-
Sɛnea Wubenya Wo Nneyɛe Pa So MfasoNyan!—2016 | No. 4
-
-
ASƐM A ƐDA SO
Sɛnea Wubenya Wo Nneyɛe Pa So Mfaso
BERE biara a Austin wɔɔkye dɔn bɛbɔ anɔpa no, na n’ani twan so. Nanso esiane sɛ ɛyɛ a ɔde atade a ɔde tenetene n’apɔw mu gu baabi a ɛbɛn no nti, ntɛm ara na wafa ahyɛ akotu mmirika kakra—afe baako ni, nnawɔtwe biara ɔyɛ saa mprɛnsa.
Ɛnkyɛe koraa na Laurie ne ne kunu koe. Bere a abufuw no da so wɔ ne mu no, ɔbɔ wuraa ne gyaade kodii chocolate a ɛwɔ hɔ nyinaa—ɔno deɛ, ne bo fuw a, saa na ɔtaa yɛ.
Dɛn na yehu wɔ Austin ne Laurie nyinaa ho? Sɛ́ ebia wonim anaa wonnim no, wɔn suban de wɔn ayɛ nkoa.
Wo nso ɛ? Nneɛma bi wɔ hɔ a wunyae a, anka ne yɛ aka wo hɔ? Ebia wode asi w’ani so sɛ wobɛtenetene w’apɔw mu daa. Ebi nso a, wopɛ sɛ wunya bere pii de da, anaa wopɛ sɛ wohyɛ wo ne wo nnamfo abusuabɔ mu den.
Ebetumi aba nso sɛ, subammɔne bi wɔ hɔ a wunyae a anka woagyae. Ebi ne sigaretnom, sradeduan bebrebe a wubegyae di, anaa bere pii a wosɛe wɔ Intanɛt ho.
Anokwa, ɛnna fam sɛ wubeyi subammɔne akwa. Subammɔne ayɛ sɛ baabi a ɛhɔ yɛ hyew awɔw bere mu. Ɛfrɛfrɛ nnipa. Nanso sɛ obi nya kɔhyɛ hɔ a, na ayɛ den sɛ obepue!
Enti wobɛyɛ dɛn anya wo nneyɛe so mfaso sen sɛ wobɛma apira wo? Hwɛ Bible mu afotusɛm a edidi so yi na hyɛ nyansahyɛ mmiɛnsa a edidi so no nsow.
-
-
1. Mfa Nneɛma Nkyekyere Wo HoNyan!—2016 | No. 4
-
-
ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WUBENYA WO NNEYƐE PA SO MFASO
1 Mfa Nneɛma Pii Nkyekyere Wo Ho
Ebia wubenya adwene sɛ, ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae nnɛ ne ɔkyena yi ara. Wobɛhwɛ mpo no, na woahyɛ wo ho bɔ sɛ, ‘nnawɔtwe yi megyae sigaretnom, merenka ntam bio, mɛda ntɛm, mefi ase atenetene m’apɔw mu, medidi yiye na afei deɛ, mɛfrɛ me nana wɔ fon so.’ Nea ɛwom ara ne sɛ, sɛ wode nneɛma pii kyekyere wo ho a, worentumi nyɛ baako mpo nwie!
BIBLE MU ASƐM: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.”—Mmebusɛm 11:2.
Obi a ɔbrɛ ne ho ase no mfa nneɛma pii nkyekyere ne ho. Onim sɛ ɛnyɛ biribiara na obenya bere ne ahoɔden de ayɛ. Saa ara nso na ɛnyɛ nea obiara pɛ na onya. Enti sɛ anka ɔde dakoro bɛyɛ biribiara no, ɔmpere ne ho na mmom ɔto ne bo ase yɛ no nkakrankakra.
Sɛ wode nneɛma pii kyekyere wo ho a, worentumi nyɛ baako mpo nwie!
NEA WUBETUMI AYƐ
Fa ade baako anaa mmienu bi a wopɛ sɛ woyɛ anaa wugyae yɛ si w’ani so. Sɔ nea edidi so yi hwɛ:
Fa pɛn ne krataa na kyerɛw nneɛma a w’ani gye ho paa a wopɛ sɛ woyɛ, ne nneɛma a w’ani nnye ho a wunyae a anka wubegyae nyinaa.
Hyehyɛ ma nea ehia wo paa no nni kan na ɛntoatoa so saa ara.
Yɛ no nkakrankakra—ebia ɔfã biara no, yi ade baako anaa mmienu bi na yere wo ho yɛ ɛno nko ara ho adwuma. Wuwie a, kɔ nea edi hɔ no so.
Sɛ nsakrae no bɛba ntɛmtɛm a gye sɛ wode suban pa bi si nea enye no ananmu. Nea wubetumi ayɛ ni. Yɛmfa no sɛ ebia subammɔne a ɛhaw wo ne sɛ wohwɛ TV dodow; ɛnna suban pa a wopɛ sɛ wunya ne sɛ wobɛtaa asrasra w’adɔfo. Wubetumi ayɛ w’adwene sɛ: ‘Sɛ́ anka mifi adwuma ba ara pɛ a mɛsɔ TV no, mede saa bere no mmom bɛfrɛ me busuani anaa m’adamfo bi ne no abɔ nkɔmmɔ.’
-
-
2. Hwɛ Baabi a Wote ne Nnipa a Wo Ne Wɔn BɔNyan!—2016 | No. 4
-
-
ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WUBENYA WO NNEYƐE PA SO MFASO
2 Hwɛ Baabi a Wote ne Nnipa a Wo ne Wɔn Bɔ
Woaka sɛ wobɛhwɛ w’adidi yiye, nanso ice cream bi a w’ani tua deɛ, ɛte sɛ nea wuyi w’ani fi ho a, enyi.
Woasi wo bo sɛ wobegyae sigaretnom, nanso wobɛhwɛ no na w’adamfo a onim paa sɛ wopɛ sɛ wugyae no abrɛ wo sigaret sɛ nom.
Woyɛɛ w’adwene sɛ nnɛ wobɛtenetene w’apɔw mu, nanso baabi a wo mpaboa hyɛ no ama w’abam abu!
Dɛn na wohyɛɛ no nsow wɔ nsɛm yi nyinaa mu? Osuahu ama yɛahu sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, sɛ́ ɛyɛ biribi a yɛreyɛ anaa ɛyɛ nnipa a yɛne wɔn bɔ no, ɛma yetumi nya suban pa na yegyae subammɔne.
BIBLE MU ASƐM: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw, na ogyimfo de, ɔfa mu, na onya ho asotwe.”—Mmebusɛm 22:3.
Bible ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan toto yɛn nneɛma yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebedu yɛn botae ho. (2 Timoteo 2:22) Ne korakora no, sɛ yɛtoto yɛn nneɛma yiye a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ anyansafo.
Ma ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ nea wompɛ na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ nea wopɛ
NEA WUBETUMI AYƐ
Ma ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ nea wompɛ. Yɛmfa no sɛ wompɛ sɛ wudi sradeduan. Ɛnde, ntɔ ho nneɛma ngu wo gyaade. Ɛba saa na sɛ wo kɔn dɔ mpo a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛhyɛ wo ho so.
Ma ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ nea wopɛ. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ anɔpa wobɛtenetene w’apɔw mu ansa na woayɛ ade foforo biara a, ɛnde sɛ worekɔda anwummere a, fa ntade a wode bɛtenetene w’apɔw mu no gu wo mpa no nkyɛn. Sɛ anyɛ den amma wo sɛ wobɛtenetene w’apɔw mu a, ɛrenkyɛ na aka wo hɔ.
Sɛ worepaw nnamfo a, yɛ ahwɛyiye paa. Nnipa a yɛne wɔn bɔ no, ɛnkyɛ na yɛayɛ te sɛ wɔn. (1 Korintofo 15:33) Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔnyɛ nnamfo pa, subammɔne a wopɛ sɛ wugyae no, ɛno ara na wɔbɛtwetwe wo ma woayɛ. Enti wo ne wɔn mmmɔ, na mmom fa wo ho bɔ nkurɔfo a wɔbɛboa wo ma woanya suban pa.
-
-
3. Mma W’abam MmuNyan!—2016 | No. 4
-
-
ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WUBENYA WO NNEYƐE PA SO MFASO
3 Mma W’abam Mmu
Ɔbenfo bi kaa sɛ egye nnafua 21 ansa na suban bi atumi aka obi hɔ. Nanso nhwehwɛmu ama ada adi sɛ ebinom wɔ hɔ a, ɛnkyɛ na wɔahu ade foforo yɛ. Ebinom nso deɛ, wohia mmere pii ansa na nneyɛe foforo bi agye ntini wɔ wɔn mu. Enti ɛsɛ sɛ wei ma w’abam bu anaa?
Wo deɛ, susuw wei ho hwɛ: Fa no sɛ wopɛ sɛ nnawɔtwe biara wotenetene w’apɔw mu mprɛnsa. Enti woayi nnafua mmiɛnsa asi hɔ a wode bɛyɛ saa.
Nnawɔtwe a edi kan, wutumi kɔɔ mprɛnsa no nyinaa.
Nnawɔtwe a ɛto so mmienu, woantumi ankɔ dakoro.
Nnawɔtwe a ɛto so mmiɛnsa, wokɔɔ ne nyinaa.
Nnawɔtwe a ɛtɔ so nnan no mu deɛ, wobrɛe ansa na worekɔ baako.
Nnawɔtwe a ɛto so nnum no, wutumi kɔɔ ne nyinaa bio, na efi hɔ no wantew anna bio.
Enti anyɛ mmerɛw, egyee nnawɔtwe nnum ansa na woretumi atenetene w’apɔw mu nnawɔtwe biara. Wobɛka sɛ ɛkyɛe, nanso sɛ wunya du wo botae ho a, w’ani begye paa sɛ woyɛɛ saa.
BIBLE MU ASƐM: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.”—Mmebusɛm 24:16.
Bible tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Awiei ne asɛm no. Bere dodow a yɛbɛhwe ase no deɛ, ɛho nhia na mmom bere biara a yɛbɛhwe ase no, ɛsɛ sɛ yɛsɔre bio.
Bere dodow a yɛbɛhwe ase no deɛ, ɛho nhia na mmom bere biara a yɛbɛhwe ase no, ɛsɛ sɛ yɛsɔre bio
NEA WUBETUMI AYƐ
Mfa ahwease nyɛ nna. Bere a worebɔ mmɔden sɛ wubedu wo botae ho no, hu sɛ ɛnyɛ da biara na ɛbɛkɔ yiye.
Fa w’adwene si bere a nneɛma kɔɔ yiye no so. Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wohwɛ sɛnea ɛyɛ a, wo ne wo mma kasa no yiye. Sɛ saa a, bisa wo ho sɛ: ‘Da bɛn na anka mereyɛ ateateam agu me mma so nanso manyɛ? Dɛn na meyɛe mmom? Mɛyɛ dɛn ayɛ saa bio?’ Nsɛm a ɛte saa a wubebisa wo ho no bɛboa wo ma wode w’adwene asi mmɔden a worebɔ no so sen sɛ wode besi nea ankɔ yiye no so.
W’ani begye ho sɛ wubehu sɛnea Bible mu afotusɛm betumi aboa wo ma woagyina dadwen ano, anya abusua asetena a ɛyɛ anigye, na woanya akomatɔyam? Ɛnde sɛ wuhyia Yehowa Danseni biara a, wone no nkasa anaa kɔ yɛn wɛbsaet, jw.org.
-