-
1 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Mpae?Ɔwɛn-Aban—2011 | January 1
-
-
1 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Mpae?
MPAEBƆ. Ɛyɛ Bible mu asɛm a nkurɔfo ani gye ho na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛkyerɛ ankasa. Susuw nsɛmmisa ason a wɔtaa bisa fa mpaebɔ ho no ho hwɛ; na afei ma yɛnhwehwɛ mmuae a wɔde ama wɔ Bible no mu. Wɔakyerɛw nsɛm yi na aboa wo ma woatumi abɔ mpae, woafi ase abɔ mpae, anaa ama wo mpaebɔ atu mpɔn.
WƆ WIASE nyinaa no, nnipa a wɔwɔ amammerɛ ne ɔsom ahorow nyinaa mu bɔ mpae. Sɛ wɔn mu binom nkutoo wɔ hɔ a, wɔbɔ mpae; na sɛ wohyiam sɛ kuw nso a, wɔbɔ mpae. Wɔbɔ mpae wɔ asɔre ahorow mu, asɔredan ahorow mu, hyiadan ahorow mu, nkramofo asɔredan mu, ne abosonnan mu. Wotumi de nneɛma a edidi so yi di dwuma de bɔ mpae: kɛtɛ, roso, nkyimii, ahoni, mpaebɔ nhoma, anaa mpae a wɔakyerɛw agu ntaboo asinasin so de asensɛn hɔ.
Ade biako a ɛma nnipa da nsow wɔ abɔde a nkwa wom nyinaa ho wɔ asase yi so ne mpae a wɔbɔ. Nokwarem, yɛne mmoa di nsɛ wɔ nneɛma pii mu. Yehia aduan, mframa, ne nsu, te sɛ wɔn ara. Wɔwo yɛn, yɛtena nkwa mu, na yewu te sɛ wɔn ara. (Ɔsɛnkafo 3:19) Nanso nnipa nkutoo na wɔbɔ mpae. Dɛn ntia?
Ebia mmuae tiawa ne sɛ, ehia sɛ yɛbɔ mpae. Nanso wɔtaa bu mpaebɔ sɛ ɔkwan a nnipa fa so ne tumi bi a wobu no sɛ ɛyɛ kronkron na ɛwɔ hɔ daa di nkitaho. Bible kyerɛ sɛ wɔde nneɛma a ɛte saa ahyɛ yɛn komam. (Ɔsɛnkafo 3:11) Bere bi Yesu Kristo kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”—Mateo 5:3.
“Honhom mu ahiade”—ɔkwan bɛn bio na obi betumi afa so akyerɛkyerɛ saa asɔredan ne ahoni ahorow, ne mmere pii a wɔsɛe wɔ mpaebɔ ho no mu? Nokwarem no, nnipa binom de wɔn ho to wɔn ho so anaa wɔn mfɛfo nnipa so de hwehwɛ wɔn honhom mu ahiade. Nanso, so wonte nka sɛ nnipa nni tumi biara a ɛbɛma wɔatumi aboa wɔn ho? Yɛn nyinaa tɔ sin, yɛn nkwa yɛ tiaa, na yentumi nhwɛ ade nkɔ akyiri. Obi a onim nyansa sen yɛn, ɔwɔ tumi sen yɛn, na ɔtena hɔ daa nkutoo na obetumi ama yɛn nea yehia. Na dɛn ne honhom mu ahiade a ɛka yɛn ma yɛbɔ mpae no?
Susuw ho hwɛ: So woahwehwɛ akwankyerɛ, nyansa anaa nsɛm bi a ɛboro nnipa nimdeɛ so ho mmuae pɛn? So woate nka pɛn sɛ wuhia awerɛkyekye bere a wohweree ade kɛse bi, bere a wuhia akwankyerɛ wɔ gyinae bi a emu yɛ den a wopɛ sɛ wusi ho, anaa bɔne bi a woyɛe maa wotee nka sɛ wuhia bɔne fafiri?
Sɛnea Bible kyerɛ no, yebetumi abɔ eyinom nyinaa ho mpae ma afata. Ɛdefa mpaebɔ ho no, Bible no ne nhoma a ɛsen biara a yebetumi de yɛn ho ato so, na mmea ne mmarima anokwafo pii mpaebɔ nso wom. Wɔbɔɔ mpae de hwehwɛɛ awerɛkyekye, akwankyerɛ, bɔne fafiri, ne nsɛm a emu yɛ den ho mmuae.—Dwom 23:3; 71:21; Daniel 9:4, 5, 19; Habakuk 1:3.
Ɛwom sɛ ɛsono mpaebɔ ahorow yi mu biara de, nanso ade biako bi da adi wɔ ne nyinaa mu. Ná wɔn mu biara nim ade titiriw a ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wɔatie ne mpaebɔ, nanso ɛnte saa wɔ wɔn a wɔbɔ mpae nnɛ no pii fam. Ná wonim nea ɛsɛ sɛ wɔbɔ no mpae.
-
-
2 Hena na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ no Mpae?Ɔwɛn-Aban—2011 | January 1
-
-
2 Hena na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ no Mpae?
SO Onyankopɔn tie mpaebɔ nyinaa, ɛmfa ho onyame ko a wɔbɔ no mpae no? Wɔ nnɛ wiase mu no, nkurɔfo pii taa susuw sɛ ɛte saa. Wɔn a wɔpene gyidi afrafra so no ani gye adwene a ɛte saa ho, na saa ara na wɔn a wɔpɛ sɛ wogye ɔsom nyinaa tom ɛmfa ho sɛ ɛsono wɔn gyidi ahorow no nso ani gye ho. Nanso so ebetumi aba sɛ adwene a ɛte saa nyɛ nokware?
Nokwarem no, Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn ankasa na nnipa pii bɔ no mpae. Bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na nkurɔfo taa bɔ ahoni mpae. Nanso Onyankopɔn kasa tiaa adeyɛ a ɛte saa mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, Dwom 115:4-6 ka fa ahoni ho sɛ: “Wɔwɔ asõ, nanso wɔnte hwee.” Asɛm no mu da hɔ fann. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ onyame a ɔrente nea wobɛka da, no mpae?
Bible kyerɛwtohɔ a emu da hɔ kyerɛkyerɛ asɛm yi mu kɔ akyiri. Odiyifo nokwafo Elia twaa Baal adiyifo no mpoa sɛ wɔmmɔ wɔn nyame no mpae, na ɛno akyi no, Elia nso bɛbɔ ne Nyankopɔn mpae. Elia kae sɛ nokware Nyankopɔn no bebua ne mpaebɔ no, nanso atoro nyame no remmua wɔn. Baal adiyifo no penee so, na wɔbɔɔ mpae tenten a emu yɛ den, na wɔteɛteɛɛm mpo—nanso ankosi hwee! Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Wɔante nne bi, obiara annye so.” (1 Ahene 18:29) Nanso bere a Elia bɔɔ ne mpae no, dɛn na esii?
Bere a Elia bɔɔ ne mpae no wiei no, ne Nyankopɔn buaa no amonom hɔ ara, ɔmaa ogya fii soro bɛhyew afɔre a na Elia ahyehyɛ asi hɔ no. Ná nsonsonoe bɛn na ɛwom? Ade biako bi wɔ Elia mpaebɔ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Ahene 18:36, 37 no mu a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow. Ná ɛyɛ mpaebɔ tiawa—nsɛmfua bɛyɛ 30 pɛ na ɛwom wɔ Hebri kasa a wɔde kyerɛwee no mu. Nanso wɔ saa nsɛmfua kakraa no mu no, Elia bɔɔ Onyankopɔn din Yehowa no mprɛnsa.
Ná Baal, a asekyerɛ ne “owura” no yɛ Kanaanfo nyame, na na ɛsono sɛnea obiara bu saa nyame yi wɔ ne mpɔtam. Nanso edin Yehowa no yɛ soronko, ná wɔde frɛ Onyankopɔn nkutoo wɔ amansan nyinaa mu. Saa Nyankopɔn yi ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mene Yehowa; me din ne no. Na meremfa m’anuonyam mma obiara.”—Yesaia 42:8.
So Onyankopɔn tiee Elia mpaebɔ no ne Baal adiyifo no mpaebɔ no nso? Baal asomfo no de ɔsom mu tuutuusi ne nnipa a wokum wɔn de bɔ afɔre guu nnipa anim ase. Nanso, Yehowa som maa ne nkurɔfo Israelfo no anim baa nyam, na ɛma wɔdee wɔn ho fii nneyɛe a ɛho ntew a ɛte saa no ho. Enti susuw ho hwɛ: Sɛ wohyɛ da kyerɛw krataa kɔma w’adamfo bi a wubu no paa a, so wobɛhwɛ kwan sɛ wɔde krataa no bɛma obi foforo a ɛsono ne din, wagye dimmɔne, na ne suban ne wo yɔnko no de bɔ abira koraa? Worenyɛ saa da!
Mpoa a Elia twaa Baal adiyifo no kyerɛe sɛ Onyankopɔn ntie mpaebɔ nyinaa
Sɛ wobɔ Yehowa mpae a, na worebɔ Ɔbɔadeɛ a ɔyɛ adesamma nyinaa Agya no mpae.a Odiyifo Yesaia kae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Wo Yehowa, wone yɛn Agya.” (Yesaia 63:16) Onyankopɔn koro yi ara ho asɛm na na Yesu Kristo reka bere a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ n’akyidifo no: “Merekɔ m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn no nkyɛn.” (Yohane 20:17) Yehowa yɛ Yesu Agya. Ɔno ne Onyankopɔn a Yesu bɔɔ no mpae no, na ɔno na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ no mpae.—Mateo 6:9.
So Bible no kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ Yesu, Maria, ahotefo, anaa abɔfo mpae? Dabi—Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Susuw nneɛma abien bi a enti ɛte saa ho hwɛ. Nea edi kan no, mpaebɔ yɛ ɔsom, na Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ɔsom ma Yehowa nkutoo. (Exodus 20:5) Nea ɛto so abien, Bible da no adi sɛ ɔno na okura abodin a ɛne “Mpaebɔ tiefo.” (Dwom 65:2) Ɛwom sɛ Yehowa fi ayamye mu de asɛyɛde pii ahyehyɛ afoforo nsa, nanso eyi yɛ asɛyɛde a ɔmfa nhyɛɛ obiara nsa da. Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ bɔ sɛ n’ankasa betie yɛn mpaebɔ.
Enti sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn tie wo mpaebɔ a, kae Kyerɛwnsɛm mu afotu yi: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.” (Asomafo Nnwuma 2:21) Nanso, so Yehowa tie mpaebɔ nyinaa? Anaasɛ sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ a, biribi foforo bi wɔ hɔ a ehia sɛ yehu?
a Nyamesom mu atetesɛm bi ka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din ankasa, mpo wɔ mpaebɔ mu. Nanso, saa din no pue bɛboro mpɛn 7,000 wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no mu, na mpɛn pii no epue wɔ Yehowa asomfo mpaebɔ ne wɔn nnwom mu.
-
-
3 Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa so Bɔ Mpae?Ɔwɛn-Aban—2011 | January 1
-
-
3 Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa so Bɔ Mpae?
ƐDEFA mpaebɔ ho no, nyamesomfo pii twe adwene si sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade no so, te sɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yegyina hɔ anaa yɛkotow hɔ, nsɛm a ɛsɛ sɛ yɛka, ne amanne a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nanso Bible boa ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneyɛe a ɛtete saa so, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde si asɛmmisa yi fã a ɛho hia kɛse no so, “Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae?”
Bible ka Onyankopɔn asomfo anokwafo ho asɛm sɛ wɔbɔɔ mpae wɔ akwan pii so. Ná wotumi bɔ mpae wɔ wɔn tirim anaa wɔbɔ no denneennen ma epue sɛnea tebea no bɛma kwan. Ná wotumi pagyaw wɔn ti hwɛ soro anaa wɔbɔ wɔn mu ase bɔ mpae. Sɛ́ anka wɔde ahoni, nhene, anaa mpaebɔ nhoma bedi dwuma wɔ wɔn mpaebɔ mu no, wofi wɔn komam de wɔn ankasa nsɛm bɔɔ mpae. Dɛn na ɛmaa wɔn mpaebɔ no tuu mpɔn?
Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, Onyankopɔn biako pɛ na wɔbɔɔ no mpae—Yehowa. Ade foforo bi nso wɔ hɔ a ɛho hia. Yɛkenkan wɔ 1 Yohane 5:14 sɛ: “Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.” Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ ne Onyankopɔn apɛde hyia. Ɛno kyerɛ dɛn?
Sɛ yɛbɛbɔ mpae ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia a, ehia sɛ yehu n’apɛde. Ɛnde na ehia paa sɛ yesua Bible no. So eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn rentie yɛn gye sɛ yɛyɛ Bible ho abenfo ansa? Dabi, mmom Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yebesua n’apɛde ho ade, abɔ mmɔden ate ase, na yɛde ayɛ adwuma. (Mateo 7:21-23) Ehia sɛ yɛbɔ mpae ma ɛne nea yesua no hyia.
Mpaebɔ a etu mpɔn no ne Onyankopɔn apɛde hyia, wɔbɔ no gyidi mu, na wɔbɔ wɔ Yesu din mu
Bere a yesua Yehowa ne n’apɛde ho ade no, ɛma yɛn gyidi mu yɛ den—na ɛno nso boa wɔ mpaebɔ mu. Yesu kae sɛ: “Biribiara a mubebisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidi a, mo nsa bɛka.” (Mateo 21:22) Gyidi nkyerɛ sɛ wubegye biribiara atom kɛkɛ. Mmom no, ɛkyerɛ sɛ wubegye biribi a ɛwɔ adanse a emu yɛ den a wunhui mpo atom. (Hebrifo 11:1) Adanse pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ, Yehowa a yenhu no no wɔ hɔ ankasa, wotumi de ho to no so, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ otie wɔn a wogye no di no mpaebɔ. Bio nso, yebetumi asrɛ Yehowa bere nyinaa sɛ ɔmma yɛn gyidi nyɛ kɛse, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia.—Luka 17:5; Yakobo 1:17.
Ade foforo a ehia wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ho nso ni. Yesu kae sɛ: “Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Enti Yesu ne ɔkwan a yebetumi afa so abɛn yɛn Agya Yehowa. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae wɔ ne din mu. (Yohane 14:13; 15:16) Ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yesu mpae. Mmom no, yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu bere a yɛkae sɛ Yesu nti na yetumi bɛn yɛn Agya a ɔyɛ pɛ na ɔyɛ kronkron no.
Bere bi, Yesu akyidifo a wɔbɛn no paa no bisaa no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn sɛnea wɔbɔ mpae.” (Luka 11:1) Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ nneɛma a ehia a yɛasusuw ho seesei no na wɔrebisa. Na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm wɔ mpaebɔ mu—enti wobisaa biribi te sɛ, ‘Dɛn ho mpae na yɛmmɔ?’
-
-
4 Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Ho Mpae?Ɔwɛn-Aban—2011 | January 1
-
-
4 Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Ho Mpae?
WƆTAA frɛ no Kristofo mpae a wɔabɔ sen biara. Sɛ́ ɛyɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware no, nnipa pii nte Yesu mpaebɔ a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no Awurade Mpaebɔ anaa Yɛn Agya a ɔwɔ soro no ase. Nnipa ɔpepem pii ka no mpɛn pii da biara da a wonsusuw ho. Nanso na ɛnyɛ Yesu adwene ne sɛ wɔbɛbɔ mpae no wɔ saa kwan no so. Yɛyɛ dɛn hu?
Ansa na Yesu rebɛka saa mpaebɔ no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii.” (Mateo 6:7) So Yesu de nsɛm mfuamfua mae sɛ yɛnkyere ngu yɛn tirim na yentĩ mu nka bere a n’ankasa kasa tia saa adeyɛ no? Dabida! Mmom no, na Yesu rekyerɛ yɛn nea yɛmmɔ ho mpae, na na ɔrema yɛn nsɛm bi a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem bere a yɛrebɔ mpae no. Momma yensusuw nea ɔkae no ho yiye nhwɛ. Wɔayɛ mpaebɔ no ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 6:9-13.
“Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.”
Yesu nam eyi so kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ n’Agya Yehowa, nkutoo mpae. Nanso, so wunim nea enti a Onyankopɔn din ho hia saa, ne nea enti a ehia sɛ wɔtew ho, anaa wɔyɛ no kronkron no?
Efi nnipa abakɔsɛm mfiase pɛɛ na wɔde atorodi agu Onyankopɔn din kronkron no ho fĩ. Onyankopɔn tamfo, Satan, aka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ Sodifo ɔtorofo ne pɛsɛmenkominyafo a onni hokwan biara sɛ odi N’abɔde so. (Genesis 3:1-6) Nnipa pii akogyina Satan akyi, na wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni tema, ne tirim yɛ den, na ɔmfa bɔne nkyɛ anaa wonnye nni sɛ Ɔno ne Ɔbɔadeɛ no. Afoforo ama Onyankopɔn din ho aba asɛm, wɔayi Yehowa din no afi Bible nkyerɛase mu, na wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde di dwuma.
Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn besiesie saa atɛnkyea yi nyinaa. (Hesekiel 39:7) Ɔnam saayɛ so bedi w’ahiade ne wo haw biara nso ho dwuma. Ɔkwan bɛn so? Yesu mpaebɔ no mu nsɛm a edi hɔ no de ho mmuae bɛma.
“W’ahenni mmra.”
Ɛnnɛ, nyamesom akyerɛkyerɛfo adwene atu afra paa wɔ Onyankopɔn Ahenni ho. Nanso sɛnea na Yesu atiefo nim dedaw no, na Onyankopɔn adiyifo fi bere tenten ahyɛ nkɔm sɛ, Mesia, Ogyefo a Onyankopɔn apaw no no bedi Ahenni bi a ɛbɛsesa wiase no so. (Yesaia 9:6, 7; Daniel 2:44) Ɛbɛtew Onyankopɔn din ho denam Satan atorodi a ɔbɛma ho ada hɔ na wayi Satan ne ne nnwuma nyinaa afi hɔ no so. Onyankopɔn Ahenni beyi ɔko, ɔyare, ɔkɔm—mpo owu, ankasa afi hɔ. (Dwom 46:9; 72:12-16; Yesaia 25:8; 33:24) Sɛ wobɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra a, na worebɔ mpae sɛ saa bɔhyɛ no nyinaa mmra mu.
“W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”
Yesu nsɛm yi kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ soro, faako a Onyankopɔn te no. Biribiara ntumi nsiw Onyankopɔn apɛdeyɛ kwan wɔ ɔsoro; ɛhɔ na Onyankopɔn Ba no ne Satan ne n’apamfo no dii ako na ɔtow wɔn guu asase so. (Adiyisɛm 12:9-12) Adesrɛde a ɛto so abiɛsa wɔ saa mpaebɔ yi mu no te sɛ abien a edi kan no ara, na ɛboa ma yɛde yɛn adwene si nsɛm a ɛho hia kɛse so—ɛnyɛ nea yɛpɛ, na mmom nea Onyankopɔn pɛ. N’apɛde na bere nyinaa ɛde nneɛma pa brɛ abɔde nyinaa. Enti Yesu mpo a ɔyɛ pɛ no ka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “Ɛnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ nyɛ.”—Luka 22:42.
“Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu.”
Afei Yesu kyerɛe sɛ yebetumi abɔ yɛn ahiade ho mpae. Mfomso biara nni ho sɛ yɛbɛbɔ Onyankopɔn mpae abisa no ma ɔde yɛn ahiade ama yɛn daa. Nokwarem no, saa a yɛbɛyɛ no kae yɛn sɛ Yehowa na “ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa.” (Asomafo Nnwuma 17:25) Bible no da no adi sɛ ɔyɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ a n’ani gye ho sɛ ɔbɛma ne mma nea wohia. Nanso sɛ́ ɔwofo pa no, ɔremma ne mma nea ebepira wɔn.
“Fa yɛn aka firi yɛn.”
So wode Onyankopɔn ka ankasa? So wuhia ne hɔ fafiri? Ɛnnɛ nnipa pii nte nea bɔne yɛ ase na wonhu aniberesɛm a ɛyɛ. Nanso Bible kyerɛkyerɛ sɛ bɔne na ɛde yɛn haw a emu yɛ den nyinaa ba, na ɛno ne ade titiriw a ɛma nnipa wuwu. Esiane sɛ wɔwoo yɛn wɔ bɔne mu nti, yɛn nyinaa taa yɛ bɔne, na sɛ yebenya daakye a enni awiei a, egyina yɛn bɔne a Onyankopɔn de befiri yɛn so. (Romafo 3:23; 5:12; 6:23) Asɛm a Bible ka yi ma abotɔyam: “O Yehowa, wuye, na wowɔ ɔpɛ sɛ wode bɔne befiri.”—Dwom 86:5.
“Gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.”
So wuhu sɛnea wuhia Onyankopɔn ahobammɔ denneennen no? Nnipa pii nnye ntom koraa sɛ “ɔbɔnefo,” a ɔyɛ Satan no wɔ hɔ ankasa. Nanso Yesu kyerɛkyerɛe sɛ Satan wɔ hɔ ankasa, mpo ɔfrɛɛ no “wiase sodifo.” (Yohane 12:31; 16:11) Satan asɛe wiase yi a odi so no, na ɔpɛ sɛ ɔkwan biara so no ɔsɛe wo, na ɔtwe wo fi w’Agya, Yehowa ho. (1 Petro 5:8) Nanso Yehowa wɔ tumi sen Satan koraa, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛbɔ wɔn a wɔdɔ No no ho ban.
Ɛnyɛ tebea biara mu na yebetumi afa Yesu mpaebɔ a yɛaka ho asɛm tiawa yi mu nsɛntitiriw abɔ ho mpae. Kae sɛ, 1 Yohane 5:14 ka fa Onyankopɔn ho sɛ: “Biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.” Enti mma ɛnhaw wo sɛ wo haw ahorow no sua dodow sɛ wode bɛkɔ Onyankopɔn anim.—1 Petro 5:7.
Na bere ne beae a ɛsɛ sɛ yegyina bɔ mpae no nso ɛ? So bere a yɛde bɔ mpae ne beae a yɛbɔ mpae no ho hia?
-
-
5 So Bere ne Beae a Yɛbɔ Mpae Ho Hia?Ɔwɛn-Aban—2011 | January 1
-
-
5 So Bere ne Beae a Yɛbɔ Mpae Ho Hia?
AKYINNYE biara nni ho sɛ woahu sɛ nyamesom kuw pii twe adwene si mpaebɔ fie ahorow so na wɔkyerɛ mmere pɔtee wɔ da no mu a ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae. So Bible no kyerɛ mmeae pɔtee ne mmere a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?
Ɛyɛ nokware, Bible no kyerɛ tebea horow a ɛfata a yebetumi abɔ mpae wom. Sɛ nhwɛso no, ansa na Yesu ne n’akyidifo no rebedidi no, ɔbɔɔ mpae daa Nyankopɔn ase. (Luka 22:17) Na sɛ n’asuafo no hyiam som a, wɔbom bɔ mpae. Enti wodii adeyɛ a na wɔakɔ so ayɛ no bere tenten wɔ Yudafo hyia adan mu ne Yerusalem asɔrefie hɔ no akyi. Ná nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ asɔrefie no bɛyɛ “amanaman nyinaa mpaebɔ fie.”—Marko 11:17.
Sɛ Onyankopɔn asomfo hyiam na wɔbɔ mpae a, wɔn adesrɛ no tumi yɛ adwuma paa. Sɛ kuw no nyinaa adwene hyia, na mpae a wɔbɔ ma wɔn no ne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm hyia a, Onyankopɔn ani sɔ. Mpaebɔ no betumi aka no ma wayɛ nea na ɔmmɔɔ ne tirim mpo sɛ ɔbɛyɛ. (Hebrifo 13:18, 19) Yehowa Adansefo bɔ mpae daa wɔ wɔn nhyiam ahorow ase. Wɔde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra wɔn Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so na w’ankasa betie mpaebɔ a ɛte saa.
Nanso, Bible no nkyerɛ beae anaa bere pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae. Wɔ Bible mu no, yehu sɛ Onyankopɔn asomfo bɔɔ mpae wɔ baabiara a wɔpɛ ne mmere ahorow mu. Yesu kae sɛ: “Sɛ worebɔ mpae a, kɔ wo pia mu na to wo pon mu bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpae; ɛno na w’Agya a ɔhwɛ kokoam no betua wo ka.”—Mateo 6:6.
Yebetumi abɔ mpae bere biara, ne wɔ baabiara
So eyi nyɛ anigyesɛm? Wubetumi abɛn amansan Hene no bere biara mu wɔ kokoam, na nya awerɛhyem sɛ obetie wo. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yesu nkutoo taa tew ne ho kɔbɔ mpae no! Bere bi a ɛda adi sɛ na ɔrehwehwɛ akwankyerɛ wɔ gyinaesi bi a ɛho hia ho no, ɔde anadwo mũ nyinaa bɔɔ Onyankopɔn mpae.—Luka 6:12, 13.
Mmarima ne mmea a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no bɔɔ mpae bere a wohyiaa nsɛnnennen anaa ɛho hiae sɛ wosisi gyinae a anibere wom no. Ɛtɔ mmere bi a wɔbɔ mpae denneennen, na ɛtɔ mmere bi nso a, wɔbɔ no wɔn tirim; wohyiam sɛ kuw a, wɔbɔ mpae, na na wɔbɔ mpae sɛ ankorankoro nso. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, na wɔbɔ mpae. Onyankopɔn ka kyerɛ n’asomfo sɛ: “Munnnyae mpaebɔ da.” (1 Tesalonikafo 5:17) Ɔwɔ ɔpɛ sɛ obetie wɔn a wɔyɛ n’apɛde no daa. So eyi nyɛ anigyesɛm?
Nokwarem no, wɔ wiase a nkurɔfo gye biribiara ho kyim yi mu no, nnipa pii nhu mfaso a ɛwɔ mpaebɔ so. Ebia wubebisa sɛ, ‘So ɛbɛboa me ankasa?’
-
-
6 So Ebetumi Aboa Yɛn?Ɔwɛn-Aban—2011 | January 1
-
-
6 So Ebetumi Aboa Yɛn?
SO MPAEBƆ tumi boa yɛn? Bible kyerɛ ampa sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo mpaebɔ boa wɔn. (Luka 22:40; Yakobo 5:13) Nokwarem no, mpaebɔ betumi aboa yɛn wɔ honhom fam, nkate fam, ne mpo honam fam. Ɔkwan bɛn so?
Wode yɛmfa no sɛ, obi abɛkyɛ wo ba bi ade. So wobɛkyerɛ no sɛ ɔnkyerɛ ho anisɔ wɔ ne komam kɛkɛ? Anaa wobɛka akyerɛ no sɛ ɔnkɔda onii no ase mfa nkyerɛ sɛ n’ani asɔ? Sɛ yɛka sɛnea yɛte nka wɔ biribi ho kyerɛ a, ɛma afoforo hu na mpo ɛhyɛ yɛn den. So saa ara na ɛte bere a yɛrekasa akyerɛ Onyankopɔn no? Yiw ɛte saa! Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.
Aseda mpaebɔ. Yɛde yɛn adwene si nhyira horow a yenya so, bere a yɛda yɛn Agya no ase wɔ nneɛma pa a yenya ho no. Ɛno ma yɛkyerɛ anisɔ kɛse, ɛma yɛn ani gye pii na yenya nneɛma ho adwempa kɛse.—Filipifo 4:6.
Sɛ nhwɛso no: Yesu daa anisɔ adi wɔ sɛnea n’Agya tiee ne mpaebɔ na ɔyɛɛ n’abisade maa no no ho.—Yohane 11:41.
Mpaebɔ a yɛde hwehwɛ bɔne fafiri. Sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa yɛn bɔne mfiri yɛn a, ɛma yɛn ahonim yɛ nnam, yɛkyerɛ ahonu kɛse, na ɛma yehu aniberesɛm a bɔne no yɛ no. Ɛma yeyi bɔne ho afobu a ayɛ sɛ adesoa no fi yɛn so.
Sɛ nhwɛso no: Dawid bɔɔ mpae de kyerɛe sɛ wanu ne ho, na odi yaw wɔ nea wayɛ no ho.—Dwom 51.
Mpaebɔ a yɛde hwehwɛ akwankyerɛ ne nyansa. Sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ yɛn ho ban anaa ɔmma yɛn nyansa a yebetumi de asisi gyinae pa a, ebetumi aboa yɛn ma yɛafi komam abrɛ yɛn ho ase. Ɛbɛkae yɛn sɛ yɛtɔ sin na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya yɛn soro Agya no mu ahotoso.—Mmebusɛm 3:5, 6.
Sɛ nhwɛso no: Solomon fi ahobrɛase mu bisaa akwankyerɛ ne nyansa a ɔde bebu Israel man.—1 Ahene 3:5-12.
Mpae a yɛbɔ bere a yɛahaw. Sɛ yɛka nea ɛwɔ yɛn komam kyerɛ Onyankopɔn bere a yɛahaw a, yebenya akomatɔyam na yɛde yɛn ho ato Yehowa so sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa so.—Dwom 62:8.
Sɛ nhwɛso no: Ɔhene Asa bɔɔ mpae bere a ohyiaa atamfo a wɔn ho yɛ hu no.—2 Beresosɛm 14:11.
Mpae a yɛbɔ ma afoforo. Mpaebɔ a ɛte saa boa yɛn ma yɛko tia pɛsɛmenkominya ma yenya ayamhyehye ne tema.
Sɛ nhwɛso no: Yesu bɔɔ mpae maa n’akyidifo.—Yohane 17:9-17.
Ayeyi mpaebɔ. Sɛ yeyi Yehowa ayɛ wɔ n’anwonwadwuma ne ne su ahorow ho a, ɛbɛma obu ne anisɔ a yɛwɔ ma no no ayɛ kɛse. Mpaebɔ a ɛte saa nso betumi aboa ma yɛabɛn yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya no.
Sɛ nhwɛso no: Dawid fi komam kamfoo Onyankopɔn wɔ n’adebɔ ho.—Dwom 8.
Nhyira foforo a ɛne mpaebɔ wɔ abusuabɔ ne “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so” no. (Filipifo 4:7) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya saa asomdwoe no wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu. Asomdwoe yi boa yɛn wɔ honam fam mpo. (Mmebusɛm 14:30) Nanso so ɛnam yɛn mmɔdenbɔ nkutoo so na ɛba? Anaa biribi a ɛho hia paa ka ho bi?
Mpaebɔ ma yenya mfaso pii—honam fam, nkate fam, ne nea ɛsen ne nyinaa no, honhom fam
-
-
7 So Onyankopɔn Betie Yɛn Mpaebɔ?Ɔwɛn-Aban—2011 | January 1
-
-
7 So Onyankopɔn Betie Yɛn Mpaebɔ?
ASƐMMISA yi kanyan anigye kɛse, na ɛma yɛhwehwɛ ɛho mmuae. Bible no kyerɛ sɛ Yehowa tie mpaebɔ nnɛ ampa. Sɛ́ otie yɛn mpaebɔ anaa ontie no gyina yɛn so titiriw.
Yesu kasa tiaa ne bere so nyamesom akannifo a na wɔbɔ nyaatwom mpae no; sɛnea na wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ treneefo no nkutoo na na ehia wɔn. Ɔkae sɛ nnipa a ɛte saa no ‘anya wɔn akatua nyinaa awie,’ kyerɛ sɛ nea wɔpɛ a ɛne sɛ nnipa behu wɔn no nkutoo na wobenya, na ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn betie wɔn. (Mateo 6:5) Saa ara na ɛnnɛ nso, nnipa pii bɔ mpae sɛnea wɔn ankasa pɛ na ɛnyɛ sɛnea Onyankopɔn pɛ. Esiane sɛ wɔpo Bible nnyinasosɛm a yɛasusuw ho no nti, Onyankopɔn ntie wɔn.
Na wo nso ɛ? So Onyankopɔn tie wo mpaebɔ? Mmuae no nnyina abusua a wufi mu, kasa a woka, anaa gyinabea a wowɔ wɔ asetena mu no so. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) So saa nsɛm no fa wo ho? Sɛ wusuro Nyankopɔn a, wubebu no kɛse, na wubesuro sɛ wobɛyɛ nea ɔmpɛ. Nea ɛteɛ a wobɛyɛ no kyerɛ sɛ, wobɛhwehwɛ nea Onyankopɔn ka sɛ ɛteɛ, sen sɛ wobɛyɛ nea w’ankasa wopɛ anaa nea wo yɔnko nnipa pɛ. So wopɛ sɛ Onyankopɔn tie wo mpaebɔ ankasa? Bible no kyerɛ wo nea woyɛ a, Onyankopɔn betie wo.a
Nokwarem no, nnipa pii pɛ sɛ Onyankopɔn yɛ anwonwade de bua wɔn mpaebɔ. Mpo wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, na Onyankopɔn ntaa nyɛ anwonwade saa. Ɛtɔ mmere bi na sɛ ɔyɛ anwonwade bi a, mfehaha pii twam ansa na wayɛ foforo. Bio nso, Bible no kyerɛ sɛ bere a na wɔyɛ anwonwade no baa awiei wɔ asomafo no wu akyi. (1 Korintofo 13:8-10) Ɛnde so eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ntie mpaebɔ biara nnɛ? Ɛnte saa koraa! Susuw mpaebɔ ahorow bi a Onyankopɔn tie ho hwɛ.
Onyankopɔn ma nyansa. Yehowa na nyansa nyinaa fi no. Ɔde ma wɔn a wɔhwehwɛ n’akwankyerɛ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde di dwuma no kwa.—Yakobo 1:5.
Onyankopɔn de ne honhom kronkron ma ma yenya so mfaso. Honhom kronkron yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi. Tumi biara nni hɔ a ɛsen no. Ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano. Ebetumi ama yɛanya asomdwoe bere a yɛahaw. Ebetumi aboa yɛn ma yɛanya su pa ahorow a ɛyɛ fɛ. (Galatifo 5:22, 23) Yesu maa n’akyidifo awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de akyɛde yi ma kwa.—Luka 11:13.
Onyankopɔn ma wɔn a wofi wɔn komam hwehwɛ no no nimdeɛ. (Asomafo Nnwuma 17:26, 27) Wɔ wiase nyinaa no, nnipa binom fi komam hwehwɛ nokware no. Wɔpɛ sɛ wohu Nyankopɔn—ne din, atirimpɔw a ɔwɔ ma asase ne adesamma, ne sɛnea wobetumi abɛn no. (Yakobo 4:8) Yehowa Adansefo taa hyia nnipa a wɔte saa, na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae wɔ Bible mu.
So ɛno nti na wugyee nsɛmma nhoma yi? So wopɛ sɛ wuhu Onyankopɔn? Ebia saa kwan yi so na ɔnam retie wo mpaebɔ.—w10-E 10/1.
-