Anigye Ne Wɔn A Wobehu Sɛ Wɔrewɛn!
“Anigye ne saa nkoa no a owura no ba a obehu sɛ wɔrewɛn.”—LUKA 12:37, New World Translation.
1. Dɛn nti na Yehowa nkoa ‘ahwɛ no kwan’ bere nyinaa, nanso asɛm bɛn na wobetumi abisa afa Kristoman asɔre ahorow no ho?
“YEHOWA yɛ atemmu Nyankopɔn. Anigye ne wɔn a wɔhwɛ no kwan nyinaa.” (Yesaia 30:18, NW) Efi bere a Yehowa bɔɔ ɔtweaseɛ no nkogu a obedi awiei koraa no ne gye a wɔnam Bɔhyɛ Aseni no so begye wɔn ho amanneɛ no, ne nkoa anokwafo ahwɛ saa bɔhyɛ no mmamu kwan. (Genesis 3:15) Nanso so Kristoman asɔfo reboa wɔn asɔre ahorow no mufo ma wɔahwɛ gye a awiei koraa wobegye wɔn afi Satan ne n’asefo nsam no kwan?
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ “aman” no hwɛ “Silo” no kwan?
2 Wɔ Yakob wupa so nkɔmhyɛ no mu no, ɔkae sɛ saa bɔhyɛ Aseni no fi Yuda abusua mu na ɛbɛba. Ɔrefrɛ Aseni no sɛnkyerɛnne kwan so din a ɛne Silo no, Yakob kae sɛ “aman bɛyɛ osetie ama no.” Sɛnea Hela Septuagint Version no kyerɛ no, Silo na “aman no bɛhwɛ no kwan.” (Genesis 49:10) Ɛsɛ sɛ “aman” no hwɛ Silo no kwan kɛse efisɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yakob nanabarima Abraham sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:18) Nanso nea edi kan no na ɛsɛ sɛ Aseni, Silo, anaa Mesia no ba asase so wɔ Abraham asefo mu na wɔwo no wɔ Yuda abusua mu.
Yudafo Nkaefo A Wɔwɛnee
3. Dɛn na Luka ka wɔ Yudafo no akwanhwɛ wɔ 29 Y.B, mu ho, na so abakɔsɛm di eyi ho adanse?
3 Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Luka ka sɛ “Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunnum [29 Y.B.] so,” na na “ɔman no hwa kwan, na wɔn nyinaa susuw wɔn komam sɛ ebia Yohane [Osuboni no] ne Kristo [Hebri, Ma·shiʹach, Mesia] no.” (Luka 3:1, 15) So wiase abakɔsɛm di asɛm a Luka kae yi ho adanse? Emil Sehũrer nhoma, History of the Jewish People in the Age of Jesus Christ no Engiresi de foforo no bisa sɛ: “So saa anidaso [Mesia no akwanhwɛ] yi kɔɔ so ara yɛɛ nea ɛwɔ hɔ wɔ ɔmanfo no mu?” Wɔ mmuaema mu no, ɛka sɛ: “Mfehaha a edi Kristofo bere no anim no fã a etwa to no mu, ne titiriw no, afeha a edi kan Y.B. mu no, ɛbɛyɛɛ noa emu ayɛ den kɛse bio, sɛnea Pseudepigrapha [Yudafo adiyisɛm nhoma], Qumran [Po a Awu no hofo nkyerɛwee], Josephus ne Nsɛmpa no da no adi pefee no. Daniel nhoma no mu anisoadehu ahorow no . . . nyaa tumi kɛse wɔ Mesia ho adwene a wonyae no mu.”
4, 5. (a) Dɛn nti na na Yudafo no rehwɛ Mesia no kwan saa bere no, na ɔkwan bɛn so na wɔasi eyi so dua? (b) Mesia bɛn na na Yudafo pii rehwɛ no kwan, nanso henanom na Yehowa daa Mesia ankasa a ɔreba no adi kyerɛe wɔn?
4 Ɔdenimfo biako reka Mateo 2:2 ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Saa bere yi mu no na wɔrehwɛ kwan kɛse sɛ onipa titiriw bi rebepue wɔ Yudea. Ná Yudafo no de ahopere rehwɛ Mesia no ba kwan. Ɛdenam bere a Daniel kaa ho asɛm (ti ix. 25-27) no ho akontaa a wobui so no, na wonim sɛ bere a ɛsɛ sɛ Mesia no de ba no rebɛn.” Yebetumi aka nso sɛ Romafo abakɔsɛm akyerɛwfo, Suetonius ne Tacitus, ne afei nso Yudafo abakɔsɛm akyerɛwfo, Josephus ne Philo kaa akwanhwɛ yi ho asɛm. Fransefo nhoma, Manuel Biblique a Bacuez ne Vigouroux kyerɛwee (Po 3, kratafa 191) no si eyi so dua, na ɛka sɛ: “Ná nkurɔfo nim sɛ adapɛn aduɔson mfe a Daniel kae no rebɛn n’awiei; anyɛ obiara nwonwa sɛ wɔtee sɛ Yohane Osuboni no reka sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.”
5 Enti abakɔsɛm mu adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yudafo no rehwɛ Mesia, anaa Bɔhyɛ Aseni no ba kwan, ne sɛ na saa akwanhwɛ yi wɔ hɔ esiane sɛ na wɔrewɛn wɔ nkɔmhyɛ bere bi mmamu ho nti.a (Daniel 9:24-27) Ampa, na afeha a edi kan Yudafo no mu pii a na ‘wɔwɔ Yudasom ahorow mu no rehwɛ Mesia a ɔyɛ ɔmansɛmdifo kwan, a sɛnea The Concise Jewish Encyclopedia kae no “ɔbɛsɛe Israel atamfo na ɔde asomdwoe ne pɛyɛ bere a edi mũ aba.” Nanso na Yudafo anokwafo nkaefo bi de anidahɔ rewɛn sɛ wobehu Mesia ankasa no. Eyinom mu binom ne Sakaria ne Elisabet, Osuboni Yohane awofo, ne afei Simeon, Anna, Yosef ne Maria. (Mateo 1:18-21; Luka 1:5-17, 30, 46, 54, 55; 2:25, 26, 36-38) Eyinom mmom, na Yehowa sii nea Daniel nkɔmhyɛ bere no ama wɔatumi ahwɛ kwan no so dua maa wɔn a ɛne Bɔhyɛ Aseni, anaa Mesia no ba, bere a “bere no wiee odu no,” na ɛnyɛ Yudasom mu asɔfo no.—Galatifo 4:4.
Tete Kristofo No Wɛn A Wɔwɛnee
6. Ɔkwan bɛn so na wɔtetee Yudafo mmofra, na ɔkwan bɛn so na eyi boaa ebinom ma wɔbɛyɛɛ Yesu asuafo?
6 Na Yosef ne Maria nim sɛ abofra Yesu a wɔreyɛn no no bɛba abɛyɛ Mesia. Ɛreka ne yɛn ho asɛm no, The New Encyclopaedia, Britannica se: “Ebetumi ayɛ nea ɛda adi kɛse sɛ Yesu nyinii wɔ tebea a nyamesuro wom a ɛwɔ fie ne hyiadan mu no mu (a nea ɛka ho ne Bible adesua, Mmara no so di, mpaebɔ, ne Mesia no ba ho akwanhwɛ) .” Mmofra afoforo a wɔtetee wɔn wɔ Yudafo anokwafo nkaefo no afi mu no yɛ wɔn a wɔde Mesia ho anidaso no hyɛɛ wɔn mu, na anyɛ yiye koraa no akwanhwɛ pa yi maa wɔn mu binom tumi tiee Yesu ɔfrɛ sɛ wɔmmɛyɛ n’asuafo no ntɛm ara.—Marko 1:17-20; Yohane 1:35-37, 43, 49.
7. (a.) So Yesu kyerɛkyerɛe sɛ Ahenni no wɔ Kristofo ankorankoro no mu? (b) Wɔ dɛn ho na na ɛsɛ sɛ Kristofo no kɔ so wɛn?
7 Ɛrekɔ n’asase so som adwuma no awiei no, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnwɛn wɔ ne daakye ‘ba a ɔbɛba’ ne n’Ahenni no ba no ho. Britannica no ka sɛ: “Tete adwen horow a ɛfa wiase awiei, Atemmu a Etwa To, ne Onyankopɔn wiase foforo ho no nyɛ nea wonhu wɔ Yesu nsɛm a ɔkae a wɔakora so wɔ Asɛmpa no atetesɛm mu no mu. Enti, Yesu ansakra Ɔsoro Ahenni no wɔ ɔkwan biara so amma ammɛyɛ ankorankoro ɔdesani kra no nyamesom mu osuahu a wonya na saa ara na wamma Yudafo akwanhwɛ a ɛfa nneɛma a etwa to ho no ammɛyɛ adannandi mu adeyɛ a ɛkɔ so daa wɔ wiase, anaa botae a wɔnam nnipa mmɔdenbɔ so du ho. . . . Wanka anidaso wɔ ɔman mesia mu ho asɛm na wanhyɛ ho nkuran nso . . . na saa ara na wammoa mmɔden a Yudafo a wɔyɛ katee no bɔe sɛ wɔbɛma Onyankopɔn Ahenni no aba ntɛm sen bere a wɔahyɛ no.” Dabi, ɔmaa Kristofo sɛnkyerɛnne a nneɛma pii wom a nea edi kan no, wɔnam so betumi ahu Yerusalem sɛe no bɛn a abɛn, na afei akyiri no wɔate ‘ne ba ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne’ no ase.—Mateo 24:3 kosi 25:46; Luka 21:20-22.
8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu nnye nni sɛ ɛrenkyɛ koraa na waba n’Ahenni mu, enti afotu bɛn na ɔde maa n’akyidifo?
8 Akyinnyegyefo ne mpo Kristoman asɔfo binom ka sɛ na tete Kristofo no gye di sɛ Kristo parousia, anaa ne ba, no bɛba wɔ wɔn bere so. Ebinom ka mpo sɛ na Yesu ankasa gye di sɛ ɛrenkyɛ koraa na waba n’Ahenni mu. Nanso wɔ ne bɛ a ɛfa talente ne mmɛnnaa ho no mu no, Yesu kyerɛe sɛ ɛbɛyɛ ‘bere tenten akyi’ ansa na ɔbɛsan aba wɔ ahenni tumi mu na ɔne ne nkoa a ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa no abebu akontaa. (Mateo 25:14, 19; Luka 19:11, 12, 15) Na wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa ‘ne ba ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne’ ho no mu no, ogye toom sɛ “da ne dɔn ko” a awiei no bɛba de, “ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko.” Ɔde kaa ho sɛ: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.”—Mateo 24:3, 14, 36, 42.
9. So ɔsomafo Paulo ma wonyaa adwene bi sɛ na osusuw sɛ Kristo ba no abɛn wɔ ne bere so? Kyerɛkyerɛ mu.
9 Ɛdefa tete Kristofo no gyidi wɔ Kristo ba no bɛn a abɛn ho no, abenfo bi nhomab ka sɛ: “Fa a wɔbɛfa no sɛ na Paulo rehwɛ parousia no kwan ntɛm ara wɔ 1 Tes. no yɛ nea enni mu ankasa. Wɔ 1 Tes. 5:10 pɛɛ no, Paulo kae sɛ ebetumi aba sɛ obewu. Ebetumi aba sɛ bere a na Paulo reka ‘yɛn’ ho asɛm wɔ 1 Tes. 4:15 ne 17 no na ɔreda no adi sɛ ɔne awo ntoatoaso a etwa to no wɔ biribi yɛ a ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ankasa sɛ ɔka ho.” Wɔ ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no mu no, Paulo kaa no pefee sɛ ɛnyɛ nea n’ani da so sɛ ne nsa bɛka akatua no kosi “ɛda no,” ɛda a ɛyɛ Kristo ‘ahoyi’ wɔ n’Ahenni mu, bere a “obebu ateasefo ne awufo atɛn” no.—2 Timoteo 4:1, 8.
10. Ɔkwan bɛn so na Kristofo ɔwɛn pa bɛyɛɛ nkwagye maa afeha a edi kan Yudea Kristofo no?
10 Bere a na Kristofo no retwɛn Yesu Kristo ba no ne n’Ahenni no nso ba no, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so wɛn. Kristofo anidahɔ pa maa Yudea Kristofo no tumi huu sɛnkyerɛnne a na Yesu de ama wɔ Yerusalem sɛe a ɛrebɛn no ho no. (Luka 21:20-24) Bere a Cestius Gallus sɔre hyɛɛ Yerusalem wɔ 66 Y.B. mu no, Kristofo a wɔrewɛn no de hokwan no dii dwuma bere a ɔsan n’akyi mpofirim ara a wɔanhu nea enti no, na woguan fii kurow no mu ne Yudea mmeae a ɛbemmɛn no nso. Sɛnea tete asɔre no abakɔsɛm akyerɛwfo Hegesippus, Eusebius ne Egiphanius kyerɛ no, Yudea Kristofo no twaa Yordan na wɔkɔɔ baabi a wɔfrɛ no Pella. Wɛn a na wɔrewɛn wɔ honhom mu no gyee wɔn fii owu ne nnomumfa mu bere a Roma asraafo no san bae wɔ 70 Y.B. mu wɔ ɔsahene Tito ase na wɔbɛsɛee Yerusalem no. Hwɛ anigye ara a ebia Kristofo yi nyae sɛ wɔkɔɔ so ara wɛnee!
Kristofo Akwanhwɛ Wɔ 70 Y.B. Akyi
11, 12. Ná dɛn ne adwempa a ɛsɛ sɛ Kristofo nya bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ 70 Y. B. mu no na ɔkwan bɛn so na na eyi bɛbɔ wɔn ho ban?
11 Esiane sɛ na Yesu bɛsan aba wɔ ‘bere tenten bi akyi’ nti, adwempa bɛn na na ɛsɛ sɛ Kristofo nya bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no akyi ne wɔ mfehaha pii no mu kosi bere a awiei no bɛba? So na ɛsɛ sɛ Kristofo akwanhwɛ no ano brɛ ase? Dabi! Ɔsomafo Yohane nkrataa abiɛsa no ne Adiyisɛm yɛ nea ɔkyerɛw ne nyinaa wɔ 70 Y.B. akyi. Wɔ ne krataa a edi kan no mu no, Yohane bɔ kɔkɔ wɔ “antikristo” no ho, na ɔka kyerɛ Kristofo sɛ wɔntra Kristo mu bere a wɔtwɛn Ne “ba” ne N’ahoyi no. (1 Yohane 2:18, 28; 3:2) Wɔ nkrataa abiɛsa no nyinaa mu no, Yohane bɔ kɔkɔ wɔ wɔn a wɔawae no ho. Ɛdefa Adiyisɛm ho no, efi ne mfiase kosi awiei yɛ nea wɔde ka Kristo ba a ɔba n’Ahenni anuonyam mu ho asɛm, a nea edi nea etwa to no anim ne: “Amen, Awurade Yesu, bra!”—Adiyisɛm 22:20.
12 Ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ani da hɔ wɔ parousia no ho. Kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtra ase da biara da a wɔrehwɛ Kristo “ba” no kwan. Ernst Benz a ɔyɛ asɔre abakɔsɛm ho ɔbenfo no kyerɛw sɛ: “Wɔ nneɛma a egye ntɛmpɛ mu no, na ‘nneɛma a etwa to’ ho asɛm no ne nea edi kan ma anokwafo a na wɔwɔ tete asɔre no mu no. Ade titiriw a na wɔn gyidi ne anidaso no fa ho ne Onyankopɔn Ahenni no ba.” Sɛ na ɛyɛ nea Ahenni no remma wɔ wɔn bere so mpo a, na akwanhwɛ ho adwempa yi bɛbɔ Kristofo no ho ban afi tɔ a wɔbɛtɔ nko wɔ honhom mu na wɔde wɔn ho ahyɛ Satan wiase no mu ho.—1 Yohane 2:15-17.
13, 14. Adwen horow abien a ɛtra so bɛn na na ɛwɔ hɔ wɔ Kristofo a na wɔawae wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. mu no mu?
13 Ɛyɛ nokware sɛ bere a ɔwae no mu bɛyɛɛ den wɔ asomafo no wu akyi no, ebinom nyaa adwen horow a ɛnteɛ wɔ Kristo Ahenni mu a ɔbɛba no bɛn a abɛn no ho. Wɔ ne nhoma The Early Church and the World no mu no, C. J. Cadoux ka sɛ: “Ná Irenaenus [afeha a ɛto so abien Y.B. mu] ne Hippolytus [afeha a ɛto so abien awiei ne nea ɛto so abiɛsa no mfiase Y.B. mu] nyinaa susuw sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wobebu bere a awiei no bɛba ho akontaa a nokware bi wom.” Mmerebu a ɛnteɛ maa ebinom susuwii sɛ adesamma abakɔsɛm mu mfirihyia 6,000 no reyɛ atwam, ne sɛ mfirihyia apem a ɛto so ason no abɛn. Wodii mfomso de. Nanso anyɛ yiye koraa no na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn ani ada hɔ wɔ honhom mu.
14 Wɔ ɔkwan foforo so no, Ahenni no ho hia a ehia ne n’akwanhwɛ no ho asɛm fii Kristofo a na wɔawae no pii adwene mu koraa. Theological Dictionary of the New Testament bɔ yɛn amanneɛ sɛ: “Esiane sɛ Plato nyansapɛ adwene ne Stoikfo abrabɔ ho adwene no nyaa wɔn so tumi nti, Kristofo [a wɔyɛ afeha a ɛto so abien ne nea ɛto so abiɛsa no fã a edi kan no asɔre“agyanom”no] amfa Onyankopɔn ahenni ho asɛm no anni dwuma kɛse. Faako a na wɔwɔ nneɛma a etwa to ho adwene kosii biara no, na nea edi mu akoten ne Kristoni biara pɛyɛ ho adwene no. . . . Helafo nsusuwii a ɛfa ɔkra a enwu da, daa nkwa ne nimdeɛ ho no ho hia sen Bible mu asɛm a ɛfa [Onyankopɔn Ahenni] ho no. Saa ara na wɔ Origen nhoma ahorow mu no [bɛyɛ 185-254 Y.B. mu],. . . ɛkame ayɛ sɛ na afã biara nni hɔ mma Bible mu asɛm a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho no.”
15. Bere a ɔwae no mu yɛɛ den no, adwene bɛn na asɔre akɛse no nyae wɔ nkyerɛkyerɛ a efa “Nneɛma a Etwa To” ho no ho?
15 Ne titiriw no, eyi ne adwene a wonyae wɔ mfehaha no mu wɔ nea wɔfrɛ no Kristofo asɔre ahorow no mu. The Encyclopaedia Britannica da no adi sɛ: “Efi Roma ɔhempɔn Konstantino (owui 337) bere so no, gye a wɔagye Kristosom atom wɔ amammuisɛm mu no yɛ nea wɔate ase sɛ ɛyɛ anidaso a anya mmamu wɔ Kristo Ahenni no mu. Daakye nneɛma a etwa to ho adwene no kɔɔ so wɔ sum ase akuw a wɔaka wɔn ahyɛ no mu.” “Ansa na afeha a ɛto so 16 Nyamesom mu ɔsesɛw no reba no, asɔretiafo akuw horow . . . kae sɛ Roman Asɔre no apow nneɛma a etwa to ho mfitiase akwanhwɛ a egye ntɛmpɛ no.”
‘Anigye Ne Wɔn A Wobehu Sɛ Worewɛn’
16. Akuw horow bɛn na epuei wɔ afeha a ɛto so 19 no mu, na dɛn na na ebinom gye di?
16 Esiane sɛ na “Kristofo asɔre akɛse” no nwɛn bio wɔ Kristo ba no ne Ahenni tumi a ne nsa bɛka no ho nti, na wɔn a wɔaka a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa ne wɔn a asɔre ahorow no frɛɛ wɔn “asɔretiafo akuw” no. Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no, akuw a ɛte sɛɛ pii sɔree wɔ nsase a Bible no sua wɔ hɔ ma nnipa a wɔba fam no so. Asɔre atitiriw a na nkyerɛkyerɛ a ɛfa “Nneɛma a Etwa To” ho abɛyɛ nea ɛnkyerɛ hwee mma wɔn no frɛɛ akuw horow yi wɔ animtiaabu mu sɛ Kristo sanbafo anaa mfirihyia apemfo, efisɛ na akuw horow yi rehwɛ Kristo ahoyi a ɛto so abien no kwan na na wogye di sɛ bere adu sɛ Kristo di hene mfirihyia apem. Akuw horow yi pii hwɛɛ kwan sɛ Kristo bɛsan aba asase so na ɔde ne mfirihyia apem Ahenni no abesi hɔ. Ebinom buu akontaa sɛ Kristo ahoyi a ɛto so abien no bɛba 1835 mu (Irvingfo a na wɔwɔ England) , 1936 (Bengel akyidifo a na wɔwɔ Germany) , 1843 (Miller akyidifo a na wɔwɔ United States) ne 1889 (Mennonfo kuw bi a na ɛwɔ Rusia) .
17, 18. Kristoman asɔre akɛse no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho, nanso dɛn na Yesu kae sɛ ‘ɔba’ a ɔbɛpɛ sɛ ohu?
17 Sɛnea wobɛhwɛ kwan no, “Kristofo asɔre akɛse” no dii ahurusi bere a ɛbɛdaa adi sɛ nkɔmhyɛ ahorow yi yɛ atoro no. Sɛnea ɛte no, Katolekfo, Ortodoksfo ne Protestantfo Asɔre atitiriw no anyɛ mfomso a ɛte saa. Wɔ wɔn fam no, na nkyerɛkyerɛ a ɛfa “Nneɛma a Etwa To” ho no yɛ nea “ɛnkyerɛ hwee.” Ná wɔagyae ‘wɛn’ fi bere tenten.—Marko 13:37.
18 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Anigye ne saa nkoa no a owura no ba a obehu sɛ wɔrewɛn! Hena ara ne ofiepanyin nokwafo, nea ɔyɛ ɔbadwemma no a ne wura bɛma wadi ne fifo so na wama wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de ɛbere a ɛsɛ mu no? Anigye ne saa akoa no a sɛ ne wura ba a obehu sɛ ɔreyɛ saa!”—Luka 12:37-43, NW.
19, 20. (a) Kuw bɛn na epuei wɔ 1870 mfe na mu na dɛn nti na wɔtwee wɔn ho fii akuw afoforo ho? (b) Nsɛmma nhoma bɛn na ɛbɛyɛɛ kuw yi adwinnade titiriw, na ɔkwan bɛn so na nsɛmma nhoma yi aboa nokware Kristofo a wɔn dodow rekɔ anim?
19 Wɔn a na wɔka wɔn a wɔfrɛ wɔn asɔretiafo akuw a na wɔrewɛn wɔ Kristo sanba ho sɛnkyerɛnne no ho no ho wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei mu hɔ ne Bible asuafo kuw bi a Charles Russell da wɔn ano wɔ Pittsburgh, United States no. Russell kyerɛwee sɛ: “Efi 1870 besi 1875 yɛ bere a ɔdom ne nimdeɛ ne Onyankopɔn ne n’Asɛm no ho dɔ nyaa nkɔso bere nyinaa. Nanso, saa bere no na afei na yɛrenya Onyankopɔn nhyehyɛe ho adwene, ná yɛregyae mfomso ahorow pii a wɔagye atom bere tenten no. . . .Yedi awerɛhow kɛse wɔ Second Adventfo a na wɔrehwɛ Kristo kwan wɔ honam mu mfomso no ho.”
20 Russell ne ne mfɛfo no tee ase ntɛm ara sɛ Kristo ba no bɛyɛ nea aniwa nhu. Wɔtwee wɔn ho fii akuw afoforo no ho na wɔ 1879 mu no, wofii ase daa honhom mu aduan adi wɔ Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence no mu. Efi afe a edi kan a wotintimii no so no, nsɛmma nhoma yi de Kyerɛwnsɛm mu akontaabu a emu da hɔ twee adwene sii 1914 so sɛ bere a ɛkyerɛ biribi wɔ Bible mmerebu mu. Enti bere a Kristo ba a waba wɔ honhom mu no fii ase wɔ 1914 mu no, Kristofo yi ani gyei sɛ wɔahu wɔn sɛ wɔrewɛn! Wɔ nea ɛboro mfirihyia ɔha mu no, nsɛmma nhoma yi a mprempren wɔfrɛ no Ɔwɛn-Aban—Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no aboa nokware Kristofo a wɔn dodow rekɔ anim bere nyinaa ma ‘wɔakɔ so ahwɛ’ na ‘wɔawɛn’ nso. (Marko 13:33) Yebesusuw ɔkwan a wɔafa so ayɛ eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nkɔmhyɛ bere yi ho asɛm pii no, hwɛ “Let Your Kingdom Come” nhoma no nkratafa 58-66.
b The New International Dictionary of New Testament Theology, Po 2, kratafa 923.
Ntĩmu Nsemmisa Ahorow Bi
◻ Dɛn na edi afeha a edi kan Yudafo no Mesia akwanhwɛ ho adanse?
◻ Ɔkwan bɛn so na wɛn a Yudea Kristofo wɛnee no boaa wɔn?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɔwae no kãa Kristofo akwanhwɛ no?
◻ Akoa bɛn na Kristo bɛpɛ sɛ ohu na bere a awiei no bɛn no?
◻ Kristofo kuw bɛn na na wɔreyɛ saa, na nsɛmma nhoma bɛn na ɛboaa wɔn ma wɔyɛɛ saa?
[Kratafa 12 mfoni]
Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi awɛn bere nyinaa