na menim sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn, enti me ne m’abusua sii yɛn bo sɛ yɛbɛgyina sikasɛm mu ɔhaw no ano.”
YƐTIEE YESU AFOTU
Paul toaa so sɛ: “Yesu kaa sɛ: ‘Monnnwennwene ɔkyena ho, na ɔkyena no ara bɛnya ne dadwene. Da biara mu bɔne no ara dɔɔso ma da no.’ Enti daa mpae a na mebɔ ne sɛ, Onyankopɔn ‘mma yɛn nnɛ aduane’ na ɔkɔm anku yɛn. Na sɛnea Yesu kae no, Onyankopɔn tiee yɛn mpaebɔ. Ɛnyɛ nea yɛpɛ nyinaa na na yɛn nsa ka. Bere bi, mekɔtoo santen sɛ merekɔtɔ aduane a na mennim aduane kõ. Ɛreyɛ adu me so no, mehuu sɛ ɛyɛ yogɔt. Yogɔt yɛ aduane a mempɛ, nanso mefaa no saa ara. Saa anwummere no ɛno na yɛdi dae. Meda Onyankopɔn ase sɛ saa mmere bɔne no mu no, me ne m’abusua anna kɔm da.”a
Onyankopɔn aka sɛ: “Merennya wo na merempa wo nso da.”—Hebrifoɔ 13:5
“Seesei yɛn sikasɛm mu yɛ kakra. Nanso nea yɛfaa mu no ama yɛahu sɛ sɛ dadwene hyɛ obi so a, ano aduro paa ne sɛ ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so. Sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Yehowab apɛde na yɛyɛ a, ɔno nso bɛboa yɛn bere nyinaa. Yɛabɛhu sɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 34:8 no yɛ nokware. Ɛka sɛ: ‘Monka nhwɛ na monhunu sɛ Yehowa yɛ; anigyeɛ ne ɔbarima a ɔdwane toa no.’ Ne saa nti sɛ sikasɛm mu ahokyere a ɛte saa ba bio mpo a, yɛnsuro.
Onyankopɔn boa n’asomfo anokwafo ma wɔnya “aduane wɔ da yi mu”
“Seesei yɛabɛhu paa sɛ ɛnyɛ adwuma anaa sika na onipa hia na ama watena ase, na mmom aduane. Yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn bɔhyɛ yi mmamu: ‘Asase no so nnɔbaeɛ bɛdɔɔso.’ Enti ɛnkɔsi saa bere no, ‘sɛ yɛwɔ yɛn ano aduane ne deɛ yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.’ Bible mu asɛm yi ma yɛnya awerɛkyekye, ɛka sɛ: ‘Mommma sikanibereɛ mmma mo asetena mu, na momma deɛ mowɔ no ara nnɔɔso mma mo. Na waka sɛ: “Merennya wo na merempa wo nso da.” Ɛma yɛnya akokoɔduro ka sɛ: “Yehowa ne me boafoɔ; merensuro.”’”c
Ɛgye gyidi ankasa na obi atumi ne ‘Onyankopɔn anante’ sɛnea Paul ne n’abusua reyɛ no. (Genesis 6:9) Sɛ yɛrehyia sikasɛm mu ahokyere seesei oo anaa daakye na yɛbɛhyia bi oo, yɛbɛtumi asua biribi paa afi gyidi a Paul daa no adi ne nyansa a ɔde yɛɛ adwuma no mu.
Nanso sɛ abusua mu haw ahorow na ama dadwene ahyɛ yɛn so nso ɛ?
a Hwɛ Mateo 6:11, 34.
b Bible ma yɛhu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.
-
-
Abusua Ho DadweneƆwɛn-Aban—2015 | July 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WOBƐDI DADWENE SO
Abusua Ho Dadwene
Janet ka sɛ: “Me papa wui no, ankyɛ koraa na me kunu ka kyerɛɛ me sɛ wahu ɔbaa foforo. Ɔkaa saa no, anni nnanu anni nnansa na ofii ase hyehyɛɛ ne nneɛma nyinaa; ogyaw me ne yɛn mma mmienu hɔ a wankra yɛn mpo.” Janet nyaa adwuma nanso na akatua a ɔgye no nso hwee wɔ fie. Ɛnyɛ sikasɛm nko na na ɛyɛ ne haw. Ɔka sɛ, “Sɛ medwene asɛyɛde foforo pii a na abɛgu me so no ho a, na ɛgyaw me kɔdaanna. Ná mentumi nhwɛ me mma sɛnea awofo foforo yɛ no, enti na ɛhaw me. Seesei mpo, ɛyɛ a metaa dwene sɛnea afoforo hu me ne me mma no ho. Mesusu sɛ ebia wɔn adwene yɛ wɔn sɛ manyɛ m’ade sɛ ɔbaa warefo nti na m’aware asɛe no.”
Janet
Mpaebɔ boa Janet ma ɔtumi hyɛ ne ho so, na ɛboa no nso ma ɔhyɛ ɔne Onyankopɔn adamfofa mu den. Ɔka sɛ, “Sɛ ɛdu anadwo a ewim atɛm dinn no a, na ato me ne adwendwene. Sɛ mebɔ mpae kenkan Bible a, ɛma metumi da. Bible mu asɛm a ɛyɛ me dɛ paa ne nea ɛwɔ Filipifoɔ 4:6, 7 no. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Monnnwennwene biribiara nnha mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim adeɛ nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛboro adwene nyinaa soɔ no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma ne mo adwene nsusuiɛ ho ban.’ Mpɛn pii no mebɔ mpae anadwo, na mahu sɛ Yehowa asomdwoe akyekye me werɛ.”
Mpaebɔ a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne Bepɔ so Asɛnka mu no yɛ awerɛkyekyesɛm a ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn haw nyinaa so. Ɔkaa sɛ: “Mo Agya Onyankopɔn nim nneɛma a ɛhia mo koraa ansa na moabisa no.” (Mateo 6:8) Na ɛho hia sɛ yɛbisa no. Mpaebɔ yɛ ɔkwan titiriw a yɛbɛtumi afa so ‘abɛn Onyankopɔn.’ Sɛ woyɛ saa a, dɛn na ɛbɛfiri mu aba? ‘Ɔbɛbɛn wo.’—Yakobo 4:8.
Nokware mu no, sɛ yɛbɔ mpae ka nea ɛhaw yɛn kyerɛ Onyankopɔn a, ɛnyɛ akomatɔyam nko na yɛnya. Yehowa, “mpaebɔ Tiefoɔ” no nso di boa obiara a ɔde gyidi ba ne nkyɛn no. (Dwom 65:2) Ɛno nti, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ‘wɔmmɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba.’ (Luka 18:1) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bisa Onyankopɔn hwehwɛ n’akwankyerɛ ne ne mmoa, na yɛnya ahotoso sɛ ɔbɛtua yɛn ka wɔ gyidi a yɛda no adi no ho. Na ɛnsɛ sɛ yɛnya adwene da sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ ɔbɛdi ama yɛn. Sɛ ‘yɛannnyae mpaebɔ da’ a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi ankasa.—1 Tesalonikafoɔ 5:17.
NEA ƐKYERƐ ANKASA SƐ OBI WƆ GYIDI
Sɛ yɛka gyidi koraa a, ɛkyerɛ dɛn? Gyidi kyerɛ sɛ ‘wobɛhu’ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa. (Yohane 17:3) Sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn a, nea ɛdi kan koraa no ɛsɛ sɛ yɛsua Bible no hu n’adwene. Bible ma yɛhu sɛ Onyankopɔn hu yɛn mu biara na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Nanso sɛ yɛka gyidi paa a, ɛnkyerɛ sɛ yɛbɛhu Onyankopɔn ho nsɛm kɛkɛ. Ɛkyerɛ nso sɛ yɛbɛfa Onyankopɔn adamfo na yɛanya obu kɛse ama no. Sɛnea yɛrentumi ne obi mfa adamfo prɛko pɛ no, saa ara na ɛte wɔ yɛne Onyankopɔn adamfofa mu. Bere a yɛgu so resua ne ho ade na yɛyɛ “deɛ ɛsɔ n’ani daa,” na afei yɛhu sɛnea ɔreboa yɛn no, na yɛn gyidi nso ‘renya nkɔsoɔ.’ (2 Korintofoɔ 10:15; Yohane 8:29) Saa gyidi no na aboa Janet ma watumi agyina dadwene ahorow ano.
Janet ka sɛ: “Nea aboa ama me gyidi ayɛ den ne sɛ, mahu sɛ Yehowa nsa wɔ nea meyɛ biara so. Mpɛn pii no afoforo ne yɛn nni no yie, na ɛte sɛ nea yɛntumi nyɛ ho hwee. Sɛ ɛba saa a yɛkɔ so bɔ mpae na bere nyinaa Yehowa ma kwan bɛda ho, na metumi di ho dwuma ma ɛyɛ me nwonwa. Sɛ meda no ase a, ɛma mekae nneɛma pii a wayɛ ama me no. Bere nyinaa ɔtwitwa gye yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu; mpɛn pii no bere a yɛhia no paa mu. Afei nso wama manya Kristofo mmaa ne mmarima anokwafo a wɔyɛ nnamfo pa. Wɔboa me bere nyinaa na wɔn nhwɛso pa no hyɛ me mma no nkuran.”a
“Mahu nea enti a Yehowa ka wɔ Malaki 2:16 sɛ, ‘ɔkyiri awaregyaeɛ’ no. Sɛ wo hokafo de wo si mu a, ɛyɛ yaw paa. Me kunu dwane gyaa yɛn no, mfe kakra atwam, nanso ɛtɔ mmere bi a mete nka sɛ mayɛ ankonam na me so nni mfaso. Sɛ ɛba saa a, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nneɛma aboa afoforo, na bere biara a mɛyɛ saa no ɛboa me nso.” Janet de Bible mu asɛm a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛte yɛn ho fi afoforo ho no bɔ ne bra na aboa no ma ne dadwene so atew.b —Mmebusɛm 18:1.
Onyankopɔn yɛ “nnyanka agya ne akunafoɔ temmufoɔ.”—Dwom 68:5
Janet ka sɛ: “Mabɛhu sɛ Onyankopɔn yɛ ‘nnyanka agya ne akunafoɔ temmufoɔ’ anaa bammɔfoɔ, na ɛno akyekye me werɛ paa. Ɔrennyaw yɛn akwantemfi sɛnea me kunu yɛe no.” (Dwom 68:5) Janet nim sɛ Onyankopɔn “mfa nnebɔne” nsɔ yɛn nhwɛ. Mmom no “ɔyi ne yam ma nnipa nyinaa” nyansa, na ɔma yɛn “tumi a ɛboro onipa deɛ” so na aboa ama yɛagyina yɛn dadwene ahorow ano.—Yakobo 1:5, 13; 2 Korintofoɔ 4:7.
Nanso sɛ yɛn nkwa a ɛda asiane mu nti na ama dadwene ahyɛ yɛn so nso ɛ?
b Sɛ wopɛ nsɛm foforo a ɛbɛboa wo ma woagyina dadwene ano a, hwɛ asɛm, “Woma W’abam Bu Ntɛm?” a ɛwɔ July 2015 Nyan! mu no. Ɛwɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com/tw.
-
-
Asiane Ho DadweneƆwɛn-Aban—2015 | July 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WOBƐDI DADWENE SO
Asiane Ho Dadwene
Alona ka sɛ: “Sɛ mete sɛ wɔrebɔ abɛn denneennen a, na me koma rebɔ pariparipari. Sɛ ɛba saa a, medwane kɔhyɛ baabi a etuo ntumi nka me. Nanso, sɛ mehyɛ hɔ mpo a, me koma ntɔ me yam. Sɛ mewɔ abɔnten na mete abɛn no a, ɛnde na mawu koraa efisɛ baabiara nni hɔ a mɛtumi de me ti akɔhyɛ. Bere bi a menam abɔnten a abɛn no bɔe no, mefirii ase sui na na mentumi nhome. Ɛdii nnɔnhwerew pii ansa na me koma retɔ me yam. Ankyɛ na abɛn no san bɔɔ bio.”
Alona
Nneɛma a ɛde asiane ba no, akodi yɛ mu baako pɛ. Nhwɛso bi ni, sɛ wohu sɛ w’ankasa, anaa wo dɔfo bi anya owuyare bi a, ɛbɛtumi ayɛ te sɛ nea wɔawɔ wo sekan. Ebinom nso, ehu bɛtumi ama adwendwene ahyɛ wɔn so. Ɛyɛ a wɔbisa sɛ, ‘Enti me mma anaa me nananom rebɛtena wiase a akodi, nsɛmmɔnedi, efĩ, wiem nsakrae bɔne, ne yaredɔm ahyɛ mu mã yi mu?’ Yɛbɛyɛ dɛn agyina dadwene a ɛte saa ano?
Esiane sɛ yɛnim sɛ nneɛma bɔne tumi sisi nti, “onitefoɔ hunu mmusuo na ɔde ne ho hunta.” (Mmebusɛm 27:12) Sɛnea yɛbɔ mmɔden bɔ yɛn ho ban fi asiane ahorow ho no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bɔ yɛn adwene ho ban na yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a ɛbɛtumi ahyɛ yɛn awerɛhoɔ ho. Nneɛma a yɛde gyegye yɛn ani a awudisɛm wɔ mu ne mfonini a ani yɛ nyan a wɔyi bere a wɔrema kaseɛbɔ no bɛtumi ama yɛn mma ne yɛn ankasa koma atu. Sɛ yɛanhwɛ mfonini a ɛte saa a, ɛno nkyerɛ sɛ yɛyɛ ahufo. Onyankopɔn ammɔ yɛn adwene no sɛ yɛmfa nsusu nneɛma bɔne ho. Mmom no, ɔbɔe sɛ yɛmfa nsusu ‘biribiara a ɛyɛ nokorɛ, ɛtene, ɛho teɛ, na ɛyɛ fɛ’ ho. Sɛ yɛyɛ saa a, “asomdwoeɛ Nyankopɔn” no bɛma yɛanya asomdwoeɛ ne akomatɔyam.—Filipifoɔ 4:8, 9.
MPAEBƆ SO WƆ MFASO
Gyidi ankasa boa yɛn ma yɛtumi gyina dadwene ano. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, ‘yɛnwɛn mma mpaebɔ.’ (1 Petro 4:7) Yɛbɛtumi abɔ mpae asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn, na ɔmma yɛn nyansa ne akokoduru mfa nnyina tebea biara ano, na yɛwɔ ahotoso sɛ ‘ɔbɛtie biribiara a yɛbisa no’ no.—1 Yohane 5:15.
Ɔne ne kunu Avi
Bible kyerɛ sɛ Satan ne “wiase yi sodifoɔ” na ɛnyɛ Onyankopɔn. Ɛsan ka sɛ, “wiase nyinaa da ɔbɔnefoɔ no tumi mu.” (Yohane 12:31; 1 Yohane 5:19) Enti bere a na Yesu rekyerɛ sɛnea yɛbɛbɔ mpae no, ɔkaa no tẽẽ sɛ: “Gye yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.” (Mateo 6:13) Alona ka sɛ: “Bere biara a mɛte abɛn no, mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me na ehu ammunkam me so. Afei nso, me kunu tumi frɛ me ma yɛbom bɔ mpae. Mpaebɔ boa me paa.” Wei ne nea Bible ka no hyia. Ɛka sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛdie mu no.”—Dwom 145:18.
ANIDASO A YƐWƆ DAAKYE
Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahennie mmra.” (Mateo 6:10) Onyankopɔn Ahenni no bɛyi biribi bɔne biara a ɛde adwendwene ba yɛn so no afi hɔ koraa. Onyankopɔn nam Yesu, “Asomdwoeɛ Hene” no so bɛma ‘akodie agyae akɔsi asase ano.’ (Yesaia 9:6; Dwom 46:9) ‘Onyankopɔn bɛbu atɛn aman pii mu. Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman foforɔ so, na wɔrensua akodie bio. Na obiara renyi wɔn hu.’ (Mika 4:3, 4) Mmusua a wɔwɔ anigye bɛsisi “adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.” (Yesaia 65:21) “Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24.
Ɛnnɛ, sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yie sɛ dɛn mpo a, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛbɛtumi abɔ yɛn ho ban afi asiane ho. Biribi a ‘yɛnhwɛ kwan’ anaa asiane bɛtumi ato yɛn bere biara. (Ɔsɛnkafoɔ 9:11) Ɛfiri tete na akodi, awudisɛm, ne yareɛ ama nnipa pa pii awuwu. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔte saa no?
Nnipa mpempem pii awuwu a Onyankopɔn nko ara na ɔnim wɔn dodow, na ɔbɛnyane wɔn aba nkwa mu bio. Seesei deɛ wɔn nyinaa ada wɔ Onyankopɔn nkaeɛ mu kɔsi da a ‘wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛfiri adi.’ (Yohane 5:28, 29) Bible ka owusɔre ho asɛm, na ɛma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yɛwɔ saa anidasoɔ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛtim hɔ na ɛyɛ pintinn.” (Hebrifoɔ 6:19) Na Onyankopɔn ‘anyane Yesu afiri awufoɔ mu de ayɛ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.’—Asomafoɔ Nnwuma 17:31.
Seesei deɛ, wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde mpo no, adwendwene bɛtumi ahyɛ wɔn so. Paul, Janet, ne Alona de nyansa yɛɛ adwuma, wɔbɛn Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu, na daakye ho anidaso a Bible ka ho asɛm mu gyidi a wɔwɔ no aboa wɔn ma wɔatumi agyina dadwene ano. “Onyankopɔn a ɔma anidasoɔ no mfa gye a mogye die so mma anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nyɛ mo mã” sɛnea ɔyɛ maa wɔn no.—Romafoɔ 15:13.
-