Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 4/15 kr. 32
  • Bible Abakɔsɛm Ɛyɛ Nokware Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Abakɔsɛm Ɛyɛ Nokware Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 4/15 kr. 32

Bible Abakɔsɛm Ɛyɛ Nokware Dɛn?

KAN Israel Mampanyin Chaim Herzog, ne fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma mu ho ɔbenfo Mordechai Gichon, a ɔwɔ Tel Aviv Sukuupɔn mu no kyerɛw wɔ wɔn nhoma Battles of the Bible mu sɛ:

“Obi ntumi mfa n’ankasa adwene nkyerɛkyerɛ . . . ɔko a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no mu. Sɛ nhwɛso no, ɛdɔɔso sɛ wode ɔsa a Gideon tui wɔ Midianfo ne wɔn a wɔne wɔn yɛɛ apam a wɔka ho asɛm wɔ Atemmufo ti 6-8 no bɛtoto Trojan ƆKo a Homer ka ho asɛm wɔ ne nhoma Iliad mu no ho. Ɛdefa Trojan Ɔko no ho no, ɛnyɛ den sɛ wubetumi de mpoano bi anaa kurow bi a wɔabɔ ho ban akyerɛ sɛ ɛhɔ na wɔkoe . . . Eyi nte saa wɔ Gideon ko a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no ho. Mmeae a wotwaa mpasua ne sɛnea wɔkoe ne sɛnea afanu no nyinaa yɛɛ wɔn ade wɔ mmeae a wɔkoe a ne kɛse bɛyɛ kilomita 60 no nyɛ nea yebetumi akyerɛ sɛ esii wɔ baabiara kɛkɛ . . . Enti ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm a Bible no aka afa ɔko no ho no tom.”

Wubetumi de Bible mu asase mfonini nhomawa a ɛne ‘Hwɛ Asase Pa No’a no kratafa 18 ne 19 no asua Gideon ɔsatu no ho ade. Asɛm no fii ase bere a “Midian ne Amalek ne Epueifo no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano, na wotwa bɛbɔɔ nsra Yesreel bon mu” no. Gideon too nsa frɛɛ mmusuakuw a wɔbemmɛn no sɛ wɔmmɛboa. Adeyɛ no fii ase fii Herod asubura no ne More bepɔw no ho de kosii Yordan Bon no mu. Bere a Gideon tiw wɔn twaa Yordan Bon no wiei no, odii wɔn so.—Atemmufo 6:33–8:12.

Saa asase mfonini a ɛwɔ ‘Hwɛ Asase Pa No’ mu no kyerɛ mmeae atitiriw a wɔabobɔ din no ne nsase no yɛbea. Asase mfonini foforo (kratafa 15) ma yehu faako a Israel mmusuakuw no tete. Asase mfonini abien no betumi aboa wo ma woahu sɛnea Bible mu asɛm no yɛ nokware.

Eyi kyerɛkyerɛ nea Ɔbenfo Yohanan Aharoni, a wawu hui no mu sɛ: “Wɔ Bible mu nsase so no, asase ho nsɛm ne abakɔsɛm wɔ abusuabɔ araa ma abien no nyinaa ho hia na ama wɔate emu biara ase.”

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Akyi asase mfonini: Based on maps copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena