Bere a Kommyɛ Kyerɛ sɛ Wɔpene Biribi So
BETRAYAL—German Churches and the Holocaust nhoma no kyerɛ dwuma a nyamesom dii wɔ Nasi amammuisɛm mu pefee. Nhoma no ka sɛ: “Kristofo gyinaa nniso no akyi, na wɔn mu dodow no ara antumi ankasa antia Yudafo sɔretia no. Komm a wɔyɛe wɔ asɛm yi ho no kyerɛe sɛ wɔpenee so kɛse.”
Dɛn na ɛmaa Kristofo ani gyee Nasi amammuisɛm ho? Nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ, ‘asomdwoe a Hitler kae sɛ ɔbɛma Germanfo anya no’ daadaa wɔn mu pii. Ɛka sɛ: “Ɔpoo nguamansɛm, tuutuusi, nyinsɛn a wotu gu, wɔn a wokura bɔbeasu biako ntam nna, ne adwinni a aba so a ‘ɛho ntew,’ na ɔde kɔbere, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ abasobɔde maa mmea a wɔwoo mma baanan, baasia, ne baawɔtwe no, na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so ayɛ wɔn tete adwuma wɔ fie. Saa tete gyinapɛn a ɔmampɛ a egyina sraadi so ka ho a Hitler hyehyɛe wɔ Versailles Apam a wɔde brɛ Ɔman no ase mu a wɔdan adwene kɔɔ so no, na ɛmaa nnipa pii ani gyee Nasi amammuisɛm no ho, a Kristofo a wɔwɔ Germany dodow no ara mpo ka ho.”
Kuw biako bi twee wɔn ho koraa. Betrayal ka sɛ: “Yehowa Adansefo amfa wɔn ho anhyɛ basabasayɛ anaa dwuma a wɔde asraafo dɔm dii no mu.” Nokwarem no, ɛma wɔtow hyɛɛ kuw ketewa yi so denneennen, na wɔde wɔn mu pii koguu afiase. Nanso, afoforo a wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo no ansɔre antia. Nhoma no kɔ so ka sɛ: “Katolekfo ne Protestantfo nyinaa tan Yehowa Adansefo ani sen sɛ anka wobehu wɔn mmɔbɔ, na wogyee Hitler gyinapɛn a na ɛyɛ katee no toom sen Adansefo a wɔankɔ akodi no de.” Akyinnye biara nni ho sɛ komm a wɔyɛe no maa ayayade a wɔyɛɛ Adansefo a wɔwɔ Nasi nniso ase no yɛɛ kɛse.
Bere a asɔreasɔre no ho a wɔde hyɛɛ Nasi amammuisɛm no mu no kɔ so yɛ akyinnyegye a emu yɛ den no, Betrayal frɛ Yehowa Adansefo sɛ “nyamesom kuw a wɔampene nniso no so anaasɛ wɔammoa.”