Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 1/13 kr. 4-5
  • Ɔbabun a Wo Ne No Bedi Nkitaho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbabun a Wo Ne No Bedi Nkitaho
  • Nyan!—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ASƐNNENNEN
  • Sɛ Wo Ba a Ɔyɛ Ɔbabun Di Wo Huammɔ a, Dɛn Na Wobɛyɛ?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Sɛnea Wobɛhyehyɛ Mmara Ama Wo Babun
    Nyan!—2013
  • Boa Wo Ba Aberantewaa Anaa Ababaawa Ma Onnya Nkɔso
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Hu Sɛnea Wo ne Wo Ba Bɛkasa​—Munnnye Akyinnye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2013
g 1/13 kr. 4-5

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Ɔbabun a Wo Ne No Bedi Nkitaho

ASƐNNENNEN

Bere a wo ba yɛ abofra no, na ɔka biribiara kyerɛ wo. Bere a wanyin abɛyɛ ɔbabun no, ɔnka hwee nkyerɛ wo bio. Bere biara a wopɛ sɛ wo ne no bɔ nkɔmmɔ no, ɔmpɛ sɛ ɔkasa anaasɛ nkɔmmɔbɔ no dan akasakasa wɔ fie hɔ.

Wubetumi asua sɛnea wo ne wo ba a ɔyɛ ɔbabun bɛbɔ nkɔmmɔ. Nanso, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wususuw nneɛma abien a ebetumi ama asɛnnennen yi asɔre no ho.

NEA ƐMA ƐBA SAA

Ɔhwehwɛ ahofadi. Sɛ wo ba a ɔyɛ ɔbabun benyin abɛyɛ ɔpanyin pa a, ɛsɛ sɛ osua sɛnea wodi asetena mu nsɛnnennen ho dwuma. Ɛwom, mmabun bi hwehwɛ ahofadi pii sen nea wohia; na awofo bi nso mfa ahofadi a ɛsɛ sɛ mmabun nya no mma wɔn. Ntawntawdi a ebefi mu aba no betumi ayɛ ɔhaw kɛse ama awofo ne mmabun nyinaa. Brada a wadi mfe 16 nwiinwii sɛ: “M’awofo pɛ sɛ wɔkyerɛ me biribiara a ɛsɛ sɛ meyɛ wɔ m’asetena mu. Sɛ midi mfe 18 na wɔamma me ahofadi a mihia a, metu afi fie!”

Sɛnea wotumi susuw nneɛma ho. Mmofra nkumaa taa gye asɛm a obiara ka di, sɛ́ ɛyɛ nokware anaasɛ ɛnyɛ nokware. Nanso mmabun pii tumi hu sɛ ɛnyɛ asɛm biara na ɛyɛ nokware. Ɛho hia sɛ ɔbabun susuw nneɛma ho wɔ saa kwan yi so na aboa no ma wanya atɛmpa. Susuw nhwɛso yi ho: Abofra wɔ adwene bi sɛ ɛsɛ sɛ wɔne obiara di no pɛpɛɛpɛ: ‘Sɛ me maame rekyɛ paanoo mu ama yɛn a, mehwɛ kwan sɛ ɔbɛkyɛ mu abien pɛpɛɛpɛ. Ɔde fã ma me a na ɔde fã nso ama me nua.’ Ɛba saa a, ɔfa no te sɛ nea wobu akontaa ara pɛ. Nanso, mmabun de wonhu no sɛ ɛyɛ mmerɛw saa. Nokwarem no, sɛ wɔkyɛ biribi pɛpɛɛpɛ ma nnipa bi a, ɛno nkyerɛ sɛ wɔne wɔn nyinaa adi no pɛpɛɛpɛ wɔ biribiara mu. Sɛ wo ba a ɔyɛ ɔbabun tumi susuw nneɛma ho a, ɛboa no ma ɔte nsɛm a asete yɛ den saa no ase. Ɔhaw bɛn na efi mu ba? Ɛno mma ɔne wo nyɛ adwene wɔ nsɛm ho.

NEA WUBETUMI AYƐ

Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, wo ne no mmɔ nkɔmmɔ. Fa hokwan biara a wubenya no yɛ saa. Sɛ nhwɛso no, awofo binom ahu sɛ mmerantewa ne mmabaa taa pɛ sɛ wɔne wɔn awofo bɔ nkɔmmɔ bere a wɔreyɛ fie nnwuma, anaa wɔte kar mu ne bere a wɔne wɔn awofo nam kwan so sen sɛ wɔne wɔn bɛhyɛ da atena ase abɔ nkɔmmɔ.—Bible mu nnyinasosɛm: Deuteronomium 6:6, 7.

Ma ɛnyɛ tiawa. Ɛnsɛ sɛ motwe asɛm biara mu twann araa ma ɛde abufuw ba. Mmom sɛ wokyerɛ w’adwene wie a . . . na woatwa so. Akyiri yi, sɛ ɛka wo ba no nkutoo na otumi susuw asɛm a wokae no ho a, “ɔbɛte” wo nsɛm no mu fã kɛse no ara ase. Ma no kwan ma ɔnyɛ saa.—Bible mu nnyinasosɛm: Mmebusɛm 1:1-4.

Tie—na yɛ fakaa. Tie asɛm no yiye—ntwa n’ano—na ama woahu nea ɛhaw no no mu yiye. Sɛ worema no mmuae a, da ntease adi. Sɛ woyɛ katee a, ɛbɛma wo ba no ahwehwɛ akwan a ɔbɛfa so abu wo mmara so a worentumi ntwe n’aso. Nhoma bi bɔ kɔkɔ sɛ: “Eyi mma mmofra nni nokware. (Staying Connected to Your Teenager) Wɔka nea wɔn awofo pɛ sɛ wɔte kyerɛ wɔn, na afei wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ bere a awofo no nni hɔ.”—Bible mu nnyinasosɛm: Filipifo 4:5.

Mma wo bo mmfuw. Abofra bi a wɔfrɛ no Kari ka sɛ: “Sɛ me ne me maame adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, biribiara a mɛka no hyɛ no abufuw. Eyi ma nkɔmmɔ a yɛbɔ no dan akyinnyegye, na ɛma me koko tumi pae.” Sɛ anka wobɛyɛ ade atra so no, ka biribi a ɛkyerɛ sɛ wote sɛnea ɔte nka no ase. Nhwɛso bi ni, sɛ́ anka wobɛka sɛ, “Eyi nnyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ wo ma no haw wo!” no, ka sɛ, “mitumi hu sɛ asɛm yi ahaw wo paa.”—Bible mu nnyinasosɛm: Mmebusɛm 10:19.

Ma no akwankyerɛ sɛnea wubetumi, nanso nhyɛ no sɛ ɔnyɛ nea woka. Sɛnea yɛteɛteɛ yɛn apɔwmu ma yɛn ho yɛ den no, saa ara na ɛsɛ sɛ wo ba tumi hu sɛnea obesusuw nsɛm ho. Enti sɛ ne ho kyere no a, nsi “gyinae” mma no. Ma ɔnkyerɛ akwan a ɔbɛfa so adi ho dwuma no bi bere a moresusuw asɛm no ho no. Afei, bere a waka nea obetumi ayɛ no bi awie no, wubetumi aka sɛ: “Nea woaka no yɛ akwan kakraa bi a wubetumi afa so adi ho dwuma. Fa da koro anaa nnanu bi kosusuw ho bio, na afei yɛahyia asan asusuw sɛnea wopɛ sɛ wudi ho dwuma ne nea enti a wopɛ sɛ wofa saa kwan no so no ho.”—Bible mu nnyinasosɛm: Hebrifo 5: 14.

a Wɔasesa edin no bi.

KYERƐW NSƐM ATITIRIW

  • ‘Yɛ ntɛm tie asɛm, yɛ nyaa kasa, na yɛ nyaa fa abufuw.’—Yakobo 1:19.

  • “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa.”—Mmebusɛm 15:1.

  • “Monnhyɛ mo mma abufuw, na mmom momfa nokware Kristofo ntetee ne afotu ntete wɔn bɔkɔɔ.”—Efesofo 6:4, The New Testament in Modern Speech, a R. F. Weymouth yɛe.

MMABUN NHYƐ NO NSOW

So mopɛ sɛ mo awofo ma mo ahofadi pii? Mopɛ sɛ wɔte mo ase ankasa? Mubetumi ama ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ abien no nyinaa! Wɔ ɔkwan bɛn so? Mumfi mo pɛ mu nka nea ɛrekɔ so wɔ mo asetena mu nkyerɛ wɔn. Mommfa nsɛm nsie wɔn. Sɛ mo yɛ saa a, wɔrennya mo mu ahotoso koraa efisɛ mo mu ahotoso a wobenya no na ɛbɛma moanya ahofadi pii.

Asɛm no ara ne sɛ mommma mo awofo nkutoo nkasa. Mo nso monyɛ mo fam de. Monka sɛnea nneɛma kɔɔ so wɔ da no mu ho asɛm nkyerɛ wɔn. Mummisa wɔn nso de. Munsua sɛnea mode obu bɛka nea ɛhaw mo ho asɛm akyerɛ wɔn. Nkɔmmɔbɔ ho behia bere a moanyinyin no. Dɛn nti na munsua no nnɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena