Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 2 kr. 12-13
  • 4. Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn No, Na Ɔpɛ Sɛ Yehu Amane Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 4. Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn No, Na Ɔpɛ Sɛ Yehu Amane Anaa?
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia
  • Susuw Wei Ho Hwɛ
  • Nea Bible Aka
  • Nea Bible Ka Fa Amanehunu Ho
    Nyan!—2015
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2020
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Asɛmmisa 3: Adɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Mihu Amane?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 2 kr. 12-13
Abusua bi regye wɔn ani wɔ mmepɔw so baabi. Agya no ne n’abusua retwa mfoni, na mmepɔw bi gu wɔn akyi.

4. Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn No, Na Ɔpɛ Sɛ Yehu Amane Anaa?

Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia

Asɛmmisa yi ho mmuae betumi aka sɛnea yɛbɔ yɛn bra.

Susuw Wei Ho Hwɛ

Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma fɛfɛɛfɛ wɔ wiase no, wohwɛ a, ɔno ara bɛma yɛahu amane anaa?

Nnipa a wɔn ani nnye nyamesom ho no, wɔn adwene ne sɛ, amane a nnipa hu no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ, na sɛ ɔwɔ hɔ mpo a, onnwen yɛn ho. Wogye di sɛ amanehunu a ɛwɔ wiase no kyerɛ sɛ ebia (1) Onyankopɔn nni tumi a ɔde beyi afi hɔ, (2) Onyankopɔn mpɛ sɛ oyi fi hɔ, anaa (3) Onyankopɔn nni hɔ.

Wohwɛ a, nneɛma mmiɛnsa yi, emu bi nti na yehu amane anaa? Anaa biribi foforo wɔ hɔ?

SUA PII KA HO

Hwɛ video a wɔato din Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Bible no Yɛ Nokware? Ɛwɔ jw.org/tw.

Nea Bible Aka

Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yemmehu amane.

Ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ asetena mu.

“Adepa biara nni hɔ mma nnipa sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ adepa wɔn asetena mu; ne sɛ onipa biara bedidi na wanom na wahu adepa, ne brɛ nyinaa mu. Onyankopɔn akyɛde ne no.”—ƆSƐNKAFO 3:12, 13.

Onyankopɔn bɔɔ nnipa mmienu a wodi kan no, ɔmaa wɔn nsa kaa nea wohia biara.

Wammɔ wɔn sɛ wommehu amane, na wɔn asefo nso, na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ wommehu amane.

“Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na munni so.’”​—GENESIS 1:28.

Nnipa mmienu a wodi kan no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔrentie Onyankopɔn asɛm.

Enti wɔkɔfaa amanehunu pii beguu wɔn ankasa ne wɔn asefo nyinaa so.

“Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—ROMAFO 5:12.a

Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔn ankasa nyɛ nea wɔpɛ.

Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yɛntena nsu ase. Saa ara na wammɔ yɛn sɛ yɛn ankasa yenni yɛn ho so.

“Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—YEREMIA 10:23.

Onyankopɔn mpɛ sɛ yehu amane.

Ɔpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ ɔkwan bi so a ɛremma yɛnkɔfa ɔhaw pii mmegu yɛn ho so.

“O sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—YESAIA 48:18.

a Sɛ Bible de asɛmfua “bɔne” di dwuma a, etumi kyerɛ biribi a obi ayɛ a enye. Ɛsan nso kyerɛ tebea bi a wɔde awo nnipa nyinaa.

Onyankopɔn bɔɔ yɛn no, na ɔpɛ sɛ yehu amane anaa?

Dabi. Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, na enni n’adwene mu da sɛ ɔbɛma yɛahu amane. Bere a nnipa mmienu a wodi kan no yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no na nnipa fii ase huu amane. Nanso wei nkyerɛ sɛ nnipa bɛkɔ so ahu amane daa.

Enti amane a yɛrehu no, ɛto betwa da bi?

Hwɛ asɛmmisa a ɛto so 5 no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena