-
Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Bible?Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?
Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Bible?
“Ná ɛyɛ me sɛ Bible mu yɛ den; mekenkan koraa a merente ase.”—Jovy
“Ná ɛyɛ me sɛ emu nyɛ dɛ.”—Queennie
“M’ani bɔ Bible so a, na ɛrehunahuna me. Ɛso dodo.”—Ezekiel
Nea ebinom aka afa Bible ho ni. Wo nso ɛ? Biribi saa aba wo tirim pɛn? Bible akenkan ayɛ nnipa pii adesoa. Nanso, fa no sɛ woabehu sɛ wokenkan Bible a ebetumi ama w’ani agye, na w’abrabɔ nso bɛyɛ papa. Anka worenkan? Na sɛ wuhu sɛ akwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so akenkan ama ayɛ wo dɛ nso ɛ? Wopɛ sɛ wuhu nea Bible betumi ayɛ ama wo?
Ebinom akenkan Bible anya so mfaso paa. Wo deɛ ma yɛnhwɛ nea wɔwɔ ka.
Aberante bi de Ezekiel. Wadi mfe 20 ne kakra. Nea ɔkae ni: “Kan no, na m’abrabɔ ayɛ sɛ obi a ɔreka kar nso onnim baabi pɔtee a ɔrekɔ. Seesei Bible a mekenkan nti, mahu baabi a m’ani kyerɛ wɔ abrabɔ mu. Afotu pa pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa me biribiara mu.”
Ababaa bi a ɔde Frieda nso adi boro mfe 20. Ɔkaa sɛ: “Ná menka mmara koraa. Ɛreyɛ ara ni na me bo afuw. Nanso Bible akenkan ama masua sɛ mɛhyɛ me ho so. Ama seesei memfa nneɛma nhaw me ho bio, enti manya nnamfo pii.”
Ɔbaa bi a ɔde Eunice adi bɛyɛ mfe 50. Ɔno nso asɛm ni: “Bible akenkan nti, ade rekye a ade resa yi nyinaa na me suban reyɛ fɛ. Ɛresesa me paa.”
Nnipa a yɛaka wɔn ho asɛm yi ne nnipa mpempem pii ahu sɛ, wode Bible akenkan hyɛ wo ho a, w’ani rentan wɔ abrabɔ mu. (Yesaia 48:17, 18) Bible akenkan so mfaso dɔɔso. Ebi ne sɛ (1) ɛbɛma woasi gyinae pa, (2) wubenya nnamfo pa, (3) worenteetee wɔ abrabɔ mu, na (4) ne nyinaa akyi wubehu Onyankopɔn yiye paa. Wompɛ wei na wopɛ dɛn? Afotu a ɛwɔ Bible mu no fi Onyankopɔn hɔ enti sɛ wode yɛ adwuma a, wo nsa rensi fam da. Onyankopɔn deɛ, ontuu fo bɔne da. Bere nyinaa otu fo pa.
Nea ehia ara ne sɛ wobɛfa wo Bible, na woahyɛ ase akenkan. Dɛn na wobɛyɛ na Bible akenkan ayɛ wo dɛ?
-
-
Mɛyɛ Dɛn Afi Ase?Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?
Mɛyɛ Dɛn Afi Ase?
Sɛ wopɛ sɛ wokenkan Bible nya so mfaso paa a, wobɛyɛ no sɛn? Nnipa bebree afa akwan nnum yi so anya so mfaso. Ma yɛnhwɛ.
Pɛ baabi pa. Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Hwɛ sɛ woremma biribiara ntwetwe w’adwene. Sɛ wunya baabi a kanea ne mframa pa wɔ a, w’ani begye akenkan no ho paa.
Yɛ w’adwene yiye. Yɛn soro Agya na ɔde Bible no ama yɛn. Enti sɛ wobrɛ wo ho ase te sɛ abofra a ɔrepɛ biribi asua afi n’awofo nkyɛn a, wubenya so mfaso pii. Sɛ wowɔ adwene bi a ɛnteɛ wɔ Bible ho a, bɔ mmɔden pia to nkyɛn na ma Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ wo.—Dwom 25:4.
Di kan bɔ mpae. Nsɛm a ɛwɔ Bible mu nyinaa fi Onyankopɔn hɔ enti ɔno nko ara na obetumi aboa yɛn ama yɛate ase. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde “honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no.” (Luka 11:13) Honhom kronkron betumi aboa wo ama woate Bible ase. Nkakrankakra ebebue w’adwenem ama woate “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no mpo” ase.—1 Korintofo 2:10.
To wo bo ase. Worekenkan a, mfa ntu mmirika. Fa w’adwene di nea worekenkan no akyi. Wubetumi abisa wo ho nsɛm bi te sɛ: ‘Nipa a merekenkan ne ho asɛm yi, ne suban te sɛn? Mɛyɛ dɛn de abɔ me bra?’
Fa biribi si w’ani so. Sɛ wubenya Bible akenkan so mfaso a, fa si w’ani so sɛ wobɛhwehwɛ biribi pɔtee a ɛbɛboa wo. Wubetumi de biribi sei asi w’ani so: ‘Mepɛ sɛ mihu Onyankopɔn yiye.’ ‘Mepɛ sɛ mesesa me suban. Mepɛ sɛ meyɛ okunu anaa ɔyere pa.’ Afei hwɛ baabi pɔtee a ebetumi aboa wo ama woadu botae no ho.a
Nneɛma nnum a yɛaka ho asɛm yi betumi aboa wo ama woakenkan Bible. Ɛnde dɛn na wobɛyɛ na akenkan no ayɛ wo dɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛboa wo.
a Sɛ wofa Bible, na sɛ wunhu baabi pɔtee a wobɛkan a, ɛnde Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.
-
-
Dɛn na Ɛbɛma ne Kan Ayɛ Wo Dɛ?Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?
Dɛn na Ɛbɛma Ne Kan Ayɛ Dɛ?
Bible akenkan yɛ wo anihaw anaa ɛyɛ wo dɛ? Wokenkan Bible a, dɛn na wubenya afi mu? Ne nyinaa gyina wo ara wo so. Ma yɛnhwɛ nea woyɛ a, ɛbɛma Bible akenkan ayɛ wo dɛ paa.
Pɛ Bible a wɔakyerɛ ase kama a ebetumi aboa wo. Sɛ worekenkan Bible na sɛ nsɛmfua a ɛwom no, ɛyɛ den sɛ wobɛte ase a, ɛremma ne kan nyɛ wo dɛ. Enti wopɛ a, hwehwɛ Bible a emu nsɛm no da fam, na ɛbɛka wo koma paa. Afei hwɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛɛ ase no too wɔn bo ase kyerɛɛ ase kama, na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.a
Wubetumi akenkan no fon anaa kɔmputa so. Seesei sɛ wopɛ a wubetumi atwe Bible agu wo fon, tablɛt, anaa wo kɔmputa so akenkan. Nkyerɛase no bi wɔ hɔ a, wubetumi akenkan no tee wɔ intanɛt so. Ebi mpo deɛ wɔde nneɛma bi akeka ho ma enti sɛ wopɛ sɛ wode toto Bible nkyerɛase foforo ho a, wubetumi ayɛ no saa. Wohwɛ na ne kenkan bɛyɛ wo den a, wubetumi abɔ atie. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔte kar mu anaa wɔresi nneɛma a, wotumi bɔ Bible no tie. Sɛ wɔreyɛ ade foforo nso a wotumi bɔ tie. Ɛnde nea yɛaka yi nyinaa, emu nea ɛwɔ he na ɛbɛboa wo?
Wubetumi de nhoma a yɛde sua Bible ayɛ adwuma. Sɛ wode nhoma a yɛde sua Bible di dwuma a, ɛbɛboa wo paa. Aman ne nkurow a Bible aka ho asɛm no, wɔayɛ ho map, enti sɛ worekenkan na wohwɛ a, ɛbɛma woahu mmeae a nsɛm sisii na woatumi atwa ho mfonini. Wokɔ jw.org a, yɛwɔ “Bible Nkyerɛkyerɛ” afã wɔ hɔ. Nsɛm a ɛwɔ hɔ ne nea ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu nyinaa betumi aboa wo ama woate Bible ase.
Wubetumi afa kwan pii so. Sɛ Bible a wobɛkenkan afi ti akɔka ti no bɛyɛ den ama wo a, ɛnde fi ase kenkan baabi a w’ani gye ho paa. Sɛ Bible mu nnipa titiriw bi ho asɛm na wopɛ sɛ wokenkan a, wubetumi afa baako ho asɛm na woakenkan. Wuwie a, na wokɔ foforo so. Wopɛ sɛ wotweetwee Bible mu a, wɔakyerɛ sɛnea wubetumi ayɛ no wɔ adaka a wɔato din “Wopɛ sɛ Wuhu Bible Mu Yiye a Sua Emu Nnipa Ho Ade.” Anaa wopɛ nso a, fa asɛm bi anaa sɛnea nsɛm sisii no, na kenkan ho ade. Wuwie a, na wokɔ foforo so. Adɛn na wonsɔ emu baako nhwɛ?
a Nnipa pii ahu sɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu nsɛm yɛ pɛpɛɛpɛ, edi mu, na emu nso nyɛ den. Yehowa Adansefo na ɛyɛɛ Bible yi, na ebi wɔ kasa bɛboro 130 mu. Wubetumi atwe Bible no bi afi jw.org. Wubetumi nso atwe JW Library app agu wo fon so. Wopɛ nso a, Yehowa Adansefo betumi abrɛ wo Bible no bi.
-
-
Bible Betumi Aboa Me?Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?
Bible Betumi Aboa Me?
Bible nyɛ nhoma biara kɛkɛ. Ɔbɔadeɛ no nsɛm na ɛwom. (2 Timoteo 3:16) Emu nsɛm betumi aboa yɛn paa. Bible no ara mpo ka sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Tumi a ɛwom no, yenya so mfaso wɔ akwan mmienu so. Ɛnnɛ mpo, ɛboa yɛn wɔ yɛn abrabɔ mu. Afei nso yesua a, yebehu Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow yiye.—1 Timoteo 4:8; Yakobo 4:8.
Ɛnnɛ mpo Bible betumi aboa wo. Bible betumi aboa yɛn wɔ abrabɔ mu nsɛm ho. Ebi ne:
Yɛne nkurɔfo ntam nsɛm.—Efesofo 4:31, 32; 5:22, 25, 28, 33.
Bere a wo bo afuw anaa woyare.—Dwom 37:8; Mmebusɛm 17:22.
Suban.—1 Korintofo 6:9, 10.
Sikasɛm.—Mmebusɛm 10:4; 28:19; Efesofo 4:28.a
Aberante ne ababaa bi a wɔwɔ Asia yɛ awarefo. Wɔakenkan Bible anya so mfaso paa. Yenim sɛ nnipa pii ware foforo a, ɛyɛ a wɔnte wɔn ho ase, na wontumi nyi wɔn yam mmɔ nkɔmmɔ. Awarefo yi nso hyiaa ɔhaw yi bi. Nanso, wɔhyɛɛ ase de nea wɔkenkan fii Bible mu no yɛɛ adwuma. Ɛboaa wɔn sɛn? Ɔbarima no de Vicent, na nea ɔkae ni: “Bible no nti, sɛ me ne me yere nya asɛm a, minya ne ho abotare. Wei ama yɛn aware asɔ paa.” Ne yere Annalou nso kaa sɛ: “Sɛnea nnipa pii yɛɛ wɔn ade wɔ Bible mu no aboa yɛn paa. Seesei yɛte yɛn ho ase na yetumi bom yɛ ade. Wei ama m’ani agye paa.”
Ɛbɛma woahu Onyankopɔn. Vicent ahu sɛ, sɛ aware mu nsɛm da nkyɛn a, wanya mfaso bebree afi Bible so. Ɔkaa sɛ: “Seesei Bible a mekenkan no ama mabɛn Yehowa kɛse.” Nea Vicent aka yi ama yɛahu biribi foforo a ɛho hia paa. Ɛne sɛ Bible betumi ama woahu Onyankopɔn yiye. Wei bɛma wode n’afotusɛm abɔ wo bra, na wubetumi afa no adamfo nso. Ɛnyɛ ɛno nko, Bible bɛma woahu nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa daakye. Saa bere no, wubenya anigye mapa anaa “nkwa ankasa.” Kyerɛ sɛ, wobɛtena ase daa. (1 Timoteo 6:19) Sɛ ɛnyɛ Bible a, nhoma bɛn bio na ebetumi aboa wo saa?
Sɛ wohyɛ ase kenkan Bible a, toa so na mfaso a ebinom anya no, wo nso wubenya bi. W’abrabɔ betu mpɔn nnɛ, na wubehu Onyankopɔn yiye. Nanso, wohyɛ ase sɛ worekenkan Bible a, ebia nsɛmmisa pii bɛba w’adwene mu. Sɛ worekenkan Bible a, kae Etiopiani piani no. Ɔtenaa ase mfe 2,000 a atwam ni. Ná ɔwɔ Bible ho nsɛmmisa bebree. Bere a obi bisaa no sɛ ɔte nea ɔrekenkan no ase anaa no, ɔkaa sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate ase.”b Ɔmaa kwan maa Filipo boaa no. Ná Filipo yɛ Yesu suani a otumi de Bible kyerɛkyerɛ yiye. (Asomafo Nnwuma 8:30, 31, 34) Wo nso, wopɛ sɛ wuhu Bible mu yiye paa a, ɛnde fa w’abisade no fa Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw anaa fa address a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi kratafa 2 no mu nea ɛbɛn wo paa kyerɛw yɛn. Afei wubetumi ahwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam anaa wubetumi akɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so. Adɛn na womfa Bible nkenkan no seesei ara? Anka ebesi wo yiye paa!
Sɛ ɛyɛ den sɛ wubegye Bible adi paa a, ɛnde yɛsrɛ wo hwɛ video tiatiaa yi. Wɔato din, Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Bible no Yɛ Nokware? Wopɛ nso a, kɔ yɛn wɛbsaet wɔ jw.org/tw. Kɔ NHOMA > VIDEO.
a Afotusɛm pii wɔ Bible mu. Wopɛ sɛ wuhu bi a, kɔ yɛn wɛbsaet wɔ jw.org/tw. Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE.
b Afei hwɛ asɛm bi wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu. Asɛm a ɛda so ne “Adɛn Nti na Ehia sɛ Yɛte Bible Ase Yiye?”
-