-
Nkwa So A Wɔkora Wɔ Ɔkɔm Bere MuƆwɛn-Aban—1987 | August 1
-
-
1. Ade a efi nyansa mu bɛn na Yosef yɛe wɔ mmoroso mfe no mu, na dɛn na efii mu bae?
BERE a wɔpaw Yosef sɛ aduan sohwɛfo akyi no, ntɛm ara na ɔkɔsrasraa Misraim asase no so. Ansa na mmoroso mfe no refi ase no, na wayɛ ho nhyehyɛe pɛpɛɛpɛ. Afei asase no bɔɔ n’aduan bebree! Yosef kɔɔ so boaboaa kurow biara mfuw mu nnuan ano, na ɔde siee kurow no mu. Ɔkɔɔ so “boaboaa awi ano pii pa ara sɛ mpoano anhwea de kosii sɛ wogyaee kan, efisɛ na enni ano.”—Genesis 41:46-49.
-
-
Nkwa So A Wɔkora Wɔ Ɔkɔm Bere MuƆwɛn-Aban—1987 | August 1
-
-
4. Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe a “akoa” kuw no yɛ nnɛ no ne nea Yosef yɛe no hyia?
4 ‘Akoa badwemma’ kuw no nkaefo anokwafo no fi Kyerɛwnsɛm no mu yɛ nea wobetumi biara de hwɛ sɛ Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so, ne anigyefo a wɔwɔ wiase no mu, nya honhom fam aduan a egye nkwa no nnɛ. Wobu saa adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa yi sɛ adwuma kronn na wɔyɛ no sɛ ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa. Afei nso, “akoa” no ahyehyɛ asafo ahorow na wɔma eyinom nhoma ahorow a ɛfa Bible ho pii ma enti wɔwɔ Ahenni “aba” a ɛdɔɔso a wobegu wɔ baguam wɔ wɔn nsasesin a wɔde ama wɔn no mu. Eyi ne Yosef bere so de no hyia, bere a ɔboaboaa nkurɔfo no ano wɔ nkurow mu a ɛnyɛ awi a wobedi nko na ɔmaa wɔn na mmom nea wobegu na wɔatwa akyiri yi nso no.—Genesis 47:21-25; Marko 4:14, 20; Mateo 28:19, 20.
5. (a) Ɔkwan titiriw bɛn so na “akoa” no de adwene si ne fifo ahiade so wɔ amanehunu bere mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de honhom fam nneɛma a “ebuu so” wɔ 1986 mu no atoto sɛnea wɔde nnuan mae wɔ Yosef bere so no ho?
5 Sɛ wosiw baguam asɛnka adwuma no ano na wɔtaa Yehowa Adansefo mpo a, ‘akoa nokwafo’ no bu saa honhom mu aduan a wɔde ma yi sɛ adwuma kronn. (Asomafo no Nnwuma 5:29, 41, 42; 14:19-22) Sɛ asiane bi, te sɛ ahum, nsuyiri, ne asasewosow si a, “akoa” no hwɛ sɛ wɔde honam fam mmoa ne honhom fam de nyinaa ma Onyankopɔn fifo no. Wɔde nsɛm a wɔatintim no du wɔn a wɔwɔ adwumayɛban mu mpo nkyɛn daa. Wɔmma aman ntam ahye nsiw honhom fam aduan a wɔde bɛma wɔn a wohia yi ano. Aduan yi a wɔbɛkɔ so de ama gye akokoduru, Yehowa mu gyidi, ne mpɛn pii anifere kwan a wɔbɛfa so. Wɔ 1986 mu nkutoo no, “akoa” no yɛɛ Bible ne nhoma a akyi yɛ den ahorow a ɛboro 43,958,303, a nsɛmma nhoma ahorow 550,216,455 ka ho wɔ wiase nyinaa—“pii pa ara sɛ mpoano anhwea” ampa.
-