Ɔfã 3—Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom
Kristofo Ayi—Ɛnyɛ Kyenkyerenn, Ɛyɛ Korokorowa, na Nidi Wom
1. (a) Dɛn nti na wɔn a wɔnyɛ gyidifo no pagya ayi konkuronn? (b) Dɛn na ebinom yɛ de pɛ nnipa pii ba wɔn ayi ase?
1 Wɔn a wɔnte tebea a awufo wom ankasa ase no gye di sɛ ehia sɛ wɔyɛ ayi kɛse na ama wɔasɔ owufo no ne abusuafo ani. Wɔn a wɔnyɛ gyidifo fam no, owufo no anaa n’abusua no dibea anaa sika a wɔwɔ a wɔde ‘bɛhoahoa wɔn ho’ no ho hia wɔn. (1 Yoh. 2:16) Mpɛn pii no, bere a mmusua pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ayi ma asen afoforo de no, wɔda wiase no akansi su adi. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nnipa pii ma wɔaba ayi no, wɔde owufo no mfonini ne ayi no ho nhyehyɛe bobɔ mmeae ahorow de bɔ ayi no ho dawuru. Ebinom tumi tu ayi no hyɛ da, ebia adapɛn anaa asram bi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika pii de ayɛ ayi no konkuronn. Eyi ho hia wɔn araa ma enti ebia abusua a wonni sika koraa no bɛfa ɔkwan biara so ahwehwɛ sika ɛmfa ho sɛ ɛbɛma wɔn ho akyere wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ “ayi kɛse” a ɛbɛsɔ abusuafo ne ɔmanfo ani.
2. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛda nokware Kristofo ayi ne wiase no de ntam? (b) Sɛnea Yohane 17:16 ne Mmebusɛm 11:2 kyerɛ no, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo pagya ayi konkuronn de sɔ afoforo ani?
2 Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo nim pefee sɛ awufo nnim biribiara ma enti sɛ afoforo di wɔn ni anaa wɔkamfo wɔn mpo a, wonhu. Nokware Kristofo mpagya ayi konkuronn mfa nsɔ afoforo ani. Sɛ yepagya ayi konkuronn a, so yɛn gyidi bɛyɛ soronko afi wiase no de ho? (Yoh. 17:16) So yɛremma afoforo nnya adwene sɛ yɛn nso, yesuro awufo? Esiane sɛ awufo ho suro agye ntini wɔ nnipa a yɛne wɔn te no mu nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛampagya ayi konkuronn amfa ansɔ afoforo ani. (Mmeb. 11:2) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
3. (a) Akwan bɛn na ebinom fa so gyigye sika de yɛ ayi? (b) Yehowa nkurɔfo bu akwan a wɔfa so gyigye sika yi dɛn?
3 Ayi ho Ka: Wɔ mmeae bi no, ansa na wobesie amu no, anuanom hyiam de pɛ sika a wɔde bɛyɛ ayi no sɛnea afoforo yɛ no no. Asafo ahorow bi kyerɛw krataa kɔma asafo afoforo de hwehwɛ sika fam mmoa. Anuanom binom abue “ayi foto” a sɛ obi wu a, wɔde bɛyɛ n’ayi. Bio nso, sɛ wɔreyɛ ayi no a, wosi pon anaa wɔde ntoboa adaka sisi mmeae ahorow wɔ ayi no ase de pɛ sika fi wɔn a wɔaba no hɔ. Sɛ obi anaa kuw bi ma sika wɔ ayi no ase a, wɔma ɛho kratasin, na wɔbɔ sika dodow no ho amanneɛ de kyerɛ onii kõ anaa nnipakuw a wɔde mae. Wɔma wɔn a wɔbae no aduan ne nsã sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ ho ayi sika. Ɛsɛ sɛ yebu adeyɛ a ɛte saa no dɛn? Nokware Kristofo mfa ɔkwan a ɛte saa so nnyigye sika nyɛ ayi.
4. (a) Henanom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wotua ayi ho ka? (Hwɛ ase hɔ asɛm no*) (b) Sɛ ahia abusua bi paa ampa a, ɛhe na wobetumi akɔhwehwɛ mmoa? (Hwɛ ase hɔ asɛm no#) (d) Asiane bɛn na ɛwɔ abusuafo a wonnye nni a yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn akɔhwehwɛ sika no mu, na dɛn na Mmebusɛm 27:12 ka fa eyi ho?
4 Ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua hu sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wotua wɔn ayi ho ka.a Sɛ ahia abusua bi paa ampa na sɛ wontumi ntua ayi korokorowa a wɔbɛyɛ ho ka a, ɛnde ebia wobetumi ama abusuafo a wɔbɛn aboa wɔn.b (1 Tim. 5:3; od-TW kr. 132, nky. 1) Sɛ wɔda so ara hia mmoa a, nnipa afoforo anaa asafo no betumi aboa. (1 Yoh. 3:17, 18) Nanso ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye. Sɛ yɛkɔ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo hɔ kɔhwehwɛ sika a yɛde bɛyɛ ayi a, ɛnde wɔbɛte nka sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ayi no. Eyi betumi de ɔhaw kɛse aba bere a yɛmpɛ sɛ wɔde amanne a ɛho ntew biara frafra yɛn ayi mu no. Eyi nkyerɛ sɛ sɛ abusuafo fi wɔn pɛ mu yi sika de boa a, ɛnsɛ sɛ Kristoni gye. Nanso sɛ obi hu sɛ sika a obegye no bɛma wɔn a wɔnyɛ gyidifo no de wɔn ho agye ayi no mu anaa ɛbɛma wɔagye ayi no fã bi ayɛ a, ɛnde obetumi afa anifere kwan so apo.—Mmeb. 27:12.
5. (a) Kenkan Efesofo 4:17-19 ne Romafo 12:2. Sɛ yɛreyɛ ayi ho nhyehyɛe a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de nnyinasosɛm ahorow yi ayɛ adwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na wosiee Yesu, na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn dɛn? (d) Kenkan Luka 14:28 ne 2 Korintofo 8:12. Nea ɛbɛyɛ na Kristofo mmusua nsrɛsrɛ sika, nkɔbɔ bosea mfi afoforo hɔ, anaa wɔmmɔ ka pii no, ayi bɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?
5 Ɛsɛ sɛ tebea a awufo wom ho ntease pa a yɛwɔ no ka yɛn ma yenya akokoduru de yɛ yɛn ayi, na yɛhwɛ sɛ su a nnipa a wonni Bible mu nimdeɛ ahe biara taa da no adi wɔ wiase no mu no remma mu. (Efe. 4:17-19) Ɛwom sɛ yɛrenyɛ nneɛma mma ɛmma fam dodo ma ɛnto afoforo hintidua de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma wiase no hyɛ yɛn ma yesuasua wɔn a wɔwɔ honhom mu sum mu no. (Rom. 12:2) Sɛ yɛbɛkae a, na Yesu ne onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn; nanso wosiee no wɔ ɔkwan a nnidi wom na ɛnyɛ kyenkyerenn so. (Yoh. 19:40-42) Wɔn a wɔwɔ “Kristo adwene” no fam no, saa a wɔbɛyɛ no nyɛ aniwu ɔkwan biara so. (1 Kor. 2:15, 16) Enti, nea ɛbɛyɛ na Kristofo mmusua nsrɛsrɛ sika, nkɔbɔ bosea mfi afoforo hɔ, anaa wɔmmɔ ka pii no, wɔbɛhwɛ yiye sɛ wɔmpagya ayi konkuronn mfa nsɔ afoforo ani mma wɔn ho nkyere wɔn.—Luka 14:28; Fa toto 2 Korintofo 8:12 ho.
6. (a) Dɛn nti na ɛho renhia sɛ yɛde owu ne ayi ho nkaebɔ bɛkɔ akɔma asafo afoforo? (b) Dɛn nti na ɛremfata sɛ ayi nti, yetwa asɛnka anaa asafo nhyiam mu? Kenkan Mateo 6:33, 34, na kyerɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho.
6 Sɛnea Wɔbɛyɛ Ayi No: Owu ho nsɛm trɛw ntɛmntɛm, enti sɛ ɛnyɛ mo asafo no muni bi na awu a, ɛho renhia sɛ mode owu no, ne ayi no ho nhyehyɛe ho nkaebɔ ma wɔ mo asafo mu. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw krataa kɔma asafo ahorow de kɔbɔ wɔn amanneɛ. Ɛmfata sɛ ayi nti wotwa asafo nhyiam mu anaa wotu hyɛ bere foforo. Sɛ yɛde honhom mu nneɛma di kan a, ɛboa yɛn ma yenya owu ho adwempa, na yɛkɔ so de Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetra mu.—Mat. 6:33, 34.
7. (a) Sɛ wɔrema Bible mu ɔkasa wɔ ayi ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? (b) Dɛn na ɛnsɛ sɛ ɔkasafo no yɛ bere a ɔrema ɔkasa no?
7 Sɛ asafo mu mpanyimfo pene so a, wobetumi ama Bible mu ɔkasa wɔ Ahenni Asa so, anaa sɛ abusua no pɛ a, wobetumi ama ɔkasa no wɔ nea wawu no fie anaa baabi foforo. Bere biara a abusuafo bɛpaw obi sɛ ɔmma ɔkasa no, ɛsɛ sɛ ɔde krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa a Yehowa ahyehyɛde no asiesie no di dwuma. Ɛsɛ sɛ ayi ase ɔkasa no hyɛ nkuran, ɛma awerɛkyekye, na ɛma honhom mu denhyɛ nso. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no di nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa no so nkutoo akyi, na ɛnsɛ sɛ ɔde atoro nkyerɛkyerɛ biara hyehyɛ mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ obi bɛka sɛ nnome anaa honhommɔne bi na ekum owufo no nyɛ Bible nkyerɛkyerɛ na ɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa ntumi mmɔ n’asomfo ho ban. (Mmeb. 18:10) Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no hwɛ yiye nso sɛ, nea ɔbɛka wɔ ɔkasa no mu anaa ne mpaebɔ mu no renyɛ te sɛ nea ɔne owufo no na ɛrekasa. (Ɔsɛnk. 9:5, 10) Sɛ Yehowa somfo nokwafo bi na awu a, ɔkasafo no betumi aka n’asetra mu nsɛm a ɛkyerɛ ne nokwaredi wɔ Yehowa som mu ho asɛm tiawa. (Heb. 6:12) Nanso, ansa na wobefi ɔkasa no ase, bere a ɔkasa no rekɔ so, anaa bere a wɔawie ɔkasa no, ɛremfata sɛ wɔma afoforo ka owufo no ho asɛm ne no de di nkra anaa wɔkamfo no.
8. (a) Dɛn na abɛyɛ anuanom binom su, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wogyae eyi yɛ? (b) Sɛ wɔreyɛ ayi ase ɔkasa ho nhyehyeɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ bere a wɔde befi ase ne mpaebɔ ho? (d) Sɛ wɔpaw oguamtrani a, dɛn na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ?
8 Abɛyɛ anuanom binom su sɛ da a wɔbɛyɛ ayi no wohyiam to Ahenni nnwom nnɔnhwerew pii ansa na akyiri yi wɔafi dwumadi no ase. Ɛwom sɛ yebetumi ato Ahenni dwom de afi ayi ase ɔkasa no ase na yɛato dwom de awie de, nanso sɛ anuanom hyiam to nnwom bere tenteenten ansa na ɔkasa no afi ase a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛresuasua Kristoman mufo. Ayi ase ɔkasa no yɛ simma 30, na ɛsɛ sɛ wofi ase bere ano. Sɛ wɔpɛ a, wobetumi de mpaebɔ afi ayi ase ɔkasa no ase. Ɛho renhia sɛ wɔbɛma oguamtrani afrɛ ɔkasafo no, na sɛ ɔkasafo no wie a, oguamtrani no abewie dwumadi no. Nanso, sɛ ɛba sɛ wɔpaw oguamtrani a, ɛnsɛ sɛ ɔkasa pii. Ɛho renhia sɛ ɔsan si ɔkasafo no nsɛm so dua anaa ɔma “vote of thanks.” Sɛ wɔresie amu no na sɛ abusuafo no pɛ a, ɔkasafo no betumi akasa tiawa na wabɔ mpae wɔ amusiei hɔ de awie dwumadi no. Nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma obi a ɔnyɛ gyidini nya kyɛfa biara wɔ ayi ase dwumadi a wɔyɛ no wɔ Ahenni Asa so anaa amusiei hɔ no mu.—2 Kor. 6:14-18.
9. Sɛ yɛrekotie ayi ase ɔkasa a, dɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?
9 Su Pa a Ɛsɛ sɛ Yɛda no Adi: Sɛ yɛrekɔ ayi a, su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi? Ɛwom sɛ awerɛhow betumi ahyɛ yɛn koma so de, nanso ɛsɛ sɛ yɛma Kyerɛwnsɛm no kyekye yɛn werɛ. Enti sɛ yɛrekɔ akotie ayi ase ɔkasa a, bere biara ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛbɛfa yɛn Bible. Sɛ ɔkasafo no kenkan Bible na sɛ yɛhwɛ yɛn de mu di akyi a, ɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ owusɔre a ɛbɛba daakye, bere a “owu nni hɔ bio” no mu den. (Adi. 21:4) Yɛsan nya hokwan fɛfɛ de kyekye abusuafo ne afoforo a wɔaba hɔ no werɛ. Sɛ yɛda su pa a ɛte saa adi a, yɛbɛkyekye afoforo werɛ, na sɛ yɛde yɛn adwene si anigye a yebenya daakye bere a wɔamene owu akosi daa no so a, ahyɛ yɛn den.—Yes. 25:8.
10. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ honhom mu sum mu no da wɔn awerɛhow adi? (b) Wɔn a wɔte Kyerɛwnsɛm no ase no yɛ wɔn ade dɛn, na dɛn ntia? Kenkan 1 Tesalonikafo 4:13, na kyerɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho.
10 Nnipa pii susuw sɛ sɛ wodi awerɛhow pii a, ɛkyerɛ nidi, obu, ne ɔdɔ a wɔwɔ ma nea wawu no. Enti bere a wɔadeda amu no, wɔrema ayi ase ɔkasa no, anaa wɔadu amusiei hɔ no, ebinom tumi su bɔ bena na wɔdan wɔn ho to fam munimuni, anaa wɔkasa kyerɛ funnaka no te sɛ nea owufo no te ase. Ebinom mpo de, woso amu no mu, wɔda funnaka no so, anaa wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea wɔpɛ sɛ wosie wɔne wɔn dɔfo a wawu no nyinaa. Ɛwom, sɛ obi wu a, yɛn nyinaa werɛ tumi how de, nanso Onyankopɔn nkurɔfo nyɛ nneɛma a ɛmfata mfa nkyerɛ sɛ wɔredi awerɛhow. Dɛn ntia? Efisɛ ‘wɔn a wɔawuwu no ho asɛm nhintaw yɛn.’ Yenim tebea a awufo wom no pefee. Yɛwɔ owusɔre no mu anidaso. (Yoh. 5:28, 29) Bɔhyɛ ahorow yi ma yenya awerɛkyekye ma enti yenni “awerɛhow sɛnea wɔn a aka a wonni anidaso biara no yɛ no.”—1 Tes. 4:13.
Amanne Ahorow a Wɔyɛ Bere a Wɔasie Amu no Awie
11. (a) Sɛ wɔyɛ ayi no wie a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdwen abusua a wɔn biribi awu no ho? (b) Sɛ yekogyam abusua a ade atɔ wɔn ani no a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔde bɛma yɛn, na ɔkwan bɛn so na Asomafo Nnwuma 20:35 fa asɛm yi ho?
11 Sɛ wonya sie amu no a, ayi no aba awiei. Biribi foforo biara nni hɔ a wobetumi ayɛ ama nea wawu no. Ayi no akyi no, ebia ebinom bɛpɛ sɛ wɔkɔsra abusua a wɔn biribi awu no kɔkyekye wɔn werɛ. Wɔ bere a ɛte saa mu no yenya hokwan tra ase dinn dwennwen sɛnea nkwa yɛ tiaa, ne sɛnea “owuda ye sen awoda” no ho. (Ɔsɛnk. 7:1) Ɛbɛyɛ papa sɛ wɔn a wɔregyam abusua a wɔn biribi awu no remfa adesoa nkɔto wɔn so denam aduan, nsã, ne ebia dabere a wɔbɛpɛ ama wɔn no so. Yehowa nkurɔfo gye di sɛ, “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Enti eye sɛ yɛbɛdwen nea yɛde bɛma abusua a ade atɔ wɔn ani no ho denam Kyerɛwnsɛm mu awerɛkyekye ne honam fam mmoa a yɛde bɛma wɔn no so, sen sɛ yɛbɛdwen nea yebenya afi wɔn hɔ te sɛ aduan, nsã, ne nea wɔde begyigye yɛn ani ho. Sɛ yesusuw nea ɛbɛyɛ a yɛremfa adesoa nto abusua no so ho a, yɛnam so da Kristofo dɔ ne ayamye adi.—Gal. 6:2.
12. (a) Sɛ wosie amu no wie a, dɛn na wɔn a wɔnte Bible mu nokware ase no yɛ? (b) Dɛn nti na nkurɔfo bɔ gua saa, na ntease a ɛne Kristofo gyidi nhyia bɛn na wokura?
12 Mfa Wo ho Nhyɛ Amanne a Wɔyɛ Bere a Wɔasie Amu no Awie Mu: Sɛ wosie amu no a, ɛsono sɛnea wɔn a wɔnte Bible mu nokware ase no yɛ wɔn ade. Wɔbɔ gua kɛse ma abusuafo, afipamfo, ne afoforo hyiam didi, nom nsã, na wɔbɔ nnwom a ano yɛ den saw. Nnipa pii kyerɛ sɛ eyi ne “ayi no ankasa.” Mpɛn pii no sɛ wohyiam saa a, wodidi boro so, wɔnom nsã boro, wɔsaw asabɔne, na wɔyɛ nneɛma a ɛmfata. Nnwom a ano yɛ den no twetwe nnipa pii ma wɔde wɔn ho begye mu ɛmfa ho sɛ wonnim owufo anaa abusua a ade atɔ wɔn ani no. Ebinom kyerɛ sɛ, anigye a ɛte saa no boa ma owu no ho awerɛhow fi wɔn mu. Nanso ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hwɛ yiye efisɛ, nnipa pii gye di sɛ nneɛma a ɛte saa a wɔyɛ bere a obi awu no hyɛ owufo no anuonyam, na ɛma ne honhom nya kwan kɔka ne nananom ho wɔ “asamando.”
13. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de amanne a wɔyɛ bere a wɔasie amu no awie no atoto asɛm a esii a ɛwɔ Exodus 32:1-6 no ho? (b) Kenkan Ɔsɛnkafo 3:1, 4. Dɛn nti na ɛremfata sɛ Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn ho bɛhyɛ adeyɛ a ɛte saa mu? (d) Sɛnea Yohane 17:16 ne 1 Korintofo 10:7 kyerɛ no, dɛn nti na nokware Kristofo renyɛ ayi a ɛte saa anaa wɔrenkɔ nea afoforo yɛ ma awufo no ase?
13 Wɔ nnipa pii adwenem no, ayiyɛ ho amanne yi nyinaa ka wɔn amammerɛ ho. Nanso yɛremfa amammerɛ nyi yɛn ho ano mfa yɛn ho nhyɛ amanne a ennyina Kyerɛwnsɛm so mu da. Sɛ nhwɛso no, na Israelfo no to dwom saw. Nanso bere biara a ɛbɛma wɔde wɔn ho ahyɛ nneyɛe a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam mu no, na ɛsɛe wɔne Yehowa ntam abusuabɔ. (Ex. 32:1-6) Saa ara na asaw ne anigyede a abu so wɔ ayi ahorow ase no nso te. Ɛnyɛ bere a yɛn dɔfo bi awu no na ɛsɛ sɛ yegye yɛn ani bɔ ose. (Ɔsɛnk. 3:1, 4) Nyansa wɔ Kyerɛwnsɛm mu afotusɛm yi mu: “Awerɛhow ye sen ɔserew, na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na koma nam yɛ yiye.” (Ɔsɛnk. 7:3) Esiane sɛ ɔbrasɛe ne atoro nkyerɛkyerɛ bata amanne a wɔyɛ bere a wɔasie amu awie ho nti, nokware Kristofo renyɛ ayi a ɛte saa, na wɔrenkɔ nea afoforo yɛ ma awufo no nso ase. Sɛ yɛtwe yɛn ho fi amanne a ɛte saa ho a, yɛma ɛda adi sɛ ‘yɛnyɛ wiase no fã,’ ne sɛ, yegye nokware Nyankopɔn no tom na yɛkyerɛ obu ma afoforo ahonim.—Yoh. 17:16; 1 Kor. 10:7.
14. (a) Sɛ wosie amu no wie a, gua bɛn na wɔtaa bɔ, na bere bɛn na wɔbɔ saa gua yi? (b) Ahonhonsɛmdi ho adwene bɛn na wɔn a wɔnyɛ gyidifo no wɔ wɔ ayi ne nna a wodi yi ho?
14 Ayi a Ɛto so Abien ne Nna Ahorow a Wodi: Sɛ wosie amu no wie a, abusuafo binom yɛ nea wɔfrɛ no “ayi a ɛto so abien.” Afoforo nso yɛ nhyehyeɛ di nna ahorow de kae owufo no. Sɛ wɔredi nna a ɛte saa a, wɔtaa ma aduan ne nsã, wɔbɔ nnwom, na wonya nsaabɔde no bi ka ho. Ɛwom sɛ ɛsono sɛnea mmusua ahorow di nna yi de, nanso sɛ wosie amu no wie a, wɔtaa de hyɛ adaduanan, adaduɔwɔtwe, anaa bere foforo a ɛware sen saa. Nnipa pii bu ayi a ɛto so abien ne nna a wodi yi sɛ ayiyɛ no fã titiriw, efisɛ wogye di sɛ sɛ wɔanyɛ a, wontumi nnyaw owufo no honhom kwan.
15. (a) Dɛn nti na sɛ ebinom sie amu no wie a, wɔbɔ gua? (b) Asɛmmisa bɛn na afei ɛsɔre?
15 Ebia ayi a obi bɛkɔ anaa wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe nnawɔtwe ahorow bi anaa asram bi akyi bere a wɔasie amu no awie no bɛyɛ te sɛ hokwan a afoforo benya de akyekye abusua a ade atɔ wɔn ani no were. Wobetumi abu no sɛ hokwan a wɔn a wɔantumi amma ayi no ankasa bi no benya de agyaw owufo no kwan. Afoforo nso de hokwan a aguabɔ yi ma wonya no da wɔn a wɔba begyam wɔn anaa wɔboaa wɔn ma wɔyɛɛ ayi no ase. So yebetumi aka sɛ bere dodow a wɔnyɛ abosonsom amanne biara wɔ ayi akyi aguabɔ a ɛte saa ase no, ɛbɛfata sɛ yɛyɛ bi ma asafo no ne abusuafo?
16. (a) Bere a mfomso biara nni ho sɛ Kristoni bi nkutoo bɛkɔ akɔsra nea ne dɔfo bi awu no, dɛn na ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ? (b) Sɛnea 1 Korintofo 10:32, 2 Korintofo 6:17, ne Dwom 97:10 kyerɛ no, dɛn nti na yɛrennyɛ anaa yɛrenkɔ gua a wɔbɔ bere a wɔasie amu no awie no ase?
16 Sɛ wosie amu no wie a, abusuafo kakra a wɔbɛn paa no betumi asi gyinae ahyiam abu ayi no ho ka na wɔahwɛ asiesie mmara kwan so nsɛmnsɛm a owu no ma ɛsɔree no. Bio nso, bere a wɔayɛ ayi no awie no, ebinom betumi de honam fam mmoa anaa Onyankopɔn Asɛm mu awerɛkyekye ama abusua a ade atɔ wɔn ani no. Nanso eyi yɛ onii no ne nea ne biribi awu no nkutoo ntam asɛm a ɛho nhia sɛ asafo mũ no nyinaa de wɔn ho gye mu. Na sɛ ayi no akyi, abusua bi bɔ gua ma asafo no, abusuafo, ne nnamfo nso a, dɛn na ebefi mu aba? Nhyehyɛe a ɛte saa a wɔbɛyɛ no bɛma afoforo asusuw sɛ Yehowa Adansefo wɔ ɔkwan a wɔfa so yɛ wɔn ayi a ɛto so abien anaa wobesusuw sɛ yɛrehyɛ ayi ho fã. Eyi a abusua bi bɛyɛ no bɛto afoforo a wonim Yehowa Adansefo gyidi ne nea wɔkyerɛkyerɛ fa awufo ho no hintidua. (1 Kor. 10:32) Esiane sɛ ayi a ɛto so abien ne nna a wodi kyerɛ sɛ obi gye nananom ahonhom a enwu da di nti, Onyankopɔn asomfo anokwafo mfa wɔn ho nhyɛ biribiara a ɛte sɛ ayi a ɛto so abien ho aguabɔ biara mu. (2 Ko. 6:17) Sɛ yɛyɛ eyi a, yɛkyerɛ ampa sɛ ‘yekyi bɔne’ na yɛdɔ ade a ɛyɛ kronkron, ɛho tew, na ɛteɛ. (Dw. 97:10; Rom. 12:9) Momma yɛn mu biara mfa nnyinasosɛm ahorow a ɛteɛ a yɛaka ho asɛm yi nni dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛhwɛ ama yɛn Kristofo ayi ayɛ korokorowa, ɛnyɛ kyenkyerenn, na nneyɛe a ɛho ntew biara nnim.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nea yɛkyerɛ wɔ ha ne abusuafo a wɔbɛn paa, te sɛ awofo ne wɔn mma.
b Nea yɛkyerɛ wɔ ha ne abusua santen, te sɛ wo sewaa, wo wɔfa, wo papa ne wo maame nuanom mma, ne abusuafo afoforo.