Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 6/1 kr. 3
  • Bɔne​—So Yentumi Nyɛ Ho Hwee?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔne​—So Yentumi Nyɛ Ho Hwee?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Papa ne Bɔne Apereperedi Akodi a Akɔ so Bere Tenten
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • So Papa Bedi Bɔne So Nkonim Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Sɛnea Papa Bedi Bɔne So Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • So Ɛyɛ Afeha a Satan Kɛntɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 6/1 kr. 3

Bɔne​—So Yentumi Nyɛ Ho Hwee?

Abarimaa kumaa bi a ɔrepɛ biribi ahu faa ade bi wɔ fam. Ná ɛyɛ ɔtopae bi a wɔde hyɛ fam, na ɛtow sɛee n’ani dii no dɛm ne nkwa nna nyinaa. Ɔbaatan bi nso kyekyeree ne ba a wawo no foforo de no kɔtoo wura bi a esi kwankyɛn mu. Odwumayɛni bi a wɔayi no adi afi adwumam twee tuo kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no, na ɔtow onipa biara a ohuu no wɔ hɔ tuo kum no, na owiei no, ɔno nso kum ne ho. Ɔbarima bi a wobu no yiye too mmofra a wonnim hwee mmonnaa.

AWERƐHOSƐM ne sɛ bɔne a ɛtete saa abu so wɔ yɛn bere yi so. Nea ɛyɛ awerɛhow koraa ne sɛ, mmusuakuw a wɔretɔre wɔn ase ne amumɔyɛsɛm akɛse a ɛrekɔ so no nti, ɛmma wɔntaa nka bɔne a ɛtete saa a yɛadi kan aka ho asɛm no ho asɛm kɛse. Samufo asɛm bi a wotintimii wɔ afe 1995 mu kae sɛ: “Nea yebetumi aka ara ne sɛ na afeha a ɛto so aduonu no yɛ Ɔbonsam bere. Bere biara nni hɔ wɔ nnipa asetra mu a nnipa ahu akwan a wɔfa so kum nnipa foforo ɔpepem pii saa da. Na nea ɛma wokunkum afoforo ne sɛ wɔne wɔn mfi abusua ne ɔsom biako mu, anaa nnipa mu nyiyim nti.”

Afei nso, nnipa resɛe mframa ne asase, wɔrefom asase so nneɛma, na wɔretɔre mmoadoma mpempem pii nso ase. So nnipa betumi ama wɔagyae saa bɔne yi yɛ, na wɔama wiase yi ayɛ baabi a wobetumi atra asomdwoe mu? Anaasɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw bɔne a ɛrekɔ so no ano a, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde kɛntɛn rekɔ nsu? Ɔbenfo bi a wakyerɛw nsɛm pii afa bɔne ho no kae sɛ: “Mabɔ mmɔden pii sɛ mɛma nsakrae pa aba wiase, nanso, minhu nsakrae biara.” Ebia wo nso wote nka saa ara.

Yebetumi de baabi a wiase no de n’ani akyerɛ no atoto po so hyɛn bi a ɛde n’ani akyerɛ ɛpo a ahum kɛse bi retu wɔ so no ho. Ɛwom sɛ obiara mpɛ sɛ ɔbɛkɔ baabi a ɛte saa de, nanso mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wɔbɛdan po so hyɛn no ani no nyɛ yiye. Kɔ ara na po so hyɛn no rekɔ baabi a ahum kɛse no retu no, na wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye.

Ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ nnipa sintɔ na ama nneɛma kɔ ara na ɛrekɔ so sɛe saa no. (Romafo 3:23) Nanso, sɛ yɛhwɛ sɛnea bɔne a ɛrekɔ so nnɛ no ani sõsõ fa ne baabi a adu no a, yɛrentumi nka sɛ ne nyinaa fi nnipa. So ebetumi aba sɛ ɔbɔnefo bi a aniwa nhu no, na ɔwɔ tumi sen nnipa na ɔrepiapia adesamma ma wɔyɛ bɔne no? Sɛ ɛte saa a, ɔne hena, na yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban afi no ho? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ saa nsɛmmisa yi mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

© Heldur Netocny/Panos Pictures

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena