DWOM 103
Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde
1. Ye-ho-wa dɔ yɛn, wa-hyi-ra yɛn;
Wa-ma yɛn a-hwɛ-fo.
Wɔn a-bra-bɔ yɛ nhwɛ-so ma yɛn.
Wɔn na wɔ-hwɛ yɛn so.
(NNYESO)
Ye-ho-wa a-ma yɛn a-kyɛ-de,
A-hwɛ-fo a-no-kwa-fo.
Nyan-ko-pɔn nguan no som bo ma wɔn;
Wɔ-pɛ yɛn nyi-naa a-sɛm.
2. A-hwɛ-fo no dwen yɛn ho am-pa;
Wɔ-bɔ yɛn ho ban daa.
Wɔ-te yɛn mu sɛ yɛn guan-kɔ-bea,
Wɔa-yɛ sɛ hin-ta-bea.
(NNYESO)
Ye-ho-wa a-ma yɛn a-kyɛ-de,
A-hwɛ-fo a-no-kwa-fo.
Nyan-ko-pɔn nguan no som bo ma wɔn;
Wɔ-pɛ yɛn nyi-naa a-sɛm.
3. Wɔ-ma yɛn nyi-naa a-fo-tu pa.
Ɛ-re-mma yɛm-fom kwan.
Wɔ-boa yɛn ma yɛ-som Ye-ho-wa;
Wɔ-pɛ sɛ ye-nya nkwa.
(NNYESO)
Ye-ho-wa a-ma yɛn a-kyɛ-de,
A-hwɛ-fo a-no-kwa-fo.
Nyan-ko-pɔn nguan no som bo ma wɔn;
Wɔ-pɛ yɛn nyi-naa a-sɛm.
(Hwɛ Yes. 32:1, 2; Yer. 3:15; Yoh. 21:15-17; Aso. 20:28 nso.)