Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkwa So A Wɔkora Wɔ Ɔkɔm Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban—1987 | August 1
    • 16. (a) Ɛhe nkutoo na wobenya “aduan” a ɛkora nkwa so nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔatrɛw “awi” a wodua ma adesamma a ɔkɔm de wɔn no mu?

      16 Yehowa nsa nifa so na n’Aduan Sohwɛfo, Ɔhene a mprempren wɔde no asi agua so, Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no te. (Asomafo no Nnwuma 2:34-36) Sɛnea na ɛsɛ sɛ nkurɔfo tɔn wɔn ho sɛ nkoa na wɔatra ase no, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so tra ase no nyinaa ba Yesu nkyɛn, na wɔbɛyɛ n’akyidifo a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn. (Luka 9:23, 24) Sɛnea Yakob maa ne mma no kɔɔ Yosef nkyɛn kɔtɔɔ aduan no, saa ara na Yehowa kyerɛ adesamma a wonu wɔn ho no kwan kɔ ne Dɔba, Yesu Kristo nkyɛn. (Yohane 6:44, 48-51) Yesu boaboa n’akyidifo ano wɔ asafo ahorow a ɛte sɛ kurow mu​—ne dodow boro 52,000 wɔ wiase nyinaa nnɛ​—faako a wɔma wɔn honhom fam aduan di na wɔma wɔn “awi” ne “aba” mmoroso ma wodua wɔ afuw no mu no. (Genesis 47:23, 24; Mateo 13:4-9, 18-23) Yehowa Adansefo yi yɛ adwumayɛfo a wɔwɔ ɔpɛ dɛn ara! Wɔn mu pii fi wɔn pɛ mu reyɛ bere nyinaa akwampae adwuma, na wɔn mu 595,896 a na ɛyɛ dodow a ɛsen biara nyaa adwuma yi a ɛyɛ hokwan yi mu kyɛfa wɔ ɔsram bi mu afe a etwaam no. Sɛ wɔkyekyem a na ɛboro akwampaefo 11 wɔ asafo biara mu!

  • Nkwa So A Wɔkora Wɔ Ɔkɔm Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban—1987 | August 1
    • 21. (a) Hokwan kɛse bɛn na yɛwɔ nnɛ? (b) Dɛn ho na ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma, na ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa de yɛn aseda yi ama?

      21 Ɛnnɛ, wɔ Yosef Kɛse, Yesu Kristo akwankyerɛ ase no, yɛanya hokwan kɛse sɛ wɔaboaboa yɛn ano wɔ asafo ahorow a ɛte sɛ kurow no mu. Yebetumi anya honhom fam nnuan pii adi wɔ hɔ na afei nso yɛagu nokware aba na yɛatrɛw asɛmpa no mu sɛ honhom fam aduan wɔ hɔ. Yɛyɛ eyi ma ɛho ba wɔn a wogye nhyehyɛe a Amansan Sodifo, Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ no tom no mfaso. Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ yɛn Nyankopɔn no de ne Ba, Yosef Kɛse no, ama sɛ akyɛde, na ɔsom sɛ honhom fam aduan Sohwɛfo nyansafo! Ɔno na Yehowa apaw no sɛ ɔnyɛ nkwa so Korafo wɔ honhom mu ɔkɔm bere yi mu. Ɛmmra sɛ yɛn mu biara bɛda nnamyɛ adi wɔ ɔsom kronn mu bere a yedi ne nhwɛso ne n’akanni akyi no!

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena