Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Eden Turo No—Ɛyɛ Ampa Sɛ Ɛhɔ Na Onyankopɔn De Maa Nnipa Sɛ Wɔntena?
    Eden Turo No—Ɛyɛ Anansesɛm Anaa Na Ɛwɔ Hɔ Ankasa?
    • Eden Turo No​—Ɛyɛ Ampa Sɛ Ɛhɔ Na Onyankopɔn De Maa Nnipa Sɛ Wɔntena?

      FA no sɛ wowɔ turo bi mu. Turo no mu sõ, na ɛhɔ yɛ dinn. Sɛnea sɛ wokɔ nkurow akɛse mu a, ɛhɔ yɛ bagyabagya na kookaa kookaa abu so no, ɛhɔ de, ɛnte saa. Ɛno da nkyɛn a, ɔhaw a ɛde ɔhaw de, wunni bi. Enti, adwennwen biara nna wo so. Wo ho baabiara mmu wo dwɛ.

      Woto w’ani a, wuhu sɛ nhwiren fɛfɛɛfɛ atwa wo ho ahyia, na nsu bi nso retene wɔ turo no mu. Afei, afifide a ɛwɔ hɔ no, owia no atɔ so ama wɔn kɔla ayiyi kama. Wote sɛ mframa dɛdɛɛdɛ bi rebɔ fa wo ho, na turo no mu ayɛ huahuaahuam. Wote nnyigyei ahorow pii wɔ turo no mu. Ebi yɛ nhaban, nsu a ɛretene fi mmepɔw mu, nnomaa, ne nkoekoemmoa sũ. Wote baabi saa a, anka wompɛ?

      Wokɔ wiase baabiara a, ebinom gye di sɛ mfiase no, baabi saa na na nnipa te. Wɔn a wɔwɔ Yudasom mu, asɔrekɔfo, ne Nkramofo de, mfe pii ni, wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛ, Eden turo no na Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa sɛ wɔntena. Bible no ma yehu sɛ, na Adam ne Hawa asom dwo wɔn, na na wɔn ani gye. Ná wati me waka me biara nni wɔn ntam, na na wɔne mmoa no nso te hɔ kama. Afei nso, na wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa. Ɔno na ɔde saa nneɛma pa yi nyinaa maa wɔn, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ, sɛ wɔyɛ aso tie no a, wɔbɛtena ase daa.—Genesis 2:15-24.

      Hindufo nso gye di sɛ tete no, na paradise bi wɔ hɔ. Nanso, sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mu no yɛ soronko kakra. Buddhafo nso gye di sɛ ɛwom ara a, wiase no tumi yɛ sɛ paradise. Wogye di sɛ edu saa bere no a, ɔkwankyerɛfo anaa Buddha bi yi ne ti bɛkyerɛ wɔn kwan. Ɔsom ahorow pii a ɛwɔ Afrika no nso, wutietie wɔn nkyerɛkyerɛ mu a, wuhu sɛ ebi ne Adam ne Hawa asɛm no reyɛ asɛ.

      Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wohwɛ nnipa amanne ne wɔn amammerɛ, ne nea ɔsom ahorow kyerɛkyerɛ a, wuhu sɛ Eden turo no ne paradise asɛm no nyɛ ade foforo mma wɔn. Nhomakyerɛwfo bi kaa sɛ: “Wohwɛ nnipa abakɔsɛm mu a, wubehu sɛ, nkurɔfo nyaa gyidi sɛ na Paradise bi wɔ hɔ no nyɛ nnɛ. Wogye di sɛ na asomdwoe, anigye, aduan, ne ahotɔ wɔ hɔ, na na ateetee, wati me ne waka me, ne nhyɛso nni hɔ. Saa gyidi no nti, wonyae a, anka wɔte baabi a ɛte saa. Na wɔayɛ nea wobetumi biara sɛ wɔn nsa bɛsan aka saa paradise no.”

      Yemmisa sɛ, ɛyɛɛ dɛn na Paradise ho asɛm ahyeta baabiara saa? Ebetumi aba sɛ na biribi saa wɔ hɔ, enti na ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa ɛho asɛm da so ara wɔ nkurɔfo adwene mu no anaa? Ɛyɛ nokware sɛ na nnipa bi wɔ hɔ a yɛfrɛ wɔn Adam ne Hawa a na wɔte Eden turo bi mu anaa?

      Ebinom te Eden turo no ho asɛm a, na wɔda fam. Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ anibue aba, enti wɔte nsɛm saa a, wohu no sɛ ɛyɛ anansesɛm bi. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wɔn a wonnye nni sɛ na Eden turo bi wɔ hɔ no, ebi koraa yɛ nyamesomfo. Wɔn mu pii kyerɛkyerɛ afoforo sɛ Eden turo biara nni hɔ. Nea wɔka ne sɛ, egyina hɔ ma biribi, ɛyɛ mfatoho, anaa ɛyɛ anansesɛm bi kɛkɛ.

      Ɛwom, wohwɛ Bible no mu a, mfatoho pii wom. Mfatoho a ɛwɔ Bible mu a agye din a nkurɔfo nim paa no, Yesu na ɔmae. Nanso, wohwɛ sɛnea Bible no ka Eden turo no ho asɛm a, wuhu sɛ ɛnyɛ mfatoho, mmom ɛyɛ biribi a esii ankasa, na ɛyɛ nokware turodoo. Wo de, susuw ho hwɛ, nea Bible ka fa Eden turo no ho no, sɛ ɛnyɛ nokware a, ɛnde dɛn bio na yebetumi agye adi wɔ Bible mu? Ma yɛnhwɛ nea enti a ebinom nnye nni sɛ na Eden turo bi wɔ hɔ, na yɛnhwɛ sɛ nea wogyina so ka saa no tɔ asom anaa. Afei, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma asɛm a esii wɔ Eden turo no mu no ho hia yɛn.

  • Ɛyɛ Ampa Sɛ Na Turo Bi Wɔ Hɔ a Wɔfrɛ No Eden?
    Eden Turo No—Ɛyɛ Anansesɛm Anaa Na Ɛwɔ Hɔ Ankasa?
    • Ɛyɛ Ampa Sɛ Na Turo Bi Wɔ Hɔ a Wɔfrɛ No Eden?

      WOATE Adam ne Hawa ho asɛm pɛn? Na Eden turo no nso ɛ? Wokɔ wiase baabiara a, nnipa pii nim Adam ne Hawa ne Eden turo no ho asɛm. Adɛn na w’ankasa wonkenkan ho asɛm? Wubehu wɔ Genesis 1:26–3:24. Ma yɛmmɔ wo mu kakra:

      Yehowa Nyankopɔna de fam dɔte bɔɔ onipa, na ɔtoo ne din Adam. Ɔbɔɔ no wiei no, ɔde no kɔtenaa turo bi mu. Baabi a na turo no wɔ no, na yɛfrɛ hɔ Eden. Onyankopɔn ankasa na ɔyɛɛ turo no. Ná nsu abu so wɔ hɔ, na na nnua a ɛyɛ fɛ na ɛsow aba nso nyɛ nna wɔ hɔ. Turo no mfinimfini no, na dua bi si hɔ. Ná wɔfrɛ no “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no.” Onyankopɔn hyɛɛ mmara sɛ mma obiara nni dua no aba no bi, anyɛ saa a obewu. Eduu baabi no, Yehowa yii Adam mfe dompe no mu baako de bɔɔ ɔbea maa no. Ná ne din de Hawa. Onyankopɔn de adwuma bi hyɛɛ wɔn nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ turo no so, na wɔnwo nhyɛ asaase so mma.

      Da koro bi, ɔwɔ bi ne Hawa bɛkasae. Ɔmaa Hawa nyaa adwene sɛ Onyankopɔn redaadaa wɔn, na ɔde biribi papa bi asie wɔn. Ɔmaa ohuu sɛ aduaba a Onyankopɔn aka sɛ mma wonni no, sɛ odi bi a, ɔbɛba abɛyɛ sɛ Onyankopɔn. Hawa anhyɛ ne ho so; odii aduaba a Onyankopɔn kaa sɛ mma wonni no bi. Akyiri yi, Adam nso yɛɛ asoɔden dii aduaba no bi. Yehowa buu Adam, Hawa ne ɔwɔ no atɛn. Ɛno akyi no, ɔpamoo Adam ne Hawa fii turo fɛfɛɛfɛ no mu, na ɔmaa abɔfo begyinaa turo no kwan ano.

      Kan no, na anka abenfo, animdefo, ne abakɔsɛm ho akyerɛwfo dodow no ara gye tom sɛ, nsɛm a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Genesis mu no sisii ankasa, na ɛyɛ nokware. Nanso nnansa yi, nnipa bebree nnye nni sɛ saa nsɛm no sisii ankasa. Nea Genesis nhoma no ka fa Adam, Hawa, ne Eden turo no ho no, adɛn nti na nnipa bebree nnye nni? Wɔn nnyinaso ne dɛn? Momma yensusuw emu nnan ho.

      1. Ná baabi wɔ hɔ a yɛfrɛ no Eden turo anaa?

      Adɛn nti na ebinom nnye nni sɛ na Eden turo no wɔ hɔ ankasa? Ɛbɛyɛ sɛ nkyerɛkyerɛ a egyina nnipa nyansa so ka ho bi. Nea ɛte ne sɛ, nyamesom ho abenfo kaa no mfe pii sɛ, Onyankopɔn turo no da so ara wɔ hɔ. Nanso eduu baabi no, nsɔrensɔre no fii ase gyee nkyerɛkyerɛ ahorow bi toom. Ná saa nkyerɛkyerɛ yi bi fi Greek abenfo bi te sɛ Plato ne Aristotle hɔ. Ná saa abenfo yi ka sɛ biribiara nni asaase yi so a edi mũ, anaa asɛm biara nni ho. Sɛ wopɛ biribi a edi mũ paa a, gye sɛ soro. Ɛno nti, nyamesom ho abenfo benyaa adwene sɛ, saa de a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ paradise a Onyankopɔn yɛe no bɛn soro.b Ná ebinom se Eden turo no si bepɔw tenteenten bi so, na ɛmmɛn asaase yi a atete apansam yi ho baabiara; ebinom nso se, wokɔ asaase no atifi paa anaa n’anaafo paa a, ɛhɔ na Eden turo no wɔ. Afoforo nso kaa sɛ ɛwɔ bosome no so, anaa ɛbɛn bosome no. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ eduu baabi no, sɛ obi reka Eden turo no ho asɛm a, na ɛte sɛ nea ɔreto anansesɛm no. Ɛnnɛ, abenfo binom ka sɛ baabi a nkurɔfo ka sɛ Eden turo no wɔ koraa no, ɛntɔ asom. Wɔn asɛm ara ne sɛ, na Eden turo biara nni hɔ.

      Nanso, nea nyamesom ho abenfo keka fa Eden turo no ho no, ɛnyɛ saa koraa na Bible no ka. Sɛ wokenkan Genesis 2:8-14 a, wubehu nneɛma pɔtee bi a Bible no ka fa turo no ho. Ɛma yehu sɛ na turo no wɔ Eden apuei fam. Afei, ɛsan ka sɛ na asubɔnten bi sen fa turo no mu, na emu paapaee bɛyɛɛ nsubɔnten nnan. Nsubɔnten nnan no nyinaa, Bible no bobɔ wɔn din, na baabi a na ɛtene fa nso no, ɛka ho asɛm kakra. Nea Bible no ka fa Eden turo no ho no, ama abenfo pii kɔn adɔ sɛ wobehu baabi a na turo no wɔ. Ɛno nti, mfe pii ni, wɔn mu pii adɔ Bible mu asɛm yi mu asukɔ, na wɔabɔ mmɔden sɛ wobehu biribi wɔ kyerɛwnsɛm no mu a ɛbɛboa wɔn ama wɔahu baabi a na Eden turo no wɔ. Nanso, wubisa abenfo yi sɛ ɛhe na na Eden turo yi wɔ a, wɔn mu biara ne nea ɔka. Ɛnde, yemmisa sɛ, wei kyerɛ sɛ na baabiara nni hɔ a yɛfrɛ no Eden, na turo ne nsubɔnten a Bible ka sɛ na ɛwɔ hɔ no nso, ɛyɛ anansesɛm bi kɛkɛ anaa?

      Susuw wei ho hwɛ: Nsɛm a ɛkɔɔ so wɔ Eden turo no mu no, esisii no, bɛyɛ mfe 6,000 ni. Ɛda adi sɛ Mose na ɔkyerɛw saa asɛm no. Ɛbɛyɛ sɛ nea nkurɔfo aka afa Eden turo no ho ne ebia kyerɛwtohɔ ahorow a ɔbɛtoo so no na ogyinaa so kyerɛw saa asɛm no. Ɛno mpo no, bere a Mose rekyerɛw nsɛm a esisii wɔ Eden turo mu ho asɛm no, na bɛyɛ mfe 2,500 atwam. Saa bere no, na Eden akyi ayera dedaadaw. Ɛnde, nsubɔnten a na ɛwɔ Eden mantam no nso ɛ? Yemmisa sɛ, sɛ asubɔnten bi da baabi a, mfe pii akyi no, baabi a ɛda, anaa baabi a ɛtene fa no betumi asesa anaa? Ade baako a ɛwɔ asaase ho ne sɛ, ade rekye a ade resa nyinaa, na ɛresesã. Mantam a ɛbɛyɛ sɛ na Eden wɔ no, asaasewosow taa sisi wɔ hɔ. Asaasewosow akɛseakɛse a asisi wɔ wiase no, sɛ wokyɛ mu ɔha a, emu 17 de, saa mantam mu hɔ na esisii. Enti mmeae a ɛtete saa no, sɛ asubɔnten bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ den koraa sɛ baabi a ɛda no bɛsesa. Ɛno da nkyɛn a, nsu kɛse a ɛtɔ yiri faa asaase so wɔ Noa bere so no, ɛsesaa nneɛma pii wɔ asaase so a yennim.c

      Nanso, nokwasɛm ahorow a yenim ni: Genesis nhoma no ma yehu sɛ na Eden turo no yɛ baabi a ɛwɔ hɔ ankasa. Nea ɛtɔ so mmienu, nsubɔnten nnan a na ɛwɔ Eden no, emu mmienu a ɛne Eufrate ne Tigris anaa Hiddekel no de, ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa ɛda so ara wɔ hɔ. Nsubɔnten mmienu yi, sɛ wohwɛ mmeae a ɛtene fi a, ebi bemmɛn paa. Mmeae a na nsubɔnten nnan no tene fa no, Genesis nhoma no bobɔɔ hɔ din. Afei nso, nneɛma pa te sɛ sika kɔkɔɔ a na ɛwɔ saa mmeae hɔ no, Bible no hyɛɛ da kaa bi ho asɛm. Tete Israelfo a wɔkyerɛw saa nsɛm yi maa wɔn no, sɛ wɔkan a, na emu da hɔ ma wɔn.

      Saa asɛm yi rentumi nyɛ anansesɛm mma ɛnyɛ yiye. Sɛ obi reto anansesɛm a, ɔnhyɛ da nkyerɛkyerɛ nneɛma mu nkɔ akyiri, anaa ɔnka nneɛma pɔtee bi ho asɛm. Sɛ obi rebɛto anansesɛm a, asɛm a ɔka de fi ase ne “Abra abra oo” anaa “Yɛnsesɛ nsesɛ oo.” Nanso asɛm a asi pɛn de, sɛ obi reka a, ɔka nneɛma pɔtee bi ho asɛm; na saa ara na Mose yɛe bere a na ɔreka Eden turo no ho asɛm no.

      2. Asɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn de fam dɔte bɔɔ Adam, na ɔde Adam mfe dompe baako bɔɔ Hawa no, wohwɛ a, ebetumi ayɛ yiye?

      Nyansahufo kyerɛ sɛ, wohwɛ nipadua no mu a, nneɛma bi te sɛ hydrogen, oxygen, ne carbon wom. Saa nneɛma yi, ne nyinaa wɔ fam dɔte mu. Nanso, ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn kekaa saa nneɛma no boom de yɛɛ onipa?

      Nyansahufo pii ka sɛ nkwa ankasa na ɛbae. Wɔkyerɛ sɛ, nkwammoaa nketewaa bi na ɛdannanee ara na nkakrankakra nneɛma a atwa yɛn ho ahyia nyinaa bae. Wogye di sɛ wei ansi da koro, na mmom egyee mfe mpempem pii. Nanso, saa asɛm no nyɛ nokware. Efisɛ sɛ wofa nkwammoaa ketekete baako mpo a, sɛnea ɛte no, wutumi hu sɛ obi na ɔhyɛɛ da yɛe. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nkwa bae ara kɛkɛ anaa biribi saa betumi ayɛ yiye. Mmom, wohwɛ nneɛma a nkwa wom nyinaa a, wuhu sɛ obi a ɔwɔ nyansa kyɛn nnipa koraa na ɔyɛe anaa ɔbɔe.d—Romafo 1:20.

      Fa no sɛ woate nnwom dɛdɛɛdɛ bi, anaa woakopue mfoni bi a ɛyɛ fɛ so, anaa woahu afiri bi a ɛyɛ nwonwa. Ɛba saa a, wobɛka sɛ ɛno ara na ɛbae? Daabida! Nanso, nneɛma a yɛabobɔ so yi, ebiara nni hɔ a yebetumi de atoto nipadua no ho. Enti sɛ yɛka sɛ ɛnyɛ obi na ɔyɛɛ nipadua no a, wohwɛ a, ntease wom? Ɛno da nkyɛn a, Genesis nhoma no ma yehu sɛ abɔde a nkwa wom a ɛwɔ asaase so nyinaa, nnipa nko ara na wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn suban so. (Genesis 1:26) Ɛno nti, sɛnea Onyankopɔn too ne bo ase bɔɔ nneɛma no, nnipa nso ani gye ho sɛ wɔbɛtena ase adwen biribi ho, na wayɛ. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa betumi atena ase ahyehyɛ nnwom dɛdɛɛdɛ, adrɔ mfoni fɛfɛɛfɛ, anaa wayɛ afiri bi a ɛyɛ nwonwa. Sɛ yɛn nnipa mpo, yetumi yɛ nneɛma a ɛte sei a, ɛnde Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn no, ɔrentumi nyɛ nneɛma a ɛkyɛn saa anaa?

      Enti sɛ Onyankopɔn yii Adam mfe dompe baako de bɔɔ Hawa a, ne nwonwa ne sɛn?e Anka Onyankopɔn betumi afa ɔkwan foforo so abɔ Hawa. Nanso, biribi a ɛho hia nti na ɔfaa saa kwan no so bɔɔ no. Ná ɔpɛ sɛ ɔka wɔn bom sɛ awarefo, na wɔn ntam yɛ den, na wɔyɛ te sɛ “ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Enti wutumi hu sɛ Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea sɛ obiara mmoa ne yɔnko, na wonnya ayɔnkofa a emu yɛ den a biribiara rentumi ntete wɔn ntam. Wei di adanse sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ nyansa, na ɔwɔ ɔdɔ.

      Afei nso, wɔn a wosua nkwammoaa ho ade abehu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ nnipa nyinaa fi ɔbea ne barima baako mu. Enti wo ara wohwɛ nea ɛrekɔ yi a, asɛm a ɛwɔ Genesis no, ɛntɔ asom anaa?

      3. Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua ne nkwa dua a Bible ka ho asɛm no, asɛ ɛyɛ anansesɛm.

      Nea ɛwom ne sɛ Genesis nhoma no nka sɛ na nnua yi mu biara wɔ tumi soronko bi. Mmom, na saa nnua no gyina hɔ ma biribi.

      Ɛtɔ da a, yɛn nnipa koraa, yetumi de biribi gyina hɔ ma biribi. Sɛ nhwɛso no, ɔtemmufo bi betumi aka akyerɛ obi a ɔwɔ kɔɔto dan mu sɛ, ɔnhwɛ na wanka asɛm biara antia kɔɔto no. Sɛ ɔtemmufo no ka saa a, ɛnyɛ nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ onipa no nhwɛ yiye na wankasa antia nkongua ne nneɛma a ɛwɔ kɔɔto dan mu hɔ no. Mmom, kɔɔto a ɔreka ho asɛm no gyina hɔ ma mmara a wɔde yɛ adwuma wɔ kɔɔto dan mu hɔ no. Ahemfo bebree nso taa hyɛ ahenkyɛw kura ahempoma, na wɔde gyina hɔ ma tumi a wɔwɔ wɔ wɔn ahenni no mu.

      Ɛnde, saa nnua mmienu no, na egyina hɔ ma dɛn? Ebinom akeka nsɛm nwonworann afa ho. Nanso wo de, yɛnhwɛ nea egyina hɔ ma ankasa. Wubehu sɛ ɛtɔ asom na emu da hɔ. Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua a na ɛwɔ turo no mu no kyerɛ sɛ, Yehowa nko ara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛyɛ papa ne bɔne. (Yeremia 10:23) Ɛno nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka no, efisɛ na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔabɔ korɔn! Nkwa dua no nso gyina hɔ ma akyɛde bi a Yehowa nko ara na obetumi de ama. Saa akyɛde no ne daa nkwa.—Romafo 6:23.

      4. Ɔwɔ a otumi kasa de, asɛ ɛyɛ anansesɛm.

      Nokwasɛm ne sɛ, sɛ woankan Bible mũ no nyinaa, na wofa asɛm a Genesis nhoma no ka fa ɔwɔ no ho nko ara a, w’adwenem bɛyɛ wo nãã kakra. Nanso, sɛ wufi ase sɛ worekenkan Bible a, nkakrankakra ebebue asɛm no ani so ama woate ase yiye.

      Hena na ɔmaa ɔwɔ no kasae? Tete Israelfo a Mose kyerɛw saa asɛm yi maa wɔn no, na wonim sɛ biribi a ɛte saa betumi asi ama ayɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, na wonim sɛ mmoa nkasa. Nanso, obi a ɔyɛ honhom betumi ama aboa bi akasa. Ɛho nhwɛso ne Balaam asɛm a Mose kyerɛwee no. Wokenkan saa asɛm no a, wubehu sɛ Onyankopɔn bɔfo maa Balaam afurum kasae te sɛ nipa.—Numeri 22:26-31; 2 Petro 2:15, 16.

      Ahonhommɔne a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo nso betumi ayɛ anwonwade anaa? Bere bi, Onyankopɔn somaa Mose sɛ ɔnkɔ Egypt nkɔyɛ anwonwade ahorow bi. Anwonwade ahorow a ɔyɛe no bi wɔ hɔ a Egypt akɔmfo no nso yɛɛ bi. Baako ne sɛ, bere a Mose maa ne poma danee ɔwɔ no, wɔn nso maa wɔn poma danee awɔ. Ahonhommɔne a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo no, wɔn ara na wɔmaa saa akɔmfo yi tumi ma wɔde yɛɛ saa anwonwade no.—Exodus 7:8-12.

      Ɛda adi sɛ, Onyankopɔn na ɔmaa Mose kyerɛw Hiob nhoma no nso. Sɛ wokenkan Hiob nhoma no a, wubehu sɛ Onyankopɔn tamfo kɛse Satan bɔɔ Onyankopɔn asomfo nyinaa sobo sɛ wɔrentumi nni Yehowa nokware. (Hiob 1:6-11; 2:4, 5) Enti yebetumi aka sɛ na tete Israelfo no nim sɛ Satan na ɔfaa ɔwɔ no so kasa kyerɛɛ Hawa daadaa no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenni Yehowa nokware anaa? Ebetumi aba saa.

      Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔkaa sɛ Satan yɛ “ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Sɛ Satan yɛ “atoro agya” a, ɛnde yebetumi aka sɛ ɔno na otwaa atoro a edi kan no. Sɛ wohwɛ asɛm a ɔwɔ no ka kyerɛɛ Hawa no a, wubehu atoro a edi kan no wom. Ná Onyankopɔn adi kan abɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wodi aduaba no bi a, wobewu. Nanso, ɔwɔ no ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” (Genesis 3:4) Ná Yesu nim paa sɛ Satan na ɔfaa ɔwɔ no so daadaa Hawa. Sɛ wokenkan Adiyisɛm a Yesu de maa ɔsomafo Yohane no a, ɛma asɛm no mu da hɔ fann. Ɔfrɛɛ Satan “ɔwɔ dedaw no.”—Adiyisɛm 1:1; 12:9.

      Enti wohwɛ a, ɛyɛ nwonwa sɛ obi a ɔyɛ honhom na ɔwɔ tumi betumi afa ɔwɔ so akasa anaa? Sɛ yɛde nnipa toto honhom abɔde ho a, tumi a nnipa wɔ no nnu ho ahe biara. Nanso yɛn mpo, yetumi yɛ sini ma toys a wɔnyɛ nnipa mpo kasa.

      Adanse a Ɛkyɛn Biara

      Enti sɛ wohwɛ nea yɛaka yi nyinaa a, wutumi hu sɛ, nsɛm a nkurɔfo keka sɛ asɛm a ɛwɔ Genesis nhoma no mu yɛ anansesɛm no, enni nnyinasosɛm biara. Ɛno da nkyɛn, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ saa asɛm no sii ankasa.

      Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ Yesu yɛ “ɔdansefo nokwafo a onni huammɔ.” (Adiyisɛm 3:14) Esiane sɛ na bɔne biara nni ne ho nti, wantwa atoro da. Bere nyinaa, na ɔka nokware. Ɛno da nkyɛn a, ɔkaa sɛ ansa na ɔreba asaase so no, na ɔwɔ soro dedaadaw. Nokwasɛm ne sɛ na ɔne n’Agya Yehowa na ɛwɔ hɔ “ansa na wiase reba.” (Yohane 17:5) Enti, ansa na Onyankopɔn rebɛbɔ nneɛma wɔ asaase so no, na ɔwɔ hɔ. Enti, sɛ yɛpɛ obi a obetumi adi nea ɛkɔɔ so wɔ Eden no ho adanse a, ɛyɛ Yesu. Dɛn na ɔkae?

      Ɔkaa sɛ Adam ne Hawa yɛ nnipa a wɔtenaa ase ankasa. Bere a ebinom bebisaa no aware ho asɛm no, ɔde Adam ne Hawa aware no yɛɛ nhwɛso de kyerɛe sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbarima biara ware ɔbea baako. (Mateo 19:3-6) Enti sɛ anka Adam ne Hawa ne Eden turo no yɛ anansesɛm a, ɛnde yɛbɛka sɛ obi na adaadaa Yesu, anaa Yesu yɛ ɔtorofo. Nanso yɛrentumi nka sɛ Yesu yɛ ɔtorofo, anaasɛ obi na ɛdaadaa no! Efisɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Eden turo mu hɔ nyinaa, na Yesu wɔ hɔ, enti na n’ani tua. Adanse bɛn na ɛkyɛn wei?

      Sɛ yɛbɛka paa a, obiara a ɔbɛka sɛ onnye asɛm a ɛwɔ Genesis nhoma no mu nni no, na onnye Yesu nso nni. Sɛ obi nnye Genesis asɛm no nni a, ɛnde nsɛm a ɛho hia paa bi wɔ Bible mu a ɔrentumi nte ase. Afei nso, bɔhyɛ akɛseakɛse bi wɔ Bible mu a ɛbɛyɛ den sɛ obegye adi. Momma yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa.

      [Ase hɔ nsɛm]

      a Bible no ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.

      b Saa asɛm no ne nea Bible no ka no nhyia. Bible ka sɛ biribiara a Onyankopɔn ayɛ no di mũ, na asɛm biara nni ho; enti biribiara a asɛm wɔ ho no, emfi Onyankopɔn hɔ. (Deuteronomium 32:4, 5) Bere a Yehowa bɔɔ biribiara a ɛwɔ asaase so wiei no, ɔhwɛɛ nea wayɛ no, na ohuu sɛ “eye paa.”—Genesis 1:31.

      c Onyankopɔn ankasa na ɔmaa nsu tɔ yirii asaase so. Saa nsu yi hohoroo Eden turo no ne ɛho biribiara kɔe. Asɛm a ɛwɔ Hesekiel 31:18 no ma yehu sɛ eduu bɛyɛ afe 600 mu hɔ baabi no, na “Eden nnua” no ayera dedaadaw. Enti wɔn a akyiri yi na wɔn ani abere rehwehwɛ baabi a Eden turo no wɔ no, yɛbɛka a, na wodi mframa akyi.

      d Hwɛ nhoma a yɛato din The Origin of Life—Five Questions Worth Asking. Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

      e Nyansahufo abehu sɛ, nnompe a ɛwɔ yɛn mfe no, sɛ ebi ho kã a, ɛno ara tumi siesie ne ho san si ne dedaw mu. Nea ehia ara ne sɛ ntini a ekura dompe no wɔ hɔ. Nanso nnompe a aka a ɛwɔ yɛn nipadua mu no nte saa.

  • Asɛm a Esii Wɔ Eden No, Ɛfa Wo Ho Sɛn?
    Eden Turo No—Ɛyɛ Anansesɛm Anaa Na Ɛwɔ Hɔ Ankasa?
    • Asɛm a Esii Wɔ Eden No, Ɛfa Wo Ho Sɛn?

      NSƐM a abenfo gyina so ka sɛ na Eden turo biara nni hɔ no, emu baako a ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wɔkyerɛ sɛ Bible mu nsɛm a aka no mfoa so. Sɛ nhwɛso no, nyamesom ho ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Paul Morris kaa sɛ: “Nea Genesis nhoma no ka fa Eden turo no ho da nkyɛn a, baabiara nni Bible no mu a ɛsan ka Eden turo no ho asɛm.” Asɛm a ɔkae yi, ebia wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ abenfo no mu pii ne no bɛyɛ adwene. Nanso wode toto Bible no ho a, wubehu sɛ nea ɔkae no nyɛ nokware.

      Nokwasɛm ne sɛ, wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ wɔaka Eden turo, Adam, Hawa, ne ɔwɔ no ho nsɛm pii wom.a Enti abenfo yi adi mfomso. Nanso wɔn a wɔasɛe asɛm no koraa ne nyamesom akannifo ne wɔn a wɔkasa tia Bible no. Asɛm a wɔka a ɛne sɛ, Eden turo no ho asɛm a ɛwɔ Genesis no nyɛ nokware no, nea wɔrekyerɛ ara ne sɛ, Bible mũ no nyinaa nyɛ nokware. Adɛn nti na yɛreka saa?

      Wɔahyɛ da akyerɛw Bible no sɛ, ɛmmoa yɛn mma yennya yɛn nsɛmmisa a ɛho hia paa no mmuae. Nanso mmuae a Bible no de ma no, sɛ obi betumi ate ase a, ehia sɛ ɔte asɛm a esii wɔ Eden no ase. Efisɛ nsɛmmisa a ɛho hia yɛn paa no, sɛ wohwɛ sɛnea Bible kyerɛkyerɛ mu a, wubehu sɛ, ɛkɔ ara besi asɛm a esii wɔ Eden turo mu hɔ no so. Wo de hwɛ nhwɛso ahorow a edidi so yi.

      ● Adɛn nti na yɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa na yewuwu? Sɛ anka Adam ne Hawa brɛɛ wɔn ho ase tiee Yehowa a, anka wɔbɛtena ase daa. Nanso wɔantie no a, ɛnde na owu na wobewu. Ampa ne ampa ara, da a wɔyɛɛ asoɔden no, wosii owu kwan so. (Genesis 2:16, 17; 3:19) Afei wɔbɛyɛɛ abɔnefo, na wɔde bɔne ne sintɔ maa wɔn asefo. Ɛno nti na Bible no ka sɛ: “Ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.

      ● Adɛn nti na Onyankopɔn ma abɔnefosɛm kɔ so? Bere a Satan ne Hawa rekasa wɔ Eden turo no mu no, ɔkaa sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo, na ɔde nneɛma pa kame wɔn a wɔhyɛ n’ase no. (Genesis 3:3-5) Enti na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no nyɛ papa. Adam ne Hawa kodii Satan akyi, na wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ na wɔmpɛ sɛ Yehowa di wɔn so, mmom na wogye di sɛ wɔn ankasa betumi akyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Esiane sɛ Yehowa wɔ nyansa na obu atɛntrenee nti, na onim sɛ, sobo a wɔde abɔ no no, ebegye bere ansa na nokware a ɛwɔ mu no ada adi. Enti ɔmaa kwan sɛ nnipa ankasa nkyerɛ wɔn ho kwan, anaa nnipa nni nnipa so tumi nkosi bere bi. Nea efi mu aba no de, yɛn ara yɛn ani tua; ɔhaw ne amanehunu nko ara. Ɔhaw a aba no, ne fã bi fi Satan. Wayɛ ne ho ohintaw-dua-akyi, ɛnna ɔrekeka nneɛma bom. Wei ama yɛahu pefee sɛ, sɛ Onyankopɔn nsa nni nnipa abrabɔ mu a, wɔrentumi nkyerɛ wɔn ho kwan mma ɛnyɛ yiye da.—Yeremia 10:23.

      ● Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asaase no? Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa de wɔn guu Eden turo no mu no, ɔmaa wohuu sɛnea ɔpɛ sɛ asaase no yɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo nhyɛ asaase so ma na wonni so anaa ‘wonnya so tumi’ sɛnea ɛbɛyɛ a asaase nyinaa bɛyɛ fɛfɛɛfɛ na biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ te sɛ Eden turo mu hɔ. (Genesis 1:28) Wei kyerɛ sɛ, na Onyankopɔn pɛ sɛ asaase so nyinaa yɛ paradise, na Adam ne Hawa, ne wɔn asefo a bɔne biara nni wɔn ho no tena so. Enti sɛ wokan Bible no fi ti kosi ti a, ne fã kɛse no ara ma yehu nea Onyankopɔn reyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nea enti a ɔbɔɔ asaase no bɛba mu.

      ● Adɛn nti na Yesu Kristo baa asaase so? Asoɔden a Adam ne Hawa yɛe no kɔfaa owu bɛtoo wɔne wɔn asefo nyinaa so. Nanso esiane sɛ Onyankopɔn wɔ ɔdɔ nti, ɔyɛɛ biribi a ɛbɛma Adam ne Hawa asefo anya anidaso. Ɔsomaa ne Ba no sɛ ɔmmra asaase so na ɔmfa ne ho mmɔbɔ afɔre. Nea ɔyɛe no, Bible no frɛ no agyede. (Mateo 20:28) Bible ka sɛ Yesu yɛ “Adam a odi akyiri”; nea Adam antumi anyɛ no, Yesu bɛyɛe. Yesu nso, na bɔne biara nni ne ho, nanso ɔno de, ɔkɔɔ so ara dii Yehowa nokware. Wei nti, otumi de ne nkwa a bɔne biara nni ho no bɔɔ afɔre anaa ɔde yɛɛ agyede. Saa a ɔyɛe nti, nnipa asoɔmmerɛwfo betumi anya bɔne fakyɛ nnɛ, na nhyira ne asetena pa a ɛbɔɔ Adam ne Hawa no, daakye wɔn nsa bɛka. (1 Korintofo 15:22, 45; Yohane 3:16) Afɔre a Yesu bɛbɔe nti, atirimpɔw a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛma asaase no ayɛ sɛ Eden turo no, ke ara ne ke ɛbɛba mu.b

      Wohwɛ nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa no a, emu da hɔ fann. Ɛnyɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ bi a ɛyɛ nwonworann, na ɛnyɛ anansesɛm nso. Ɛyɛ asɛm paa ara. Sɛnea na Eden turo no yɛ baabi a ɛwɔ hɔ ankasa a nnipa ne mmoa te no, saa ara na nhyira a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn daakye no nso bɛba mu ɔkwan biara so. Saa nhyira no, wo nsa bɛka bi anaa? Wubenya bi a, egyina wo so? Onyankopɔn de, onyae a anka nnipa nyinaa benya saa nhyira nwonwaso no bi.—1 Timoteo 2:3, 4.

      Bera a Yesu sɛn dua so a ɔrewu no, ɔne ɔbarima bi a wammɔ ne bra yiye dii nkɔmmɔ. Ná ɔyɛ ɔkorɔmfo werɛmfo, na na ɔno ara nim sɛ ɔfata owu. Nanso na ɔpɛ sɛ Yesu ma no awerɛkyekye ne anidaso. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ no? Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wobɛka me ho wɔ Paradise.” (Luka 23:43) Saa korɔmfo werɛmfo no mpo, Yesu ma onyaa anidaso sɛ obenyan no ama wabɛtena ase daa wɔ paradise a, wunnye nni sɛ ɔpɛ sɛ wo nso wunya saa nhyira no bi anaa? Ɔpɛ dodo! Ne Papa nso saa ara! Sɛ wopɛ sɛ wunya saa nhyira no bi a, yɛ nea wubetumi biara sua Onyankopɔn a ɔyɛɛ Eden turo no ho ade.

      [Ase hɔ nsɛm]

      a Hwɛ kyerɛwnsɛm a edidi so yi. Genesis 13:10; Deuteronomium 32:8; 2 Samuel 7:14; 1 Beresosɛm 1:1; Yesaia 51:3; Hesekiel 28:13; 31:8, 9; Luka 3:38; Romafo 5:12-14; 1 Korintofo 15:22, 45; 2 Korintofo 11:3; 1 Timoteo 2:13, 14; Yuda 14; ne Adiyisɛm 12:9.

      b Agyede afɔre a Yesu bɛbɔe no, sɛ wopɛ sɛ wusua ho ade pii a, hwɛ nhoma a yɛato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 5. Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

      [Adaka/​Mfoni]

      NKƆMHYƐ BI A BIBLE MU NSƐM NYINAA GYINA SO

      “Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛpɛtɛw wo ti na wo nso wobɛka ne nantin.”—Genesis 3:15.

      Wei ne nkɔmhyɛ a edi kan wɔ Bible mu. Onyankopɔn na ɔhyɛɛ nkɔm no wɔ Eden turo no mu. Hena ne ɔbea no, ɔwɔ no, ɔbea no aseni, ne ɔwɔ no aseni a nkɔmhyɛ no ka wɔn ho asɛm no? “Ɔtan” a ɔkaa ho asɛm no, na ɛkyerɛ sɛn?

      ƆWƆ NO

      Satan Ɔbonsam.—Adiyisɛm 12:9.

      ƆBEA NO

      Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a abɔfo wom no. (Galatifo 4:26, 27) Yesaia kaa “ɔbea” bi ho asɛm. Ɔka too hɔ sɛ, daakye saa ɔbea no bɛwo honhom fam ɔman bi.—Yesaia 54:1; 66:8.

      ƆWƆ NO ASENI

      Wɔn a wɔyɛ Satan apɛde.—Yohane 8:44.

      ƆBEA NO ASENI

      Yɛka ɔbea no aseni a, Yesu Kristo na odi mu akoten paa. Ɔka Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho. Wɔn a wɔka ɔbea no aseni no ho ne Kristo nuanom a wɔne no bɛbom adi ade wɔ soro no. Saa Kristofo a wɔasra wɔn yi na yɛfrɛ wɔn “Onyankopɔn Israel” no.—Galatifo 3:16, 29; 6:16; Genesis 22:18.

      ƆWƆ NO BƐKA NE NANTIN

      Bere a Yesu baa asaase so no, Satan ma wokum no. Nanso Onyankopɔn nyan no.

      ƆBƐBƆ ƆWƆ NO TI

      Yesu beyi Satan afi hɔ koraa. Nanso ansa na ɔbɛyɛ saa no, obeyi nneɛma bɔne a Satan de bae wɔ Eden turo no mu no afi hɔ.—1 Yohane 3:8; Adiyisɛm 20:10.

      Wopɛ sɛ wuhu asɛntitiriw a Bible ka ho asɛm a, hwɛ nhoma a yɛato din The Bible—What Is Its Message? Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

      [Mfoni]

      Bɔne a Adam ne Hawa yɛe no, ɛkɔfaa ɔhaw pii brɛɛ wɔn

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena