-
Aware A Nidi Wom Wɔ Onyankopɔn Ne Nnipa AnimƆwɛn-Aban—2006 | October 15
-
-
Aware A Nidi Wom Wɔ Onyankopɔn Ne Nnipa Anim
“Wohyiaa ayeforo bi wɔ Kana . . . Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafo nso baa ayeforohyia no ase.”—YOHANE 2:1, 2.
1. Nea Yesu yɛe wɔ Kana no twe adwene si dɛn so?
NÁ Yesu, ne maame, ne n’asuafo binom nim sɛnea aware a nidi wom tumi ma Onyankopɔn nkurɔfo ani gye. Yesu Kristo maa ayeforohyia bi ase yɛɛ dɛ bere a ɔyɛɛ n’anwonwade a edi kan maa ɛhɔ yɛɛ anigye no. (Yohane 2:1-11) Ebia woakɔ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔde anigye som Yehowa ayeforohyia ase pɛn ma w’ani agye. Anaa ebia wo nso wohwɛ kwan sɛ wobɛyɛ ayeforo a ɛte saa anaasɛ wobɛboa w’adamfo bi ma n’ayeforohyia ase ayɛ dɛ. Dɛn na ebetumi aboa ma ayeforo no ase ayɛ anigye?
2. Dɛn na Bible ka fa ayeforohyia ho?
2 Kristofo ahu sɛ afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu tumi boa ɔbarima ne ɔbea a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware no paa. (2 Timoteo 3:16, 17) Nokwarem no, Bible nkyerɛ ɔkwan pɔtẽẽ a ɛsɛ sɛ Kristofo fa so hyia ayeforo. Ntease wom, efisɛ ɛsono baabiara amanne ne ɛhɔ mmara, na bere rekɔ so no, etumi sesa mpo. Sɛ nhwɛso no, wɔ tete Israel no, na wɔnhyɛ da nhyia ayeforo. Sɛ aware no du so a, na ayeforokunu no de ayeforo no kɔ ne fie anaa ne papa fie. (Genesis 24:67; Yesaia 61:10; Mateo 1:24) Ade a wɔyɛ ma obiara hu yi na na wɔfrɛ no ayeforohyia no. Na ɛnyɛ guasodeyɛ hoo te sɛ nnɛyi ayeforohyia.
3. Adeyɛ bɛn na Yesu boae wɔ Kana?
3 Ná Israelfo bu saa adeyɛ no sɛ aware anaa ayeforohyia. Ɛno akyi no, na wotumi to pon. Yohane 2:1 ka sɛ: “Wohyiaa ayeforo bi wɔ Kana.” Nanso wobetumi akyerɛ mfitiase kasa a wɔde dii dwuma no ase sɛ, “ayeforohyia apontow.”a Kyerɛwtohɔ no ma emu da hɔ sɛ na Yesu wɔ Yudafo ayeforohyia apontow bi ase, na ɔboa ma ɛhɔ yɛɛ anigye. Nanso, ade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, nsonsonoe wɔ sɛnea na wɔyɛ ayeforo saa bere no ne sɛnea wɔyɛ no nnɛ no mu.
4. Ayeforohyia bɛn na Kristofo binom paw, na dɛn ntia?
4 Wɔ aman pii so nnɛ no, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware no di ɔman no mmara ahorow bi so. Sɛ wɔyɛ nea mmara hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, wobetumi aware wɔ mmara kwan biara a ɛfata so. Wobetumi ayɛ saa wɔ ɔtemmufo, aban nanmusifo, anaa ɔsom bi muni a Ɔman no ma no tumi anim. Ebinom paw sɛ wɔbɛware wɔ saa kwan no so, na ebia wɔfrɛ wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfonom Kristofo kakra ma wɔbɛyɛ adansefo anaa wɔne wɔn bom gye wɔn ani wɔ adeyɛ titiriw yi ase. (Yeremia 33:11; Yohane 3:29) Saa ara na ebia Kristofo afoforo bɛpaw sɛ wɔ wɔn ayeforohyia akyi no, wɔrentow pon kɛse a ebegye wɔn bere pii anaa ɛbɛma wɔabɔ ka kɛse. Mmom no, wɔbɛpɛ sɛ wɔto pon ketewaa bi na wɔfrɛ wɔn nnamfonom kakraa bi. Ɛmfa ho sɛnea yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn de biara no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛsono adwene a Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw nso wɔ.—Romafo 14:3, 4.
5. Dɛn nti na Kristofo pii pɛ sɛ wɔma ayeforohyia ho ɔkasa wɔ wɔn aware ase, na egyina dɛn so?
5 Kristofo dodow no ara paw sɛ wɔbɛma obi ama ɔkasa a egyina Bible so wɔ wɔn ayeforohyia ase.b Wogye tom sɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, na ɔma yɛn afotu a nyansa wom wɔ n’Asɛm mu a ebetumi ama yɛn aware asɔ na yɛanya anigye. (Genesis 2:22-24; Marko 10:6-9; Efesofo 5:22-33) Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no mu dodow no ara pɛ sɛ wɔn nnamfonom a wɔyɛ Kristofo ne abusuafo bɛka wɔn ho ma wogye wɔn ani. Nanso, ɛsɛ sɛ yebu mmara horow, ɔkwan a wɔfa so hyia ayeforo ne ɛho amanne a ɛwɔ ɔman biara mu no dɛn? Yebesusuw sɛnea wohyia ayeforo wɔ aman horow so ho wɔ asɛm yi mu. Ebia nea yɛrebɛka ho asɛm yi bi yɛ soronko wɔ nea wunim anaa ɔkwan a wɔfa so hyia ayeforo wɔ wo kurom no ho koraa. Nanso, wubetumi ahyɛ nnyinasosɛm bi a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ma wɔn ani kũ ho no nsow.
Aware a Nidi Wom ne Mmara Hyia
6, 7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma aban mmara a ɛfa aware ho no ho hia yɛn, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?
6 Ɛwom sɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware de, nanso nnipa nniso ahorow wɔ tumi bi wɔ nea wɔn a wɔreware no bɛyɛ so. Eyi fata. Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Marko 12:17) Ɔsomafo Paulo nso kyerɛe sɛ: “Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase, na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn; atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn sibea.”—Romafo 13:1; Tito 3:1.
7 Wɔ aman dodow no ara so no, Kaesare anaa ɔman no mu atumfoɔ na wɔkyerɛ nea mmara ma no kwan sɛ ɔware. Enti, sɛ Kristofo baanu a Kyerɛwnsɛm ma wɔn kwan sɛ wɔware pɛ sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wodi aban no mmara so. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ wokogye aware tumi krataa fi aban nanmusifo a ogye aware hɔ, na ebia wɔde wɔn aware no kɔhyɛ aban nkrataa mu. Bere a Kaesare Augusto hyɛe sɛ ɔmanfo ‘nkɔkyerɛw’ wɔn din no, Maria ne Yosef dii so kɔɔ Betlehem “kɔkyerɛw wɔn din.”—Luka 2:1-5.
8. Dɛn na ɛma aware di mu, na dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de kyerɛ saa?
8 Sɛ Kristofo baanu ware wɔ mmara kwan so na wogye tom a, saa aware no di mu wɔ Onyankopɔn anim. Enti, Yehowa Adansefo nsan mfa mmara kwan foforo so nware, anaa wɔnsan nka aware ntam foforo, te sɛ bere a awarefo bi rehyɛ wɔn aware a adi mfe 25 anaa 50 ho fã no. (Mateo 5:37) (Asɔre ahorow bi mmu aban mmara mu aware, na wɔka sɛ sɛ ɔsɔfo anhyira wɔn a wɔreware no so a, aware no nni mu.) Wɔ aman pii so no, aban no de tumi ma Yehowa Adansefo somfo ma ohyira aware so. Sɛ saa na ɛte a, ebia ɔsomfo no bɛpɛ sɛ ɔma aware ho ɔkasa ka ho wɔ Ahenni Asa so. Eyi yɛ beae a wɔsom Nyankopɔn wɔ nokware mu, na ɛyɛ beae a ɛfata sɛ wɔma aware a Yehowa Nyankopɔn hyehyɛe no ho ɔkasa.
9. (a) Sɛ Kristofo baanu pɛ sɛ wɔware wɔ aban mmara mu a, dɛn na wobetumi ayɛ? (b) Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ wɔ ayeforohyia no nhyehyɛe ho?
9 Wɔ aman foforo so no, mmara hwehwɛ sɛ nnipa baanu a wɔreware no ware wɔ aban asoɛe a wogye aware anaa wɔ aban nanmusifo bi anim. Sɛ Kristofo ware wɔ mmara kwan so wie a, wɔtaa ma aware ho ɔkasa wɔ Ahenni Asa so saa da no ara anaa n’adekyee. (Sɛ wɔware wɔ mmara kwan so wie a, ɛnsɛ sɛ wɔma nna pii twam ansa na wɔama ɔkasa a egyina Bible so, efisɛ wɔayɛ awarefo wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim, a Kristofo asafo no nso ka ho.) Sɛ nnipa baanu a wɔbɛware wɔ aban mmara mu no pɛ sɛ wɔma ɔkasa wɔ Ahenni Asa bi so a, ɛsɛ sɛ wodi kan gye hokwan no fi Asafo Ɔsom Boayikuw no hɔ. Sɛ mpanyimfo yi gye tom sɛ wɔn a wɔrebɛware no fata a, ɛsɛ sɛ wɔsan hwɛ sɛ bere a wɔde bɛyɛ ayeforo no ne bere a wɔde yɛ asafo nhyiam ne dwumadi afoforo wɔ asa no so no nhyia. (1 Korintofo 14:33, 40) Sɛ wɔn a wɔrebɛware no bisa biribi fa Ahenni Asa no asiesie ho a, wɔne wɔn besusuw ho na wɔasi gyinae sɛ ebia wɔde ho amanneɛbɔ bɛto gua anaa.
10. Sɛ obi bɛware wɔ aban mmara mu a, ɛsɛ sɛ wɔma aware ho ɔkasa no wɔ ɔkwan bɛn so?
10 Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin a ɔbɛma aware ho ɔkasa no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ayɛ anigye, ahyɛ den wɔ honhom mu, na ayɛ nea nidi wom. Sɛ nnipa baanu yi aware wɔ aban mmara mu dedaw a, nea ɔrema ɔkasa no bɛma emu ada hɔ pefee sɛ wɔaware wɔ aban mmara mu dedaw. Sɛ nnipa baanu no anka aware ntam bere a wɔreware wɔ aban mmara mu no a, wobetumi ayɛ saa bere a wɔrema ɔkasa no.c Sɛ awarefo foforo yi kaa aware ntam no nanso wɔpɛ sɛ wotĩ mu wɔ Yehowa ne asafo no anim a, wɔbɛka ntam no wɔ twam kabea mu de akyerɛ sɛ ‘wɔaka wɔn abom’ dedaw.—Mateo 19:6; 22:21.
11. Wɔ mmeae bi no, ɔkwan bɛn na wɔfa so ware, na ɛka aware ho ɔkasa no dɛn?
11 Wɔ mmeae bi no, ebia na mmara biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔware wɔ aban nanmusifo bi anim mpo. Sɛ wɔde wɔn nsa hyɛ aware ho nkrataa ase de kɔkyerɛ aban nanmusifo a, na ɛkyerɛ sɛ wɔaware ara ne sa. Ɛno akyi no, wotumi de hyɛ aban nkrataa mu. Sɛ wowie a, wobu nnipa baanu yi sɛ okunu ne ɔyere, na wɔfa saa da no sɛ da a wɔde waree. Sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, sɛ nnipa baanu a seesei wɔaware yi de wɔn aware hyɛ aban nkrataa mu wie ara pɛ a, wobetumi ama ho ɔkasa a egyina Bible so wɔ Ahenni Asa so. Asafo mu panyin a ne ho akokwaw a wapaw no sɛ ɔmma ɔkasa no bɛma atiefo no ate ase sɛ esiane sɛ nnipa baanu yi de wɔn aware ahyɛ aban nkrataa mu nti, wɔaware dedaw. Sɛ wɔbɛka ntam biara a, wobetumi adi nea ɛwɔ nkyekyɛm 10 ne ase hɔ asɛm a ɛka ho no akyi. Wɔn a wɔahyiam wɔ Ahenni Asa so no ne awarefo no ani begye na wobenya afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu no so mfaso.—Nnwom mu Dwom 3:11.
Amanne Kwan so Aware ne Aban Mmara mu Aware
12. Dɛn ne amanne kwan so aware, na sɛ obi fa saa kwan yi so ware wie a, dɛn na ɛfata sɛ ɔyɛ?
12 Wɔ aman bi so no, nnipa baanu betumi aware wɔ amanne kwan so. Eyi nkyerɛ nnipa baanu a wobom tra sɛ okunu ne ɔyere ara kwa, a ebia afoforo gye tom wɔ baabi nanso ennii mu wɔ mmara mu nwiei koraa no.d Amanne kwan so aware a yɛreka ho asɛm yi yɛ ɔkwan a kurow bi mufo anaa abusua bi mufo fa so ware. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ wotua ti ade nyinaa, na sɛ wɔyɛ saa wie a, wobu nnipa baanu no sɛ wɔaware wɔ mmara kwan so na ɛne Kyerɛwnsɛm no nso hyia. Aban bu amanne kwan so aware a ɛte saa no sɛ ɛne mmara hyia na edi mu. Ɛno akyi no, wobetumi de amanne kwan so aware a wɔyɛe no akɔhyɛ aban nkrataa mu, na sɛ awarefo no yɛ saa wie a, wɔbɛma wɔn aware ho adansedi krataa. Aware a wɔde hyɛ aban nkrataa mu no betumi abɔ awarefo no ho ban, anaasɛ sɛ daakye ɔbea no kunu wu a, ebetumi abɔ ɔne ne mma nso ho ban. Asafo no bɛhyɛ wɔn a wɔware wɔ amanne kwan so yi nkuran sɛ wɔmfa wɔn aware no nkɔhyɛ aban nkrataa mu ntɛmpa ara. Wɔ Mose Mmara ase mpo no, ɛte sɛ nea na wɔyɛ aware ne abawo ho kyerɛwtohɔ.—Mateo 1:1-16.
13. Sɛ wɔyɛ amanne kwan so aware wie a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ aware ho ɔkasa no ho?
13 Nnipa baanu a wɔware amanne kwan so yi bɛyɛ okunu ne ɔyere. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, ebia Kristofo a wɔreware saa kwan yi so no bɛpɛ sɛ obi ma aware ho ɔkasa, na wɔka aware ho ntam wɔ Ahenni Asa so. Sɛ wɔyɛ saa wie a, ɔkasafo no bɛma wɔahu sɛ nnipa baanu no aware dedaw wɔ aban mmara mu. Wɔbɛma ɔkasa a ɛte saa no pɛnkoro pɛ. Eyi kyerɛ sɛ wɔware pɛnkoro pɛ a ɛno ne amanne kwan so aware a wogye tom wɔ mmara mu, na wɔma ɛho ɔkasa a egyina Kyerɛwnsɛm so pɛnkoro. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔma aware ho ɔkasa no da a wobegye aware no. Eyi ma Kristofo aware ho ba nyam wɔ mpɔtam hɔ.
14. Sɛ wogye aban mmara mu aware ne amanne kwan so aware nyinaa tom wɔ ɔman bi mu a, dɛn na Kristoni betumi ayɛ?
14 Wɔ aman a wogye amanne kwan so aware tom wɔ mmara mu no, wɔsan wɔ nhyehyɛe a wɔde gye aban mmara mu aware nso. Aban nanmusifo na ɔtaa gye saa aware yi, na ebi wɔ hɔ a wɔka aware ntam san de hyɛ aban nkrataa mu. Kristofo binom pɛ aban mmara mu aware yi sen amanne kwan so de no. Nanso ɛho nhia sɛ wɔyɛ abien no nyinaa; emu biara di mu wɔ mmara mu. Wɔ aban mmara mu aware mu nso, ɛsɛ sɛ wodi nea yɛaka ho asɛm wɔ nkyekyɛm 9 ne 10 a ɛfa ayeforohyia kasa ne ntanka ho no so. Nea ehia wom ne sɛ, nnipa baanu a wɔaware saa kwan yi so no aware di mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim. (Luka 20:25; 1 Petro 2:13, 14) Sɛ Kristofo baanu di kan ware wɔ amanne kwan so, na ɛno akyi no wɔpaw sɛ wɔbɛware wɔ aban mmara mu wɔ aban nanmusifo a ogye aware dwumadibea (a ɛnyɛ Ahenni Asa so) a, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Ɛnyɛ ayeforo a wɔbɛsan ayɛ wɔ aban mmara mu no na ɛbɛma aware no adi mu. Ɛho renhia sɛ wɔma aware ho ɔkasa anaa wɔto ho pon.
Di Aware Ni
15, 16. Dɛn na ɛbɛboa ma nidi aba aware mu?
15 Bere a ɔhaw bi sɔree wɔ Persia hene bi aware mu no, ne fotufo panyin a wɔfrɛ no Memukan de afotu pa mae sɛ ‘ɔyerenom nyinaa ani nsosɔ wɔn kununom.’ (Ester 1:20) Ɛho nhia sɛ ɔhene bi hyɛ mmara a ɛte saa ma Kristofo awarefo; ɛsɛ sɛ ɔyerenom di wɔn kununom ni. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ okununom a wɔyɛ Kristofo di wɔn yerenom ni na woyi wɔn ayɛ. (Mmebusɛm 31:11, 30; 1 Petro 3:7) Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn mfe bebree ansa na yɛadi yɛn aware ni. Ɛsɛ sɛ yedi yɛn aware ni fi yɛn ayeforohyia da no so pɛɛ.
16 Ɛnyɛ okunu ne ɔyere no nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi wɔn ho wɔn ho ni wɔ ayeforohyia da no. Sɛ wɔbɛma Kristofo asafo mu panyin bi ama ayeforohyia ho ɔkasa a, ɛsɛ sɛ ɔma ɔkasa no nso wɔ nidi mu. Ɛsɛ sɛ ɔkasa kyerɛ wɔn a wɔreware no. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ ɔkasafo no ma kasa no wɔ nidi mu nti, ɛnsɛ sɛ oyi aseresɛm anaa ɔto anansesɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔka nsɛm a ɛbɛhyɛ wɔn a wɔreware no ne atiefo no aniwu. Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔkasa no ayɛ anigye na ahyɛ nkuran. Ɛsɛ sɛ ɔtwe adwene si Onii a ɔhyehyɛɛ aware no ne n’afotu pa so. Nokwarem no, ayeforohyia kasa a asafo mu panyin no bɛma no nidi mu no bɛboa ma aware no ahyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam.
17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi mmara so wɔ Kristofo aware mu?
17 Ɛda adi sɛ woahyɛ aware ho mmara ho nsɛm pii nsow wɔ adesua yi mu. Emu bi wɔ hɔ a, ebia na ɛmfa sɛnea moyɛ no wɔ mo hɔnom no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu sɛ, sɛ Yehowa Adansefo reyɛ ayeforohyia ho nhyehyɛe a, ɛho hia sɛ wɔkyerɛ obu ma wɔn man mu mmara de di Kaesare mmara so. (Luka 20:25) Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Momfa nea ɛsɛ obiara mma no, ɛtow mma nea tow sɛ no; amanne mma nea amanne sɛ no; . . . nidi mma nea nidi a ɛte saa sɛ no.” (Romafo 13:7) Nokwarem no, ɛfata sɛ Kristofo di nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ nnɛ no ni fi ayeforohyia da no so pɛɛ.
18. Dɛn na sɛ obi pɛ a ɔbɛyɛ aka ayeforohyia ho a ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na ɛhe na yebenya asɛm yi ho mmuae?
18 Kristofo pii to pon wɔ wɔn ayeforohyia akyi. Kae sɛ Yesu kɔɔ apontow a ɛte saa mu biako ase. Sɛ yɛbɛto pon a ɛte saa a, Bible mu afotu bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahwɛ sɛ ɛno nso bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na ama nkurɔfo aka wɔn a wɔaware foforo yi ne Kristofo asafo no ho asɛm pa? Adesua a edi hɔ no bɛka eyi ho asɛm.e
-
-
Fa W’abrabɔ Kyerɛ Sɛ Wowɔ GyidiƆwɛn-Aban—2006 | October 15
-
-
Fa W’abrabɔ Kyerɛ Sɛ Wowɔ Gyidi
“Gyidi nso sɛ nnwuma nka ho a, na awu n’ankasa mu.”—YAKOBO 2:17.
1. Dɛn nti na tete Kristofo no maa wɔn ani kuu wɔn gyidi ne wɔn nnwuma nyinaa ho?
TETE Kristofo no nyinaa de wɔn abrabɔ kyerɛe sɛ wɔwɔ gyidi. Osuani Yakobo hyɛɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛnea nipadua a honhom nnim awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nnim awu.” (Yakobo 1:22; 2:26) Bere a ɔkyerɛw saa asɛm no bɛyɛ mfe 35 akyi no, na Kristofo pii da so ara de wɔn nnwuma kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom anyɛ saa. Yesu kamfoo Smirna asafo no; nanso ɔka kyerɛɛ Sardi asafo no mufo pii sɛ: “Minim wo nnwuma sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.”—Adiyisɛm 2:8-11; 3:1.
2. Ɛdefa gyidi ho no, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo bisa wɔn ho?
2 Saa ara na Yesu hyɛɛ wɔn a wɔwɔ Sardi ne obiara a akyiri yi na ɔbɛkenkan ne nsɛm no nkuran sɛ, wɔnkɔ so nkura ɔdɔ a wodii kan nya maa Kristofo nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware no mu, na wɔmma wɔn ani nku wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho. (Adiyisɛm 3:2, 3) Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ: ‘Me nnwuma te dɛn? So me nneyɛe kyerɛ pefee sɛ mereyɛ nea metumi biara wɔ biribiara a meyɛ mu de akyerɛ sɛ mewɔ gyidi wɔ nneɛma a ɛne asɛnka adwuma anaa asafo nhyiam nni abusuabɔ tẽẽ mpo mu?’ (Luka 16:10) Yebetumi asusuw asetra mu nneɛma pii ho, nanso ma yɛmfa biako pɛ nsusuw ho: apontow, a Kristofo ayeforohyia akyi apontow nso ka ho.
Apontow Nketewa
3. Dɛn na Bible ka fa apontow ase a yɛbɛkɔ ho?
3 Yɛn mu dodow no ara ani gye sɛ Kristofo a wɔwɔ anigye bɛto nsa afrɛ yɛn akɔ apontow ase. Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn” a ɔpɛ sɛ n’asomfo ani gye. (1 Timoteo 1:11) Ɔmaa Salomo kyerɛw nokwasɛm yi wɔ Bible mu: “Mekamfoo anigye, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ odidi na ɔnom na n’ani gye, na eyi ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna . . . mu.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4, 13; 8:15) Anigye a ɛte saa betumi akɔ so wɔ abusua a wɔahyiam redidi ntam anaa wɔ apontow nketewa afoforo a nokware asomfo reyɛ ase.—Hiob 1:4, 5, 18; Luka 10:38-42; 14:12-14.
4. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔreyɛ apontow ho nhyehyɛe ma ɛho hia no?
4 Sɛ woreyɛ apontow a ɛte saa ho nhyehyɛe na sɛ Kristofo kakraa bi na wobɛto nsa afrɛ wɔn ma moadidi abɔ nkɔmmɔ mpo a, ɛsɛ sɛ wususuw ho yiye. (Romafo 12:13) Ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ wobɛma “nyansa a efi soro” akyerɛ wo kwan ma ‘biribiara akɔ so fɛfɛɛfɛ.’ (1 Korintofo 14:40; Yakobo 3:17) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Sɛ moredidi oo, morenom oo, biribi foforo biara a moreyɛ no, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Nyankopɔn anuonyam. Monhwɛ na moanto obiara hintidua.’ (1 Korintofo 10:31, 32) Apontow no ho nneɛma bɛn na ehia sɛ woma w’ani ku ho? Biribi a ɛte saa a wubedi kan asusuw ho no betumi aboa ma woahwɛ sɛ, nea wo ne w’ahɔho no bɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ mo gyidi nwui.—Romafo 12:2.
Ɛbɛyɛ Apontow Bɛn?
5. Dɛn nti na sɛ obi pɛ sɛ ɔto pon a, ɛsɛ sɛ osusuw ho yiye sɛ ebia ɔde mmosa bɛba ase na wabɔ nnwom?
5 Wɔn a wɔyɛ apontow ho nhyehyɛe no mu pii ntumi nhu sɛ wɔmfa mmosa mmra ase anaa. Ɛnyɛ mmosa na ɛbɛma apontow bi ase ayɛ anigye. Kae sɛ Yesu maa paanoo ne nam kakraa bi yɛɛ pii de maa nnipakuw kɛse bi a wɔbaa ne nkyɛn dii. Ɛwom sɛ na Yesu betumi ayɛ anwonwade ma wɔanya bobesa anom de, nanso Bible anka sɛ ɔyɛɛ saa. (Mateo 14:14-21) Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wode mmosa bɛba apontow ase a, ɛsɛ sɛ wohwɛ dodow a wode bɛba no, na wohwɛ sɛ wɔn a wɔmpɛ nsa no benya nea wɔn ani gye ho. (1 Timoteo 3:2, 3, 8; 5:23; 1 Petro 4:3) Nhyɛ obiara ma ɔnte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔnom biribi a ebetumi ‘aka te sɛ ɔwɔ.’ (Mmebusɛm 23:29-32) Na nnwom a wɔbɔ ne nnwom a wɔto nso ɛ? Sɛ wobɛbɔ nnwom wɔ w’apontow ase a, akyinnye biara nni ho sɛ wode ahwɛyiye bɛpaw nnwom no, na wubesusuw nnwom no nnyigyei ne emu nsɛm nso ho. (Kolosefo 3:8; Yakobo 1:21) Kristofo pii ahu sɛ, sɛ wɔbɔ Kingdom Melodies anaa wɔbom to nnwom a ɛte saa mpo a, ɛma wɔn ani gye. (Efesofo 5:19, 20) Na ɛyɛ papa nso sɛ wobɛtaa ahwɛ nnwom no ano den no, na amma anyɛ den sɛ mobɛbɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ nnwom no tuatua w’afipamfo aso.—Mateo 7:12.
6. Ɛdefa nkɔmmɔbɔ ne nneɛma afoforo ho no, dɛn na obi a ɔreto pon bɛyɛ de akyerɛ sɛ ne gyidi nwui?
6 Sɛ Kristofo hyiam wɔ apontow ase a, wobetumi aka nneɛma pii ho asɛm, wobetumi akenkan biribi den, anaa wɔaka osuahu a ɛyɛ anigye. Sɛ nkɔmmɔbɔ no dan kɔ biribi foforo so a, nea ɔreto pon no betumi afa anifere kwan so de asi kwan mu bio. Ɛsɛ sɛ ɔma n’ani da hɔ nso na wamma obi annye nkɔmmɔ no amfa. Sɛ ohu sɛ obi reyɛ ayɛ saa a, obetumi afa anifere kwan so aka biribi ma obiara de n’ano ato mu bi. Ebia obetumi ama mmofra a wɔwɔ apontow no ase akasa anaa ɔde asɛm bi a ɛbɛma obiara akyerɛ n’adwene ato gua. Mmofra ne mpanyin nyinaa ani begye biribi a ɛte saa a wɔbɛyɛ wɔ apontow no ase ho. Sɛ wode nyansa ne anifere hwɛ nneɛma so yiye wɔ w’apontow ase a, nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa ‘behu wo ntease.’ (Filipifo 4:5) Wobehu sɛ wo gyidi nwui, na ɛka biribiara a woyɛ wɔ w’asetra mu.
Aware ne Ayeforohyia Apontow
7. Dɛn nti na ɛfata sɛ yesusuw ayeforohyia ne ɛho apontow nhyehyɛe ho?
7 Yɛn ani betumi agye bere a yɛakɔ Kristofo ayeforohyia ase no. Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete, a Yesu ne n’asuafo ka ho no fii wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛɛ anigyede ahorow a ayeforohyia apontow nso ka ho mu. (Genesis 29:21, 22; Yohane 2:1, 2) Nanso nnansa yi, osuahu ama ada adi sɛ, egye mmɔdenbɔ kɛse na Kristofo atumi ada ntease adi na wɔakari pɛ wɔ ayeforohyia apontow nhyehyɛe ho. Eyinom ka nneɛma a nnipa yɛ wɔ asetram no nso ho, na ɛma Kristoni nya hokwan de kyerɛ sɛ ɔwɔ gyidi.
8, 9. Dɛn na ɛkɔ so wɔ ayeforohyia pii ase a ɛma yehu sɛ asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 2:16, 17 no yɛ nokware?
8 Nnipa pii a wonnim Onyankopɔn nnyinasosɛm anaa ɛho nhia wɔn no bu ayeforohyia sɛ bere a wobetumi ayɛ ade ma atra so, anaasɛ ebia wɔbɛyɛ nea wɔpɛ biara. Wɔ Europa nsɛmma nhoma bi mu no, ɔbea bi a w’aware foforo kaa n’ayeforo a okukuruu no kakraa no ho asɛm sɛ: ‘Yɛtraa teaseɛnam a apɔnkɔ mmiako mmiako anan twe mu a na teaseɛnam nketewa 12, ne teaseɛnam foforo a nnwontofo kuw a wɔrebɔ nnwom wom a apɔnkɔ retwe di akyi. Ɛno akyi no, yedii aduan a emu yɛ huam na ɛyɛ dɛ, na yetiee nnwom pa kaa ho; ná ɛsɛ w’ani. Nea na mepɛ ara ni, saa da no na meyɛ ɔhemmaa.’
9 Ɛwom sɛ ɛsono ɔman biara amanne de, nanso nsɛm a ɔbea yi kae yi si nea ɔsomafo Yohane kyerɛwee no so dua: “Nea ɛwɔ wiase biara—honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho—emfi Agya no, na mmom efi wiase.” Wohwɛ a, Kristofo baanu a wɔn ho akokwaw bekukuru ayeforo kakraa na wɔato pon a obiara ntoo bi da? Sɛ́ anka wɔbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ nhyehyɛe a wɔbɛyɛ no ma ɛda adi sɛ wonim sɛ “nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:16, 17.
10. (a) Dɛn nti na nhyehyɛe pa ho hia na wɔatumi ahyia ayeforo a ɛfata? (b) Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ wosisi wɔ wɔn a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn no ho?
10 Bible betumi aboa Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware no ma wɔada ntease adi, na wɔanyɛ ade a ɛboro wɔn ahoɔden so. Ɛwom sɛ ayeforohyia da no yɛ da titiriw de, nanso ɛsɛ sɛ Kristofo baanu a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa daakye no hu sɛ, afei na wɔrehyɛ ɔbra ase sɛ awarefo. Biribiara nkyekyere wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔto pon kɛse wɔ wɔn ayeforohyia akyi. Sɛ wɔpaw sɛ wɔbɛto pon a, ɛsɛ sɛ wɔn baanu no bom sese apontow no ho ka na wosusuw sɛnea wɔbɛyɛ no ho. (Luka 14:28) Sɛ́ Kristofo a wɔrebɛtra ase abom no, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ, okunu no na ɔyɛ ti. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:22, 23) Enti ayeforokunu no na ayeforohyia akyi apontow no hyɛ no nsa. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ofi ɔdɔ mu ne onii a ɔbɛyɛ ne yere daakye no susuw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔto nsa frɛ wɔn anaa wɔn a wobetumi ato nsa afrɛ wɔn aba ayeforohyia apontow no ase bi no ho. Ebia ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛfrɛ wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo nyinaa; enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ wɔ gyinae a wobesisi ho. Ɛsɛ sɛ nnipa baanu no tumi nya awerɛhyem sɛ, sɛ wɔrentumi mfrɛ mfɛfo Kristofo bi a, saafo no bɛte ase, na ɛrenhaw wɔn.—Ɔsɛnkafo 7:9.
“Adidiihwɛfo” Anaa Nea Ɔbɛhwɛ Apontow no So
11. Dɛn na “adidiihwɛfo” no betumi ayɛ wɔ ayeforohyia no ho?
11 Sɛ nnipa baanu a wɔrebɛware no paw sɛ wɔbɛtow pon wɔ ayeforohyia no akyi a, dɛn na wɔbɛyɛ na asɛm biara amma nea ɛbɛkɔ so no ho? Mfe pii ni, Yehowa Adansefo ahu sɛ nyansa wom sɛ wɔde nea ɛkɔɔ so wɔ ayeforohyia a Yesu kɔɔ bi wɔ Kana ase no fã bi ka wɔn nhyehyɛe ho. Ná “adidiihwɛfo” wɔ hɔ, na akyinnye biara nni ho sɛ na ɔbɛyɛ ayeforokunu no yɔnko gyidini a ne ho akokwaw. (Yohane 2:9, 10) Saa ara na ayeforokunu a n’ani so da hɔ de asɛyɛde titiriw yi bɛhyɛ onua Kristoni a ne ho akokwaw nsa. Sɛ nea ɔbɛhwɛ apontow no so no hu nea ayeforokunu no pɛ a, obetumi ahwɛ adi ho dwuma ansa na apontow no adu so, na bere a ɛrekɔ so no nso, ɔbɛyɛ saa ara.
12. Ɛdefa mmosa a wɔde bɛba apontow no ase ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ ayeforokunu no susuw ho?
12 Nea ɛne nea yɛasusuw ho wɔ nkyekyɛm 5 hyia no, sɛ ebinom rebɛware a, wɔmmfa mmosa mma apontow no ase na amma obi annom ammoro so amfa ansɛe anigye a ɛbɛkɔ so wɔ hɔ no. (Romafo 13:13; 1 Korintofo 5:11) Nanso sɛ wɔde mmosa bɛba ase a, ɛsɛ sɛ ayeforokunu no hwɛ hu sɛ ɔremfa pii mma ase. Ná bobesa wɔ ayeforohyia a Yesu kɔe wɔ Kana no ase, na ɔyɛ ma wonyaa bobesa a ɛyɛ papa sen nea na ɛwɔ hɔ no. Eyi maa adidiihwɛfo no kae sɛ: “Obiara de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ nkurɔfo bobow a, afei ɔde nea enye no aba. Wo de, wode nsa pa no asie abesi sesɛɛ.” (Yohane 2:10) Nokwarem no, ɛnyɛ sɛ na Yesu rehyɛ asabow ho nkuran, efisɛ na onim sɛ enye. (Luka 12:45, 46) Sɛnea na bobesa no yɛ papa no maa adidiihwɛfo no ho dwiriw no, na asɛm a ɔkae no kyerɛ sɛ ɛtɔ da bi a nkurɔfo bow nsa wɔ ayeforohyia apontow ase. (Asomafo Nnwuma 2:15; 1 Tesalonikafo 5:7) Enti, ɛsɛ sɛ ayeforokunu no ne Kristoni a ne ho akokwaw a ɔbɛpaw no no baanu nyinaa hwɛ hu sɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa bedi akwankyerɛ yi so: “Mommmow nsa, efisɛ ɛne ahohwisɛm na ɛnam.”—Efesofo 5:18; Mmebusɛm 20:1; Hosea 4:11.
13. Sɛ nnipa baanu a wɔreware no yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛbɔ nnwom wɔ wɔn ayeforohyia apontow ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho, na dɛn ntia?
13 Sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ apontow afoforo ase no, sɛ wɔbɛbɔ nnwom a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ano den no yiye na ama nnipa a wɔahyiam no atumi abɔ nkɔmmɔ. Kristofo asafo no mu panyin baako hyɛɛ no nsow sɛ: “Ɛtɔ da bi a, ɛrekɔ anwummere no, nnwom no ano tumi yɛ den dodo bere a nkurɔfo ani agye rebɔ nkɔmmɔ anaa wɔafi ase resaw no. Nnwom a mfiase no na ano nyɛ den no ano betumi abɛyɛ den araa ma wɔrente asɛm biara. Ayeforohyia apontow ma yenya hokwan bɔ fekuw pa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ yɛbɛbɔ nnwom denneennen de asɛe saa anigye no!” Ɛha nso, ɛsɛ sɛ ayeforokunu no ne nea ɔhwɛ apontow no so no hwɛ sɛ wɔrennyaw nnwom ko a wɔbɛbɔ ne sɛnea ano bɛyɛ den no mma wɔn a wɔbɛhwɛ nnwom so no, sɛ́ ebia wɔafa wɔn retua wɔn ka anaasɛ ɛnte saa no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a moyɛ no, kasa mu oo, adwuma mu oo, monyɛ ne nyinaa wɔ Awurade Yesu din mu.” (Kolosefo 3:17) Sɛ ayeforohyia no ba awiei na wɔn a wɔbae no kɔ fie a, so wɔbɛkae sɛ nnwom a wɔbɔe no kyerɛ sɛ na wɔn a wɔreware no reyɛ biribiara wɔ Yesu din mu? Saa na ɛsɛ sɛ ɛba.
14. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo kae wɔ ayeforohyia ho?
14 Nokwarem no, wobetumi akae ayeforohyia a wɔyɛ ho nhyehyɛe yiye no bere nyinaa. Adam ne Edyta a wɔaware mfe 30 ni no kaa ayeforohyia bi ho asɛm sɛ: “Ná wutumi hu sɛ ɛyɛ Kristofo ayeforohyia ampa. Wɔbɔɔ nnwom yii Yehowa ayɛ na wɔyɛɛ nneɛma afoforo a ɛfata nso de gyee wɔn ani. Ná asaw ne nnwonto nyɛ ade titiriw wɔ ase. Nea ɛkɔɔ so wɔ hɔ no hyɛɛ yɛn den na ɛmaa yɛn ani gyei. Ná biribiara ne Bible nnyinasosɛm hyia.” Ɛda adi pefee sɛ ayeforokunu no ne ayeforo no betumi ayɛ nneɛma pii de akyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi.
Akyɛde a Wɔde Ma Awarefo No
15. Sɛ yɛbɛkyɛ ade wɔ ayeforohyia ase a, Bible mu afotu bɛn na yebetumi de adi dwuma?
15 Wɔ aman pii so no, nnamfo ne abusuafo taa ma wɔn a wɔreware no akyɛde. Sɛ wobɛyɛ saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwenem? Kae asɛm a ɔsomafo Yohane kae wɔ “asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” no ho no. Ɔde nneɛma a wɔde hoahoa wɔn ho no totoo ‘wiase a ɛretwam’ no ho, na wamfa antoto Kristofo a wɔde nnwuma da wɔn gyidi adi no ho. (1 Yohane 2:16, 17) Esiane nea Onyankopɔn maa Yohane kyerɛwee no nti, so ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaware foforo no bobɔ obiara a ɔmaa wɔn akyɛde no din wɔ apontow no ase? Kristofo a wofi Makedonia ne Akaia yii ntoboa de boaa wɔn nnuanom a na wɔwɔ Yerusalem no, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔbobɔɔ wɔn din. (Romafo 15:26) Kristofo pii a wɔma akyɛde wɔ ayeforohyia ase no rempɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn din de atwe adwene aba wɔn ho so sɛnea ɛnsɛ. Wɔ eyi ho no, kenkan Yesu afotu a ɛwɔ Mateo 6:1-4 no.
16. Dɛn na wɔn a wɔaware foforo no betumi ayɛ wɔ akyɛde a wonya ho na wɔanhaw afoforo?
16 Wɔn a wɔde akyɛde mae a wɔbɛbobɔ wɔn din ma wɔahu nea ne de som bo anaa nea ne bo yɛ den paa no betumi de ‘akansi aba.’ Enti, Kristofo a wɔaware foforo a wɔyɛ wɔn ade nyansa mu no remmobɔ wɔn a wɔkyɛɛ wɔn ade no din. Wɔn din a wɔbɛbobɔ no betumi ahaw afoforo a ebia wɔantumi amfa akyɛde amma no. (Galatifo 5:26; 6:10) Ɛwom, ɛnyɛ mfomso sɛ ayeforokunu ne ayeforo no behu nea ɔde akyɛde bi bae no din. Sɛ onii a ɔde akyɛde no rema no kyerɛw krataa de hyɛ akyɛde no mu a, ebetumi ama awarefo no ahu onii ko. Sɛ́ ebia yɛretɔ ade akɔkyɛ wɔn a wɔrehyia ayeforo, anaasɛ yɛregye akyɛde no, yɛn nyinaa nya hokwan de kyerɛ sɛ yɛn gyidi nwui wɔ kokoam nsɛm a ɛte saa mu.a
17. Ɛdefa Kristofo gyidi ne wɔn nnwuma ho no, botae bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde si wɔn ani so?
17 Ɛnyɛ Kristofo asafo nhyiam anaa asɛnka a yɛbɛkɔ ne ɔbra pa a yɛbɛbɔ nkutoo na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. Momma yɛn mu biara nkyerɛ sɛ yɛn gyidi nwui wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Nokwarem no, yebetumi ‘awie yɛn nnwuma’ de akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi, a asetra mu nneɛma a yɛasusuw ho no nso ka ho.—Adiyisɛm 3:2.
18. Yɛbɛyɛ dɛn de asɛm a ɛwɔ Yohane 13:17 no adi dwuma wɔ Kristofo ayeforohyia ne apontow ase?
18 Bere a Yesu brɛɛ ne ho ase hohoroo n’asomafo anokwafo no nan ho de yɛɛ nhwɛso maa wɔn wiei no, ɔkae sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.” (Yohane 13:4-17) Ɛnnɛ, wɔ baabi a yɛte no, ebia ɛho renhia sɛ yɛbɛhohoro ɔhɔho a waba yɛn fie no nan ho. Nanso, sɛnea yɛasusuw ho wɔ asɛm yi mu no, yebetumi ada ɔdɔ adi na yɛasusuw afoforo ho wɔ asetra mu nneɛma afoforo mu, a apontow ne Kristofo ayeforohyia nso ka ho de akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. Sɛ́ ɛyɛ yɛn aware ase, anaasɛ yɛakɔ obi ayeforohyia ase, anaa yɛakɔ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nnwuma kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi apontow bi ase no, ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi na yesusuw afoforo ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔaka ayeforo ne ayeforohyia akyi apontow ho asɛm foforo wɔ asɛm a edi hɔ a ɛne “Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam” no mu.
Wubebua Dɛn?
Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wowɔ gyidi
• bere a woreyɛ apontow ho nhyehyɛe?
• bere a woreyɛ ayeforohyia anaa ayeforohyia apontow ho nhyehyɛe?
• bere a wode akyɛde rekɔma wɔn a wɔrehyia ayeforo anaa woregye akyɛde no?
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Sɛ nnipa kakraa bi mpo na wobɛto nsa afrɛ wɔn a, ɛsɛ sɛ woma “nyansa a efi soro” no kyerɛ wo kwan
-
-
Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra NyamƆwɛn-Aban—2006 | October 15
-
-
Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam
GORDON a waware bɛyɛ mfe 60 ni no kae sɛ: “M’ayeforohyia da yɛ da titiriw a m’ani gyei sen biara wɔ m’asetram no mu biako.” Dɛn na ɛma ayeforohyia da no yɛ da titiriw saa ma nokware Kristofo? Ɛyɛ da a wɔka ntam kyerɛ wɔn adɔfo—wɔn aware mu hokafo ne Yehowa Nyankopɔn. (Mateo 22:37; Efesofo 5:22-29) Ɛyɛ nokware sɛ nnipa a wɔreyɛ nhyehyɛe aware no pɛ sɛ wɔn ani gye, nanso ɛsɛ sɛ wɔhyɛ aware Hyehyɛfo no nso anuonyam.—Genesis 2:18-24; Mateo 19:5, 6.
Dɛn na ayeforokunu betumi ayɛ na ama ayeforohyia da yi ho aba nyam? Dɛn na ayeforo betumi ayɛ de adi ne kunu ne Yehowa ni? Dɛn na afoforo a wɔbɛkɔ bi no betumi ayɛ de aboa ma ayeforohyia da no ayɛ anigye? Bible nnyinasosɛm bi a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae. Sɛ yɛde nnyinasosɛm yi di dwuma a, ɛremma yenhyia ɔhaw pii a ebetumi asɛe saa da titiriw yi.
Hena na Ɛyɛ N’asɛde?
Wɔ aman pii so no, ebia mmara bɛma kwan ma Yehowa Dansefo somfo bi agye aware. Wɔ mmeae mpo a ɛsɛ sɛ ɔtemmufo na ogye aware no, wɔn a wɔreware no betumi ama wɔama Bible ho ɔkasa. Wɔ ɔkasa a ɛte saa mu no, wɔtaa ka kyerɛ ayeforokunu no sɛ onsusuw asɛde a Onyankopɔn de ama no sɛ abusua ti no ho. (1 Korintofo 11:3) Enti ayeforokunu no titiriw na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔbɛhwɛ biribiara a ɛbɛkɔ so wɔ ayeforohyia no ase. Nokwarem no, ɛyɛ ade a wɔtaa susuw aware no ne ebia ɛho apontow ho bere tenten ansa na adu so. Dɛn nti na eyi betumi ayɛ den?
Ade biako ne sɛ, ayeforo no anaa ayeforokunu no abusuafo betumi de wɔn ho agye ayeforohyia no ho nhyehyɛe no mu dodo. Rodolfo a wagye aware pii ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, abusuafo tumi haw ayeforokunu no, titiriw bere a wɔbɛboa ma watua ayeforohyia apontow ho ka no. Ebia wɔbɛkyerɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ ankasa wɔ ayeforohyia ne ɛho apontow no ase. Eyi betumi ama ayɛ den sɛ ayeforokunu no bedi n’asɛde ho dwuma sɛnea Kyerɛwnsɛm ka no.”
Max a wagye aware bɛyɛ mfe 35 ni no ka sɛ: “Mahyɛ no nsow sɛ ayeforo no na ɔtaa kyerɛ nea ɛsɛ sɛ ɛkɔ so wɔ ayeforohyia no ne ɛho apontow ase sen ayeforokunu no.” David a ɔno nso agye aware pii no ka sɛ: “Ebia ayeforokununom no ntaa nni nneɛma anim, ma enti wɔntaa mfa wɔn ho nhyɛ ayeforohyia no ho nhyehyɛe mu.” Ayeforokunu no bɛyɛ dɛn atumi adi n’asɛde ho dwuma yiye?
Nkitahodi De Anigye Kɛse Ba
Sɛ ayeforokunu no betumi adi n’asɛde wɔ ayeforohyia nhyehyɛe no ho dwuma yiye a, ɛsɛ sɛ ɔne nnipa a ayeforohyia no fa wɔn ho no di nkitaho yiye. Bible ka no pefee sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Nanso, sɛ ayeforokunu no di kan ne ayeforo no, abusuafo, ne afoforo a wobetumi de Bible mu afotu ama susuw ayeforohyia no nhyehyɛe ho a, ɛremma onhyia ɔhaw pii.
Nokwarem no, ɛho hia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no di kan ne wɔn ho susuw aware no ho nhyehyɛe ne nneɛma a wobetumi ayɛ ho. Dɛn ntia? Tie nsɛm bi a Ivan ne ne yere Delwyn a ɛsono ntetee a wɔn mu biara nyae ne baabi a wofi, nanso wɔde mfe pii aware a wɔwɔ anigye no kae. Ivan ka wɔn ayeforohyia nhyehyɛe no ho asɛm sɛ: “Ná minim sɛnea mepɛ m’ayeforohyia no. Ná mepɛ sɛ meto pon wɔ ɛno akyi ma me nnamfonom nyinaa ba bi. Ná mepɛ sɛ meyɛ ayeforo keeki, na me yere nso hyɛ atade yuu fitaa. Nanso na Delwyn mpɛ sɛ yɛyɛ ayeforo kɛse a yɛbɛyɛ ayeforo keeki biara. Ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛhyɛ ayeforo atade mpo.”
Ɛyɛɛ dɛn na nnipa baanu yi adwene hyiae? Wofii ayamye mu dii nkitaho pa. (Mmebusɛm 12:18) Ivan de ka ho sɛ: “Yesuaa ayeforohyia ho nsɛm a egyina Bible so, te sɛ nea ɛwɔ October 1, 1984, Ɔwɛn-Aban mu no.a Saa asɛm yi boaa yɛn ma yenyaa Onyankopɔn adwene wɔ ayeforohyia ho. Esiane sɛ ɛsono ntetee a yɛn mu biara nyae ne baabi a yefi nti, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma ahorow bi a yɛpɛ mu. Yɛn adwene tumi hyiae wɔ nneɛma bi ho.”
Aret ne Penny nso yɛɛ biribi a ɛte saa. Aret ka n’ayeforohyia da no ho asɛm sɛ: “Me ne Penny susuw nneɛma a na yɛn mu biara pɛ wɔ ayeforohyia no ho, na yɛn adwene tumi kɔɔ bɛnkoro mu. Yɛsrɛɛ Yehowa sɛ onhyira yɛn ayeforohyia da no so. Afei nso migyee afotu fii yɛn awofo ne awarefo afoforo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ asafo no mu hɔ. Wɔn nyansahyɛ no boae paa. Ɛmaa yɛn ayeforohyia no yɛɛ anigye.”
Ma W’ahosiesie Ho Mmra Nyam
Ntease wom sɛ ayeforo no ne ayeforokunu no nyinaa bɛpɛ sɛ wosiesie wɔn ho yiye wɔ ayeforohyia da no. (Dwom 45:8-15) Ebia ebegye bere, mmɔdenbɔ ne sika na wɔatumi anya ntade a ɛfata. Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wɔn ma wɔapaw nea ɛyɛ fɛ na ɛho wɔ nyam nso?
Susuw nea ayeforo no bɛhyɛ saa da no ho hwɛ. Ɛwom sɛ ɛsono nea obiara pɛ ne nea wogye tom wɔ ɔman biara mu de, nanso wotumi de Bible mu afotu yɛ adwuma wɔ baabiara. Ɛsɛ sɛ mmea “de fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata.” Eyi fa Kristofo mmea ho wɔ bere biara mu, na ayeforohyia da no nso ka ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ “ntade a ne bo yɛ den kɛse” na ɛma ayeforohyia bi yɛ anigye. (1 Timoteo 2:9; 1 Petro 3:3, 4) Hwɛ sɛnea sɛ wɔde saa afotu yi yɛ adwuma a, ɛma akomatɔyam!
David a yɛaka ne ho asɛm no ka sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no mu dodow no ara bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma, na wɔfata nkamfo. Nanso ɛtɔ mmere bi a, ayeforo binom ne wɔn mmaawa no ntade mfata, wotumi twa wɔn ntade no kɔn mu ma ɛkɔ fam dodo anaasɛ ntade a wɔhyɛ no ma wɔn ho gu hɔ.” Nea Kristofo asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw nso yɛ ne sɛ, odi kan ne ayeforo ne ayeforokunu no hyia susuw nsɛm ho boa wɔn ma wonya Onyankopɔn adwene wɔ ayeforohyia no ho. Ɔyɛ no dɛn? Obisa wɔn atade a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ de hyia ayeforo no sɛ ebia ɛyɛ nea ɛfata a wobetumi de akɔ Kristofo nhyiam. Ɛwom sɛ ebia ɛnyɛ atade a wohyɛ kɔ asafo nhyiam daa no na wobɛhyɛ ahyia ayeforo, na ebia nea wobɛhyɛ no fata baabi a mowɔ no de, nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ wobɛhyɛ atade a ɛfata sɛ Kristofo hyɛ. Sɛ ebia wɔn a wɔnsom Nyankopɔn no binom bu Bible mmara sɛ ɛyɛ den dodo mpo a, nokware Kristofo ani gye ho sɛ wɔremma wiase no nkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ.—Romafo 12:2; 1 Petro 4:4.
Penny ka sɛ: “Sɛ́ anka yɛbɛma ntade a yɛbɛhyɛ anaa apontow no agye yɛn adwene dodo no, me ne Aret de yɛn adwene sii aware no ne ɛho kasa a egyina Kyerɛwnsɛm so no so kɛse. Ná ɛno ne ade a ehia yɛn paa saa da no. Ɛnyɛ atade a mehyɛe anaa aduan a midii ne ade titiriw a mekae, na mmom nnipa a me ne wɔn nyaa fekubɔ ne anigye a minyae sɛ mereware ɔbarima a medɔ no no.” Ɛsɛ sɛ Kristofo baanu a wɔreware no ma nsɛm a ɛte saa tra wɔn adwenem bere a wɔreyɛ ayeforohyia ho nhyehyɛe no.
Ahenni Asa—Beae a Ɛfata
Sɛ hokwan wɔ hɔ a, Kristofo pii ani gye ho sɛ wobehyia ayeforo wɔ Ahenni Asa so. Dɛn nti na wɔpɛ no saa? Awarefo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehui sɛ aware yɛ ade kronkron a Yehowa ahyehyɛ. Ahenni Asa, faako a yɛsom Onyankopɔn a yɛwaree no boaa yɛn ma yehu fii mfiase pɛɛ sɛ ɛho hia sɛ yɛma Yehowa ba yɛn aware mu. Mfaso foforo a yenya fii Ahenni Asa so a yɛwaree sen sɛ yɛde bɛkɔ baabi foforo no ne sɛ, ɛmaa yɛn abusuafo a wonni Kristofo asafo no mu a wɔbaa bi no huu sɛnea yɛmfa Yehowa som nni agoru.”
Sɛ asafo mu mpanyimfo a Ahenni Asa no hyɛ wɔn nsa no ma kwan sɛ wobetumi ahyia ayeforo no wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no di kan ka wɔn nhyehyɛe ho asɛm kyerɛ wɔn. Ɔkwan biako a ayeforo no ne ayeforokunu no betumi akyerɛ obu ama wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn aba ayeforohyia no ase ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden adi bere a wɔahyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Na akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ biribiara ma ɛho ba nyam.b (1 Korintofo 14:40) Enti wɔrenyɛ biribiara a ɛmfata a ɛkɔ so wɔ wɔn a wɔnsom Onyankopɔn ayeforohyia ase no bi wɔ hɔ.—1 Yohane 2:15, 16.
Wɔn a wɔkɔ ayeforohyia no ase bi no nso betumi akyerɛ sɛ wɔwɔ Yehowa adwene wɔ aware ho. Sɛ nhwɛso no, wɔrenhwɛ kwan sɛ ayeforohyia no bɛkyɛn Kristofo afoforo de, te sɛ nea wɔresi akan ahwɛ nea n’ayeforohyia kyɛn so. Kristofo a wɔn ho akokwaw hu sɛ mfaso wɔ so, na ɛho hia sɛ wɔbɛkɔ Ahenni Asa so akotie ɔkasa a egyina Bible so no mmom sen sɛ wɔbɛkɔ ayeforohyia akyi apontow ase. Sɛ ebia Kristoni bi bere anaa ne tebea remma no kwan mma ɔnkɔ abien no nyinaa a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔbɛkɔ Ahenni Asa so de no mmom. Asafo mu panyin bi a wɔfrɛ no William ka sɛ: “Sɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no nni biribi titiriw nti a wɔamma Ahenni Asa so, na mmom akyiri yi wɔkɔ apontow no ase a, ɛkyerɛ sɛ wommu sɛnea ayeforohyia no yɛ kronkron no. Sɛ wɔanto nsa amfrɛ yɛn ankɔ apontow no ase mpo a, yebetumi akɔ Ahenni Asa so de akyerɛ sɛ yɛtaa ayeforo no ne ne kunu no akyi, na ama ayɛ adanse pa ama abusuafo a wonni Kristofo asafo no mu a wɔbɛba bi no.”
Ayeforohyia Da Akyi Anigye a Ɛbɛtra Hɔ Daa
Aguadifo ama ayeforohyia abɛdan adwuma a wɔde pɛ mfaso pii. Amanneɛbɔ bi a wɔde too gua nnansa yi kyerɛ sɛ wɔ United States no, wɔammmɔ ayeforohyia ho ka koraa no, “na ɛnyɛ Amerika dɔla 22,000 (¢200,200,000), anaa abusua bi afe mũ nyinaa akatua fã.” Aguadi ho dawurubɔ daadaa wɔn a wɔware foforo anaa wɔn abusuafo ma wɔbɔ saa da no nkutoo ho ka kɛse ma ɛbɛyɛ wɔn so adesoa mfe pii. So eyi yɛ ɔkwan a nyansa wom a obi de befi n’aware ase? Wɔn a wonnim Bible nnyinasosɛm anaa ɛmfa wɔn ho no betumi akukuru wɔn ayeforo kakraa saa, nanso hwɛ sɛnea ɛsono nokware Kristofo de!
Kristofo pii a wɔato nsa afrɛ nnipa dodow a wɔn nsa bɛso wɔn so aba wɔn ayeforohyia ase, na wɔde wɔn adwene asi ayeforohyia no fã a wɔbɛyɛ wɔ Ahenni Asa so no ama wɔatumi de wɔn bere ne wɔn ahode adi dwuma yiye sɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn. (Mateo 6:33) Susuw Lloyd ne Alexandra a wɔde mfe 17 akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma wɔ wɔn aware akyi no ho hwɛ. Lloyd ka sɛ: “Ebia ebinom buu yɛn ayeforohyia no sɛ na ɛnkyɛn so biara de, nanso me ne Alexandra ani gyei paa. Ná yɛte nka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn ayeforohyia yɛ biribi a ɛbɛma yɛabɔ ka kɛse, na mmom ɛyɛ Yehowa nhyehyɛe a ɛbɛma nnipa baanu anya anigye kɛse.”
Alexandra de ka ho sɛ: “Ansa na yɛrebɛware no, na meyɛ ɔkwampaefo, na na mempɛ sɛ mehyia ayeforo kakraa ama hokwan yi abɔ me. Ná yɛn ayeforohyia da no yɛ da titiriw paa. Nanso, na ɛyɛ da a edi kan a yɛrebɛbom atra wɔ yɛn nkwa nna a aka mu ara kwa. Yɛde afotu a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si aware a yɛbɛware kɛkɛ saa da no so dodo no yɛɛ adwuma, na yɛde Yehowa akwankyerɛ abɔ yɛn bra sɛ awarefo. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ama yɛanya Yehowa nhyira.”c
Nokwarem no, w’ayeforohyia da yɛ da titiriw. Sɛnea mobɛbɔ mo bra sɛ awarefo daakye no begyina suban a mobɛda no adi ne nea mobɛyɛ saa da no so. Enti monhwehwɛ akwankyerɛ mfi Yehowa hɔ. (Mmebusɛm 3:5, 6) Ma nea wobɛyɛ ama asɔ Onyankopɔn ani saa da no ntra w’adwenem kɛse. Obiara mmoa ne yɔnko ma onni asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no ho dwuma. Monam saayɛ so bɛto fapem pa ama mo aware, na Yehowa behyira mo ma moanya anigye a ɛbɛtra hɔ daa wɔ mo ayeforohyia da no akyi.—Mmebusɛm 18:22.
-